Twerɛnsɛm
Mormon 5


Ti 5

Mormon di Nifaefoɔ asraafoɔ no anim kɔ ɛko a ɛyɛ mogya ne nnipa kum.—Mormon nwoma no bɛba ama Israel nyina ara agye adi sɛ Yesu ne Kristo no—Ɛnam wɔn akyinnyeɛ nti, wɔbɛbɔ Lamanfoɔ no ahwete, na Honhom no bɛgyae sɛ ɛne wɔn bɛtena—Wɔn nsa bɛka asɛmpa no afiri Amanamanmufoɔ no hɔ nna a ɛdi akyire no mu. Bɛyɛ mfinhyia 375–384 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ mekɔɔ Nifaefoɔ no mu, na mesakyeraa m’adwene firii nse a madi sɛ meremmoa wɔn bio no ho; na wɔde wɔn asraafoɔ no hyɛɛ me nsa bio, ɛfiri sɛ na wɔde wɔn ani ato me so sɛ mɛtumi agye wɔn afiri wɔn amanehunu mu.

2 Mmom, monhwɛ na menni anidasoɔ, ɛfiri sɛ, na menim Awurade ntɛmmuo no a ɛbɛba wɔn so no; ɛfiri sɛ wɔansakyera amfiri wɔn amumuyɛsɛm no ho, na mmom wɔperee pɛɛ wɔn nkwa a wɔansu amferɛ Nipa a ɔbɔɔ wɔn no.

3 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no baa yɛn so mmerɛ a yɛdwane kɔɔ Yordan kuropɔn no mu no; na mmom monhwɛ, yɛpamoo wɔn kɔɔ akyiri ara maa wɔantumi amfa kuropɔn no saa mmerɛ no.

4 Na ɛbaa sɛ wɔbaa yɛn so bio, na kuropɔn no kɔɔ so bɛdii yɛn nsa mu. Na nkuropɔn afoforɔ nso ka ho a ɛbɛdii Nifaefoɔ no nsa mu, saa ahoɔdenbea a wɔbɔɔ wɔn ho adwaa no nti amma wɔantumi amma ɔman no a na ɛda yɛn anim no mu ammɛsɛe nnipa a wɔwɔ yɛn asaase no so no.

5 Na mmom ɛbaa sɛ asaase biara a yɛtwaa mu wɔ hɔ a emu nnipa no mmoaa wɔn ano no, Lamanfoɔ no sɛee wɔne wɔn nkuro, ne wɔn nkuraseɛ, na wɔde egya hyee wɔn nkuropɔn nyina ara, na sei na afe a ɛtɔ so ahasa ne aduɔson nkron no bɛtwaa mu kɔɔɛ.

6 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so ahasa ne nwɔtwe mu no, Lamanfoɔ no baa yɛn so bio sɛ wɔ ne yɛn rebɛko, na yɛne wɔn te gyinaae akokoɔduro so; nanso, ne nyina ara ankɔsi hwee, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso ara, maa wɔtwifaa Nifaefoɔ nkurɔfoɔ no so wɔ wɔn nan ase.

7 Na ɛbaa sɛ yɛsan dwanee, na wɔn a wɔn ho yɛɛ hare kyɛnn Lamanfoɔ no nyaa wɔn tiri didii mu, na wɔn nso a wɔn ho anyɛ hare ankyɛn Lamanfoɔ no deɛ wɔkumm wɔn sɛee wɔn.

8 Na afei monhwɛ, me Mormon, mempɛ sɛ mɛkyerɛkyerɛ mogya hwieguo ne nnipa kum a ɛyɛ hu sei a ɛsii wɔ m’anim no a ama akra werɛ aho; na mmom me, ɛnam sɛ menim sɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi da adi ɔkwan biara so nti; na nneɛma a ahunta nyina ara ada adi wɔ adan so—

9 Na bio nso, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi nso ho nimdeɛ ba saa nkurɔfoɔ yi asefoɔ nkaeɛ hɔ, ne Amanamanmufoɔ nso a Awurade aka sɛ wɔbɛbɔ nkurɔfoɔ yi ahwete, na ɛsɛ sɛ wɔfa wɔn sɛ wɔn ho nhia wɔ wɔn mu—ɛno nti mɛtwerɛ biribi tiatia kakra ara bi, mesuro mpo sɛ mɛtwerɛ nneɛma a mehunuuɛ nyina ara pɛpɛɛpɛ, ɛnam mmaransɛm a me nsa aka nti, amma moanni awerɛhoɔ pii, ɛnam saa nkurɔfoɔ yi atirimuɔdensɛm nti.

10 Na afei monhwɛ, deɛ mereka akyerɛ wɔn asefoɔ nie, ne Amanamanmufoɔ no nso a wɔhwɛ Israel fiefoɔ no so, wɔn a wɔahunu na wɔnim baabi a wɔn nhyira firi bɛba no.

11 Na menim sɛ wɔn a wɔte saa no bɛdi awerɛhoɔ wɔ Israel fiefoɔ atoyerɛnkyɛm ho; aane, wɔbɛdi awerɛhoɔ wɔ saa nkurɔfoɔ yi sɛee ho; wɔbɛdi awerɛhoɔ sɛ, saa nkurɔfoɔ yi ansakyera, na amma wɔamfa wɔn anhyɛ Yesu nsa a wɔamua mu no.

12 Afei wɔatwerɛ saa nneɛma yi ama Yakob fiefoɔ nkaeɛ; na sei na wɔatwerɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn nim sɛ atirimuɔden rentumi mfa saa nneɛma yi mmerɛ wɔn; na wɔde bɛsie ama Awurade ama aba wɔ ɔno ara ne mmerɛ mu.

13 Na yei ne mmaransɛm a me nsa aka; na monhwɛ, ɛbɛba sɛdeɛ Awurade mmaransɛm teɛ, mmerɛ a ɔbɛhunu sɛ ɛyɛ wɔ ne nyansa mu.

14 Na monhwɛ, ɛbɛkɔ Yudafoɔ no a wɔnyenni no hɔ; na yei nti na wɔbɛkɔ—ama wɔanya wɔn ho nteaseɛ sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no Ba no; ama Agya no nam deɛ ɔdɔ no paa ara no so de ne botaeɛ kɛseɛ no a ɛnniawieɛ no aba, ama wasan de Yudafoɔ no aba, anaa sɛ Israel fiefoɔ nyina ara aba wɔn agyapadeɛ asaase no a, Awurade wɔn Nyankopɔn de ama wɔn no so, ama n’apam no ahyɛ ma.

15 Na ama saa nkurɔfoɔ yi asefoɔ no nso agye ne nsɛmpa no a ɛbɛfiri amanamanmufoɔ no hɔ no akɔ wɔn hɔ no adi yie; na ɔbɛbɔ saa nkurɔfoɔ yi ahwete, na wɔbɛpirim tumm, wɔbɛyɛ efiifoɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔn ho yɛ nwunu a wɔn sɛso mmaa yɛn mu da, aane, mpo deɛ aba wɔ Lamanfoɔ no mu mpo, yei nyina ara baa wɔn so ɛnam wɔn akyinnyeɛ ne wɔn abosomsom nti.

16 Na monhwɛ, Awurade Honhom no agyae dadaada sɛ ɛne wɔn agyanom bɛtena; na wɔnni Kristo ne Onyankopɔn wɔ Wiase; na wɔahwete sɛ ntɛtɛ wɔ mframa anim.

17 Na wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔn ho yɛ anika, na Kristo yɛ wɔn dwanhwɛfoɔ; aane, na Agya Nyankopɔn ne wɔn kandifoɔ.

18 Na afei, monhwɛ, seesei deɛ Satan na ɔne wɔn nam, mpo sɛdeɛ mframa bɔ ntɛtɛ no, anaa sɛ te sɛdeɛ asorɔkye bɔ ɛhyɛn a ɛnni abranaa anaa sɛ sɛkyɛ, anaa sɛ biribi a ɛbɛdi n’anim ama no akɔ no; na sɛdeɛ ɔteɛ no, saa ara nso na wɔteɛ.

19 Na monhwɛ, Awurade atwe wɔn nhyira a ɛwɔ sɛ anka wɔn nsa ka wɔ asaase no so no ato hɔ ama Amanamanmufoɔ a wɔbɛfa asaase no.

20 Mmom monhwɛ, ɛbɛba sɛ Amanamanmufoɔ no bɛpamo wɔn na wɔabɔ wɔn ahweteɛ; na Amanamanmufoɔ no pamo wɔn na wɔbɔ wɔn hwete wie a, monhwɛ, ɛhɔ na Awurade bɛkae apam a ɔne Abraham ne Israel fiefoɔ nyina ara faaɛ no.

21 Na Awurade bɛkae ateneneefoɔ mpaebɔ a wɔde ato n’anim ama wɔn no nso.

22 Na afei, O mo Amanamanmufoɔ, mobɛyɛ dɛn agyina Onyankopɔn tumi anim, gye sɛ mosakyera na motwe mo ho firi mo nneɛbɔne akwan so?

23 Monnim sɛ mo wɔ Onyankopɔn nsa mu anaa? Monnim sɛ ɔwɔ tumi nyina ara, na sɛ ɔma ne nne so den a asaase bobɔ sɛ nwoma anaa?

24 Ɛno nti; monsakyera, na momerɛ mo ho ase wɔ n’anim ama wamfa atɛntenenee amma mo so—amma Yakob aseni no ampue wɔ mo mu sɛ gyata, na wantete mo mu asinasini; na obiara nni hɔ a ɔbɛgye mo.