Twerɛnsɛm
Mormon 8


Ti 8

Lamanfoɔ no hwehwɛ Nifaefoɔ no asɛe wɔn—Mormon Nwoma no nam Onyankopɔn tumi so bɛba—Musuo bɛba wɔn a wɔhome abufuo ne akasakasa tia Awurade adwuma no—Nifaefoɔ twerɛtohɔsɛm no bɛba ɛda a atirimuɔdensɛm, abɔnesɛm ne gyedie ahweaseɛ mmerɛ no mu. Bɛyɛ mfinhyia 400–421 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Monhwɛ me, Moronae mewie m’agya Mormon ho asɛm twerɛ. Monhwɛ, mewɔ nneɛma kakra ara bi mmom twerɛ, nneɛma a m’agya ahyɛ me no.

2 Na afei ɛbaa sɛ Kumora ɛko kɛseɛ a emu yɛ den no akyire yi no, monhwɛ, Nifaefoɔ no a wɔgye wɔn ho dwane kɔɔ ɔman a ɛwɔ anaafoɔ afa mu hɔ no, Lamanfoɔ no kɔhwehwɛɛ wɔn, kɔsii sɛ wɔsɛe wɔn nyina ara.

3 Na wɔkumm m’agya nso, na me nko ara mpo na ɛkaa me a meretwerɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ yaayaa yi ho nsɛm. Mmom monhwɛ, wɔkɔ, na merehyɛ m’agya mmaransɛm no ma. Na sɛ wɔbɛkum me a, mennim.

4 Ɛno nti mɛtwerɛ na mede twerɛtohɔsɛm no asie fam; na baabi a mɛkɔ deɛ ɛmfa ho.

5 Monhwɛ, m’agya na ɔtwerɛɛ saa nsɛm yi, na watwerɛ adekorɔ a ɛfa ho. Na monhwɛ, sɛ ɛkwan wɔ mprɛte no so a anka me nso mɛtwerɛ, na mmom ɛkwan nni so; na menni dadefuturo nso, ɛfiri sɛ aka me nko ara. Wɔakum m’agya wɔ ɛko mu, ne m’abusuafoɔ nyina ara, na menni ayɔnkofoɔ biara, ɛna menni baabi a mɛkɔ; na mmerɛ tentene a Awurade bɛma matena ase no deɛ mennim.

6 Monhwɛ, mfinhyia ahanan abɛtwa mu kɔ, fiti Awurade a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no mmaɛ no mu.

7 Na monhwɛ, Lamanfoɔ no hwehwɛɛ me nkurɔfoɔ Nifaefoɔ no, pamoo wɔn firi kuropɔn baako mu kɔɔ kuropɔn baako nso mu; firi baabi baako so kɔ baabi baako so, kɔsi sɛ mpo wɔn mu biara anka; na wɔ ahweaseɛ yie; aane, me nkurɔfoɔ Nifaefoɔ sɛee no nso, na ɛyɛ nnwa.

8 Na monhwɛ, ɛyɛ Awurade nsa na ayɛ sei. Na monhwɛ nso, sɛ Lamanfoɔ no ne wɔn ho wɔn ho reko; na awudie ne mogya hwieguo rekɔ so wɔ asaase yi ani so nyina ara; na obi ara nnim mmerɛ a ɛko no bɛba awieɛ.

9 Na afei, monhwɛ, merenka biribiara a ɛfa wɔn ho bio, ɛfiri sɛ wɔn mu biara nni hɔ bio, gye sɛ Lamanfoɔ ne adwotwafoɔ no nko ara na wɔte nkwa mu wɔ asaase no ani so.

10 Na obiara nni hɔ a ɔnim Onyankopɔn nokwarefoɔ no, gye sɛ Yesu akyidifoɔ no nko ara, wɔn a na wɔwɔ asaase no so kɔsi sɛ nkurɔfoɔ no atirimuɔdensɛm yɛɛ kɛseɛ maa Awurade ampɛ sɛ wɔbɛka nkurɔfoɔ no hɔ; na sɛ wɔwɔ asaase yi ani so deɛ a, obiara nnim.

11 Mmom monhwɛ, m’agya ne me deɛ yɛahunu wɔn, na wɔasom yɛn.

12 Na obiara a ne nsa bɛka twerɛtohɔsɛm yi, ɔmmu no animtia na ɛnam nneɛma a ɛtɔ sini wɔ mu nti no, saa nipa korɔ no na ɔbɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛkyɛn yeinom mpo. Monhwɛ, me ne Moronae; na sɛ anka ɛbɛyɛ yie a, anka mɛda nneɛma nyina ara adi akyerɛ mo.

13 Monhwɛ, mede me nsɛm a ɛfa nkurɔfoɔ yi ho no aba awieɛ. Meyɛ Mormon babarima, na m’agya yɛ Nifae aseni.

14 Na me ara mene deɛ ɔde twerɛtohɔsɛm yi sie maa Awurade no; mprɛte a ɛwɔ so no ho nni mfasoɔ, ɛnam Awurade mmaransɛm no nti, ɛfiri sɛ ɔkaa no nokware mu sɛ ɛnsɛ sɛ obiara nsa ka na ɔde pɛ mfasoɔ; na mmom twerɛtohɔsɛm a ɛwɔ so no ɛsombo yie; na obiara a ɔde bɛba ɛhan mu no Awurade bɛhyira no.

15 Na obiara nni tumi sɛ ɔde pue ɛhan mu, gye sɛ Onyankopɔn de ma no; ɛfiri sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛba mu wɔ ahofama mu wɔ n’animuonyam mu, anaa sɛ tetefoɔ no ne wɔn a Awurade ne nkurɔfoɔ apam no a wɔabɔ ahweteɛ dadaada no yiedie mu.

16 Na nhyira ne deɛ ɔde saa adeɛ yi bɛba hann mu; ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ wɔde firi esum mu pue ɛhan mu sɛdeɛ Onyankopɔn asɛm teɛ no; aane, wɔbɛyi afiri asaase mu, na ɛbɛhyerɛn wɔ esum mu, na ɛbɛma nkurɔfoɔ no anya ho nimdeɛ; na ɛnam Onyankopɔn tumi so na ɛbɛba.

17 Na sɛ mfomsoɔ wɔ mu a na ɛyɛ nnipa mfomsoɔ. Na mmom monhwɛ, yɛnnim mfomsoɔ biara; nanso Onyankopɔn deɛ ɔnim adeɛ nyina ara; ɛno nti obiara a ɔbɛbu no animtia no, ma ɔnhunu sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yie na wɔankɔ asamando gya no mu.

18 Na deɛ ɔbɛka sɛ: Fa kyerɛ me, anyɛ saa mɛbo wo no—ma ɔnhwɛ yie na wɔanhyɛ deɛ Awurade abra no.

19 Na monhwɛ, deɛ ɔbu atɛn ntɛm no, ɔbɛbu ɔno nso atɛn ntɛm bio; na sɛdeɛ ne nwuma teɛ no saa ara nso na n’akatua nso bɛyɛ; ɛno nti, deɛ ɔbɛbo ne yɔnko no Awurade nso bɛbo ɔno nso mmerɛ bi.

20 Monhwɛ deɛ twerɛsɛm no ka—ma nipa mmɔ ne yɔnko anaa sɛ mma ɔmmu atɛn; ɛfiri sɛ atɛmmuo yɛ me deɛ, Awurade na ɔseɛ, na awerɛtɔ yɛ me deɛ nso, na mede so akatua bɛma.

21 Na deɛ ɔbɛhome abufuhyeɛ na akasakasa atia Awurade adwuma no, na watia Awurade apam mma a wɔyɛ Israel fiefoɔ no, na ɔbɛka sɛ: Yɛbɛsɛe Awurade adwuma no, na Awurade renkae apam a ɔne Israel fiefoɔ no afa no—saa nipa no nhwɛ yie na wantwa no anto angu ogya mu;

22 Na Awurade botaeɛ a ɛnniawieɛ bɛkɔ so asi, akɔsi sɛ ne bɔhyɛ no bɛhyɛ ma.

23 Hwehwɛ Yesaia nkɔmhyɛ no mu yie. Hwɛ, merentumi ntwerɛ. Aane, hwɛ, mese wo sɛ, saa ahoteɛfoɔ no a wɔadi m’anim kan kɔ no, wɔn a na wɔwɔ asaase yi so no bɛsu, aane, wɔbɛsu afrɛ Awurade afiri mfuturo mu mpo; na sɛ Awurade te ase yi, ɔbɛkae apam a ɔne wɔn afa no.

24 Na ɔnim sɛ wɔn mpaebɔ a wɔbɔɔɛ no, wɔbɔ maa wɔn nuanom. Na ɔnim wɔn gyedie, ɛfiri sɛ ne din mu na wɔtumi tutuu mepɔ; na ne din mu no na wɔtumi maa asaase wosoɛ; na ɛnam tumi a ɛwɔ n’asɛm mu na wɔmaa adan a ɛwɔ efiease dwiri guu fam aane, foonoo gyatanaa mpo antumi annhye wɔn, anaa sɛ kwaɛ mu moa akɛseɛ anaa sɛ ɔwɔ a wɔn ano yɛ ɛborɔ antumi anyɛ wɔn hwee, ɛnam tumi a ɛwɔ n’asɛm mu no nti.

25 Na hwɛ, wɔbɔɔ mpaɛ nso maa deɛ Awurade bɛma ɔde saa nneɛma yi aba no.

26 Na ɛnhia sɛ obiara bɛka sɛ saa nneɛma yi remma, na ɛbɛba ampa ara, ɛfiri sɛ Awurade na aka; na ɛnam Awurade nsa so na ɛbɛfiri asaase mu aba, na obiara rentumi nsi no kwan; na ɛbɛba, wɔ mmerɛ bi mu a wɔbɛka sɛ nkɔnyaa agyae sie; na ɛbɛba mpo te sɛdeɛ obi rekasa firi awufoɔ mu no.

27 Na ɛbɛba ɛda a ahoteɛfoɔ mogya bɛsu afrɛ Awurade, ɛnam kokoa mu kuo ne esum mu nwuma nti.

28 Aane, ɛbɛba wɔ ɛda a nkurɔfoɔ adwene bɛyɛ wɔn sɛ Onyankopɔn tumi nni hɔ, na wɔbɛgu asɔre ho fii na wɔama wɔn ho so ahomasoɔ mu wɔ wɔn akoma mu; aane, wɔ ɛda mpo a asɔre mu mpaninfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bɛma wɔn ho so ahomasoɔ mu wɔ wɔn akoma mu, ama wɔn a wɔwɔ wɔn asɔre mu no mpo ani abere wɔn.

29 Aane, ɛbɛba ɛda a nkurɔfoɔ bɛte egya ne ahum nka, ne ɛbɔ a nwusie wɔ mu wɔ nsaase foforɔ so;

30 Na nkurɔfoɔ bɛte akokoakoko ne ɛko ho huhuhuhu, ne asaase wosoɔ nka wɔ meamea.

31 Aane, ɛbɛba wɔ ɛda a efii kɛseɛ ahyɛ asaase ani so ma; na awudie, ne adwotwa ne atorɔdie, ne naadaa, ne adwamanmɔ, ne akyiwasɛm ahodoɔ nyina ara bɛba; ɛda a dodoɔ no ara bɛka sɛ, Yɛ sei, anaa sɛ saa, na ɛnyɛ hwee, ɛfiri sɛ Awurade bɛto saa nkurɔfoɔ no so wɔ ɛda ɛdi akyire no mu. Mmom mmusuo nka saa nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔwɔ bɔnwono nwononwono mu ne amumuyɛ mpokyerɛ mu.

32 Aane, ɛbɛba wɔ ɛda a wɔatete asɔre na wɔbɛka sɛ: Bra me hɔ, na fa wo sika bɛsesa wo bɔne na wɔde bɛkyɛ wo.

33 O mo, atirimuɔdenfoɔ a mo amane afiri papa ho, ne ɛkɔnseneɛfoɔ adɛn nti na mo atete asɔre asɔre de repɛ mfasoɔ yi? Adɛn nti na moasesa Onyankopɔn asɛm kronkron yi, ama mo de afɔbuo reba mo akra so yi? Monhwɛ, momfa mo ho nto Onyankopɔn adeyisɛm no so; na monhwɛ, saa da no ne mmerɛ a ɛbɛba ama saa nneɛma yi nyina ara ahyɛ ma.

34 Monhwɛ, Awurade ayi nneɛma a ɛyɛ nnwanwa yie na ɛyɛ akɛseɛ a ɛfa deɛ ɛrenkyɛre na aba no akyerɛ me, ɛda no a saa nneɛma yi bɛba wɔ mo mu no.

35 Monhwɛ, mekasa kyerɛ mo sɛdeɛ mo wɔ ha, nanso monni ha. Mmom monhwɛ, Yesu Kristo de mo akyerɛ me, na menim mo dwumadie.

36 Na menim sɛ ekuunte wɔ mo akoma mu ahomasoɔ so; na obiara nni hɔ, gye sɛ mo mu kakra ara bi na wɔmemaa wɔn ho so wɔ ahomasoɔ mu, a wɔ hyehyɛɛ ntadeɛ fɛɛfɛɛ, maa wɔkɔɔ anibereɛ mu, ne akasakasa mu, ne adwene bɔne, ne ataataa, ne amumuyɛ ahodoɔ nyina ara mu; ne mo asɔre mma, aane, mpo obiara, ho agu fi ɛnam ahomasoɔ a ɛwɔ mo akoma mu no nti.

37 Na monhwɛ, modɔ sika, ne mo ahodeɛ, ne mo ntaadeɛ fɛɛfɛɛ, ne mo asɔre mu asiesie, kyɛn sɛdeɛ modɔ ahiafoɔ ne mɔborɔwa, ayarefoɔ ne amanehunufoɔ.

38 O mo a moagu mo ho fii, mo nyaatwomfoɔ, mo akyerɛkyerɛfoɔ a motɔn mo ho de gye deɛ ɛbɛsɛe mo din, adɛn nti na moagu Onyankopɔn asɔre ho fii? Adɛn nti na mo fɛre sɛ mode Kristo din bɛto mo ho so? Adɛn nti na mo nnwene nnhunu sɛ anigyeɛ a ɛnni awieɛ no sombo kɛseɛ kyɛn mɔborɔyɛ a ɛntwa da no—ɛnam wiase ayɛyie nti anaa?

39 Adɛn nti na mode deɛ nkwa nni mu hyehyɛ mo ho, na ne nyina ara akyiri no mo hwɛ ma wɔn a ɛkɔm de wɔn, ne mmɔborɔwa, ne wɔn a wɔda adagya, ne ayarefoɔ ne amanehunufoɔ twa mo ho kɔ a mo yɛ sɛdeɛ mo nhunu wɔn no?

40 Aane, adɛn nti na mohyehyɛ kokoa mu akyiwasɛm to hɔ de pɛ mfasoɔ na mo ma akunafoɔ di suu wɔ Awurade anim, na nyanka nso di suu wɔ Awurade anim, na wɔn agyanom ne wɔn nanom mogya nso su firi asaase mu kɔ Awurade hɔ, ma awerɛtɔ gu mo atifi yi?

41 Monhwɛ, awerɛtɔ akofena no sensɛn mo so; na ɛrenkyɛre biara na ɔde ahoteɛfoɔ mogya no ho akatua aba mo so, ɛfiri sɛ ɔremma kwan ma wɔnsu bio.