Twerɛnsɛm
Mormon 7


Ti 7

Mormon to nsa frɛ Lamanfoɔ no sɛ wɔnnye Kristo nni wɔ nna a ɛdi akyire yi, na ɔnnye ne asɛmpa no nto mu, na ɔbɛgye wɔn nkwa—Wɔn a wɔgye Twerɛ Kronkron no die no bɛgye Mormon nwoma no nso adi. Bɛyɛ mfinhyia 385 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei, monhwɛ merebɛka biribi akyerɛ nkurɔfoɔ nkaaɛ yi a wɔankum wɔn no, sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn de me nsɛm no bɛma wɔn ama wɔahunu nneɛma a ɛfa wɔn agyanom ho a; aane, mekasa kyerɛ mo, mo Israel fiefoɔ nkaaɛ; na yei ne nsɛm a merebɛka.

2 Monhunu sɛ moyɛ Israel fiefoɔ.

3 Monhunu sɛ ɛwɔ sɛ mosakyera, anyɛ saa a ɔrennye mo nkwa.

4 Monhunu sɛ, ɛsɛ sɛ mode mo akodeɛ gu fam, na momma mo ani nnye sɛ mobɛka mogya agu bio, na monnsan mmfa akodeɛ bio, gye sɛdeɛ Onyankopɔn bɛhyɛ mo no.

5 Monhunu sɛ ɛsɛ sɛ monya mo agyanom nimdeɛ no bi, na mo sakyera firi mo bɔne nyina ara ne mo amumuyɛ ho, na mo gye Yesu Kristo di sɛ ɔno ne Onyankopɔn Ba no, na Yudafoɔ na wɔkumm no, na ɔnam Agya no tumi so asɔre bio, ɛno ama no adi adakamena so nkonim; na ne mu nso na ɔbɛmene owuo ano borɔ.

6 Na ɔmaa awufoɔ wusɔreɛ baae, ɛno mu na nnipa bɛnyane ama wakɔgyina n’atɛmmuo-adwa no anim.

7 Na wama dima aba wiase, ɛno na sɛ obiara a ɔbɛhunu sɛ ɔnnifɔ wɔ n’anim wɔ atɛmmuda no mu no, wɔbɛma no kwan sɛ ɔnkɔtena Onyankopɔn nkyɛn wɔ n’aheman no mu, na ɔne ɔsoro adwontofoɔ kuo no ato ayɛyinwom a ɛnsi da de ama Agya no, ne ɔba no, ne Honhom Kronkron no, a wɔbɔ mu yɛ baako wɔ anigyeɛ a ɛnsi da mu.

8 Ɛno nti monsakyera, na wɔmɔ mo asu wɔ Yesu din mu, na monsɔ Kristo nsɛmpa no mu na moni so, deɛ ɔde bɛto mo anim no, nnyɛ deɛ ɛwɔ twerɛtohɔsɛm yi mu no nko ara, na mmom twerɛtohɔsɛm nso a ɛbɛfiri Yudafoɔ hɔ aba Amanamanmufoɔ hɔ no nso, saa twerɛtohɔsɛm no a ɛbɛfiri Amanamanmufoɔ no nso hɔ aba mo hɔ no.

9 Na monhwɛ, wɔatwerɛ yei ama mo sɛ mobɛgye ɛno nso adi; na sɛ mogye ɛno di a, mobɛgye yei nso adi; na sɛ mo gye yei di a mobɛhunu deɛ ɛfa mo agyanom ho, ne anwanwadeɛ bebree a wɔnam Onyankopɔn tumi so yɛɛ wɔ wɔn mu.

10 Na mobɛhunu nso sɛ moyɛ Yakob asefoɔ nkaaɛ; ɛno nti wɔakan mo afera nkurɔfoɔ a wɔyɛ apam a ɛdikan no ho; na sɛ ɛte saa sɛ mogye Kristo di a, na wɔdi kan de nsuo bɔ mo asu, na akyire yi wɔde egya ne Honhom Kronkron, sɛdeɛ Agyenkwa no yɛ de yɛɛ nhwɛsoɔ no a, sɛdeɛ wahyɛ yɛn no, ɛbɛsi mo yie wɔ atɛmmuo da no mu. Amen.