Twerɛnsɛm
Mormon 1


Mormon Nwoma No

Ti 1

Amaron maa Mormon akwankyerɛ a ɛfa twerɛtohɔsɛm kronkron no ho no—Ɛko hyɛ aseɛ wɔ Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ ntam—Ɔfa Nifaefoɔ mmiɛnsa no kɔ—Atirimuɔdensɛm, akyinnyeɛ, ntafoayie ne abayisɛm bɛbuui. Bɛyɛ mfinhyia 321–326 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei me, Mormon, meretwerɛ nneɛma a mahunu na mateɛ nyina ara ato hɔ, na maferɛ no Mormon Nwoma.

2 Na bɛyɛ sɛ mmerɛ a Amaron de twerɛtohɔsɛm no sieeɛ maa Awurade no mu no, ɔbaa me hɔ, (na madi bɛyɛ mfie du, na mehyɛɛ aseɛ sɛ meresua adeɛ sɛdeɛ me nkurɔfoɔ adesua teɛ) na Amaron see me sɛ: Mesusu sɛ wo yɛ abɔfra a w’ani da fam, na wohyɛ adeɛ nso ntɛm.

3 Ɛno nti, sɛ wodi mfie bɛyɛ aduonu nan a, mɛpɛ sɛ wo bɛkae nneɛma a wahyɛ no nso fa saa nkurɔfoɔ yi ho; na sɛ wodi saa mfie no a, kɔ Antum asaase so, na kɔ pampa bi a wɔfrɛ no Sim; na ɛhɔ na mede twerɛtohɔsɛm kronkron yi nyina ara a wɔakrukyire a ɛfa saa nkurɔfoɔ yi ho asie ama Awurade.

4 Na hwɛ, wobɛfa Nifae mprɛte no ama mo ho, na moagya deɛ aka no wɔ n’anan mu hɔ ara; na mobɛkrukyire nneɛma a moahunu a ɛfa saa nkurɔfoɔ yi ho nyina ara agu Nifae mprɛte no so.

5 Na me, Mormon, a meyɛ Nifae aseni, (a na m’agya de Mormon) Me kae nneɛma a Amaron hyɛɛ me no.

6 Na ɛbaa sɛ merɛ a na madi mfie du baako no, m’agya de me kɔɔ asaase no anaafoɔ afa mu hɔ, Sarahɛmla asaase mpo so.

7 Na adan akata asaase no ani so nyina ara, na nkurɔfoɔ no dodoɔ reyɛ ayɛ sɛ mpoano anwea.

8 Na ɛbaa sɛ saa afe yi mu no, ɛko hyɛɛ aseɛ sɛ ɛresi wɔ Nifaefoɔ no mu a na ɛyɛ Nifaefoɔ ne Yakobfoɔ ne Yosefoɔ ne Soramfoɔ nyina ara aka abɔ mu; na saa ɛko yi sii Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ ne Lemuelfoɔ ne Ismaelfoɔ ntam.

9 Afei na wɔfrɛ Lamanfoɔ ne Lemuelfoɔ ne Ismaelfoɔ no Lamanfoɔ, na na akuoakuo mmienu no ne Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ.

10 Na ɛbaa sɛ ɛko no hyɛɛ aseɛ wɔ wɔn mu wɔ Sarahɛmla hyeɛ so, wɔ Sidon nsuwa ho.

11 Na ɛbaa sɛ Nifaefoɔ boaboaa mmarima bebree ano, mpo maa ɛboroo nnipa mpem aduasa so. Na ɛbaa sɛ wɔkɔɔ ako bebree wɔ saa afe no ara mu, na ɛno mu na Nifaefoɔ dii Lamanfoɔ no so nkunim na wɔkumkumm wɔn mu bebree.

12 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no gyaae wɔn akwan a na wɔayɛ no, na asomdwoeɛ baa asaase no so; na asomdwoeɛ no toaa so saa ara bɛyɛ mfie nan ntam, maa mogyahwieguo ansi.

13 Na atirimuɔdensɛm baa asaase no ani so nyina ara maa Awurade faa n’akyidifoɔ no a ɔdɔ wɔn no kɔɔe, na nkonyaa ne ayaresa gyaee, ɛnam nkurɔfoɔ no amumuyɛ nti.

14 Na akyɛdeɛ biara amfiri Awurade hɔ amma, na Honhom Kronkron no amma obi ara so, ɛnam wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akyinnyeɛ nti.

15 Na mmerɛ a medii mfie dunum no na m’adwene mu da hɔ kakra, ɛno nti Awurade baa me hɔ, na mekaa Yesu papayɛ hwɛɛe na mehunuui.

16 Na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka nsɛmpa no akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi, na mmom ɔmaa me muaa m’ano, na ɔbraa me sɛ mma menka nsɛmpa no nkyerɛ wɔn; na monhwɛ, wɔde anidaho ate wɔn Nyankopɔn so atua; na wɔyii akyidifoɔ adɔfoɔ no firii asaase no so, ɛnam wɔn amumuyɛ nti.

17 Na mmom mekɔɔ so tenaa wɔn mu, nanso ɔbraa me sɛ mma menka nsɛmpa no nkyerɛ wɔn, ɛnam wɔn akoma den nti; na ɛnam wɔn akoma den nti no, ɛmaa ɔdomee asaase no.

18 Na saa Gadianton adwotwafoɔ no a wɔka Lamanfoɔ ho no hyɛɛ asaase no so ma, ara maa wɔn a wɔwɔ hɔ no hyɛɛ aseɛ de wɔn adanmudeɛ hyɛɛ fam siee, na ɛho yɛɛ toro, ɛfiri sɛ Awurade adome asaase no, ara ama wɔantumi ansɔ mu, na antumi anka wɔn nkyɛn bio.

19 Na ɛbaa sɛ ntafoayie ne abayisɛm, ne nkonyaayie; ne ɔbɔnefoɔ no tumi no yɛɛ adwuma wɔ asaase no ani so nyina ara, mpo maa Abinadae nsɛm a ɔkaaɛ no nyina ara, ne Lamanni Samuel nso deɛ nyina ara hyɛɛ ma.