Twerɛnsɛm
Mormon 3


Ti 3

Mormon bɔ nsakyeraɛ ho dawuro kyerɛ Nifaefoɔ no—Wɔdi nkonim kɛseɛ na wɔnya animuonyam wɔ wɔn ankasa wɔn mmɔdenmɔ mu—Mormon ampene so sɛ ɔdi wɔn anim, na ne mpaeɛ a ɔbɔ ma wɔn no gyedie nni mu—Mormon Nwoma no to nsa frɛ Israel abusua dumienu no sɛ wɔnye asɛmpa no ni. Bɛyɛ mfinhyia 360–362 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no ne wɔn ammɛko bio kɔsi sɛ mfie du san bɛtwaa mu kɔɔe. Na monhwɛ, memaa me nkurɔfoɔ Nifaefoɔ no siesiee wɔn nsaase ne wɔn akodeɛ de twɛnn ɛko mmerɛ.

2 Na ɛbaa sɛ Awurade see me sɛ: Ka kyerɛ nkurɔfoɔ yi sɛ—Monsakyera, na mommra me hɔ, na wɔmmɔ mo asu, na monte m’asɔre no bio, na wɔde mo nkwa bɛkyɛ mo.

3 Na meteaa mu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ yi, nanso ne nyina ara yɛɛ kwa; na wɔanhunu sɛ Awurade na ɔde wɔn nkwa kyɛɛ wɔn, na ɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnsakyera. Na monhwɛ wɔyɛɛ wɔn akoma den tiaa Awurade wɔn Nyankopɔn.

4 Na ɛbaa sɛ, mmerɛ a saa mfie du yi twaa mu no, maa ne nyina ara ka bɔɔ mu ma no bɛsii mfie ahasa ne aduosia fiti Kristo mmaɛ akyiri no, Lamanfoɔ hene no soma maa wɔde krataa brɛɛ me, maa mehunuu sɛ wɔreyɛ ahoboa ne yɛn abɛko bio.

5 Na ɛbaa sɛ mekakyerɛɛ me nkurɔfoɔ no sɛ wɔmmoa wɔn ano wɔ Amanfo asaase no so nkɔ kuropɔn no a ɛwɔ ɛhyeɛ no so no, a ɛda ɛkwan teatea no a ɛkɔ anafoɔ afam no so.

6 Na ɛhɔ na yɛne yɛn asraafoɔ no kɔguiɛ, ama yɛasi Lamanfoɔ asraafoɔ no kwan, ama yɛn nsaase no mu biara ankɔdi wɔn nsa mu; ɛno nti yɛde yɛn ahoɔden nyina ara bɔɔ yɛn ho ban.

7 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so ahasa ne aduosia baako mu no, Lamanfoɔ no baa kuropɔn Amanfo no so sɛ wɔne yɛn rebɛko; na ɛbaa sɛ saa afe no mu no, yɛdii wɔn so nkunim, ara maa wɔsan kɔɔ wɔn ankasa nsaase so bio.

8 Na afe a ɛtɔ so ahasa ne aduosia mmienu mu no; wɔbaa bio sɛ wɔne yɛn rebɛko, na yɛdii wɔn so nkunim bio, na yɛkumm wɔn mu bebree, na yɛtoo wɔn a wɔawuwuo no guu po mu.

9 Na afei ɛnam saa ade kɛseɛ yi a me nkurɔfoɔ Nifaefoɔ yɛɛe nti no; wɔhyɛɛ aseɛ de wɔn ankasa wɔn ahoɔden tuu wɔn ho, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔredi nse wɔ ɛsoro anim sɛ wɔbɛtua wɔn nuanom a wɔn atamfo akum wɔn no mogya so ka.

10 Na wɔde ɛsoro ne Onyankopɔn ahennwa nso dii nse sɛ wɔbɛkɔ na wɔ ne wɔn atamfoɔ akɔko, na wɔbɛyi wɔn afiri asaase ani so.

11 Na ɛbaa sɛ me, Mormon, ampene korakora sɛ mɛyɛ saa nkurɔfoɔ yi kandifoɔ ne wɔn sahene fiti saa mmerɛ yi rekɔ, ɛnam wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm nti.

12 Monhwɛ, wɔn atirimuɔdensɛm nyina ara akyiri no madi wɔn anim, madi wɔn anim mprɛ bebree ne wɔn akɔ ako, na mede makoma nyina ara adɔ wɔn sɛdeɛ Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ me mu teɛ; na mede me kra nyina ara abɔ mpaeɛ akyerɛ Onyankopɔn ɛda muu no nyina ara ama wɔn; nanso gyedie nni mu, ɛnam wɔn akomaden nti.

13 Na magye wɔn afiri wɔn atamfo nsa mu mprɛnsa, na wɔansakyera amfirii wɔn bɔne ho.

14 Na mmerɛ a wɔde deɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo abra wɔn no nyina ara adi nse sɛ wɔbɛkɔ na wɔne wɔn atamfo akɔko, na wɔatɔ wɔn so werɛ wɔ wɔn nuanom mogya nti no, monhwɛ Awurade nne baa me hɔ sɛ:

15 Awerɛtɔ yɛ me ara ankasa me deɛ, na mɛtua so ka; na ɛnam sɛ saa nkurɔfoɔ yi ansakyera wɔ mmerɛ a megyee wɔn akyire yi no, monhwɛ, wɔbɛyi wɔn afiri asaase ani so.

16 Na ɛbaa sɛ mampene so koraa sɛ mɛkɔ ne m’atamfo akɔko, na mpo meyɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me no pɛpɛɛpɛ; na meyɛɛ me ho nhwɛhaa sɛ mede bɛkyerɛ wiase wɔ nneɛma a mahunu ne deɛ mateɛ, sɛdeɛ honhom no a wɔadi nneɛma a ɛbɛba no ho adanseɛ no yikyerɛ teɛ.

17 Ɛno nti metwerɛ de ma mo Amanamanmufoɔ, ne mo Israel fiefoɔ nso sɛ, sɛ dwumadie no hyɛ aseɛ a, mo bɛhyɛ aseɛ aboaboa mo ho sɛ mobɛsan mo akyiri akɔ mo agyapadeɛ asaase no so;

18 Aane, monhwɛ, metwerɛ de ma wiase ano nyina ara; aane, de ma mo Israel abusua dumienu no; mo ne dumienu no a Yesu yii mo sɛ n’akyidifoɔ wɔ Yerusalem asaase so no, wɔbɛbu mo atɛn sɛdeɛ mo nwuma teɛ.

19 Na metwerɛ nso de ma nkurɔfoɔ yi asefoɔ nkaaɛ nso a dumienu no a Yesu yii wɔn wɔ asaase yi so no na wɔbɛbu wɔn atɛn; na dumienu foforɔ no nso a Yesu yii wɔn wɔ Yerusalem asaase so no bɛbu wɔn atɛn.

20 Na saa nneɛma yi na Honhom no daa no adi kyerɛɛ me; ɛno nti metwerɛ de ma mo nyina ara. Na yei nti na metwerɛ ma mo ama moahunu sɛ ɛsɛ sɛ mo nyina ara gyina Kristo atɛmmuo-adwa no anim, aane, ɔkra biara a ɔka Adam abusuakuo ho no; na ɛsɛ sɛ mogyina hɔ ma wɔbu mo atɛn wɔ mo nwuma ho, sɛ ɛyɛ anaa sɛ ɛnyɛ;

21 Na ama moagye Yesu Kristo asɛmpa no nso a mo nsa bɛka wɔ mo mu no adi, sɛ ɛbɛyɛ a Yudafoɔ no nso a wɔyɛ Awurade nkurɔfoɔ a wɔne wɔn afa apam no bɛnya adansefoɔ foforɔ aka ne ho, wɔn a wɔhunuuɛ na wɔteeɛ, sɛ Yesu a wɔkumm no no, ɔno ara na ɔyɛ Kristo na ɔyɛ Nyankopɔn korɔ no ara nso.

22 Na mepɛ sɛ medɛfɛdɛfɛ asaase ano nyina ara ma wɔsakyera na wɔayɛ ahoboa de agyina Kristo atɛmmuo-adwa no anim.