Ɛfa Ananmusifoɔ Asubɔ ne Denhyɛ ho

Ɛdeɛn ne Ananmusifoɔ Asubɔ?

Asubɔ ne Denhyɛ Ho Hia Yie

Deɛ ɛtɔ so nan wɔ Gyidikansɛm mu ka sɛ ayɛyɛdeɛ a ɛdi kan wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu yɛ “nsuomhyɛ asubɔ ma bɔne fafiri” ɛne “nsa a wɔde gu soɔ ma Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no.” Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ asubɔ ne denhyɛ ho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi N’akyi na wɔsan kɔ yɛn Soro Agya nkyɛn wɔ saa asetena yi akyi nyinaa. Enti asubɔ yɛ ɛpono a ɛkɔ apam kwan a yɛde kɔgye nhyira nyinaa a yɛn Soro Agya pɛ sɛ ɔde ma yɛn no so. Ɛsan yɛ ɔpono kɛseɛ a yɛde rebɛ “wie pɛyɛ wɔ Kristo mu“ (Moroni 10, 32, 33) berɛ a yɛgye N’asɛmpa no tom yie.

Wɔ Ne som adwuma mfitiaseɛ no, Yesu tuu kwan firii Galilee kɔɔ Yordan Asubɔnten ho wɔ Judea. Na Yohane Osubɔni wɔ hɔ, a ɔrekyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ sɛ wɔnsakyera na wɔmmɔ wɔn asu. Yesu kaa sɛ wɔmmɔ no asu, nanso na Yohane mpɛ sɛ ɔyɛ ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ bɔne nni Yesu ho. Agyenkwa no kyerɛɛ mu sɛ Ɔhia sɛ wɔbɔ No asu sɛdeɛ “ɛbɛhyɛ tenenee nyinaa ma” (Mateo 3:15) na wayɛ setie yɛn Soro Agya mmaransɛm no. Enti Yesu Kristo yɛɛ nhwɛsoɔ maa yɛn nyinaa berɛ a Ɔhyɛɛ nsuo no mu na Yohane bɔɔ No asu (hwɛ 2 Nephi 31:5). Yohane nso nyaa ankasa adanseɛ wɔ saa suahunu kronkron no ho:

“Na Yesu, berɛ a wɔbɔɔ no asu no, ntɛm ara na ɔfirii nsuo no mu: na hwɛ, ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo, ne hann ba ne so:

“Na hwɛ, ɛnne bi firii soro kaa sɛ, Oyi ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani” (Mateo 3:16–17).

Yohane Osubɔni ne Yesu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
Yohane Osubɔni ne Yesu wɔ Asubɔnten Yordan mu

Akyire yi, Yudafoɔ panin bi a ne din de Nikodemo baa Yesu nkyɛn anadwo. Ɔhunuu sɛ na Yesu yɛ “ɔkyerɛkyerɛfoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na aba” (Yohane 3:2), na na ɔpɛ sɛ ɔsua bebree. Yesu kyerɛkyerɛɛ no sɛ asubɔ ne wonam denhyɛ so regye Sunsum Kronkron no nyinaa hia ma nkwagyeɛ:

“Nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, Wɔanwo obi foforɔ wɔ nsuo ne Honhom mu a, ɔrentumi nwura Onyankopɔn ahemman no mu” (Yohane 3:5).

Wɔde nsuo rewo obi kyerɛ asubɔ. Wɔde Honhom rewo obi kyerɛ wonam denhyɛ so regye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no (wɔsan frɛ no Honhom Kronkron). Saa ayɛyɛdeɛ yinom yɛ kronkron, na yɛyɛ nidie apam ahodoɔ berɛ a yɛgye. Yɛhyɛ bɔ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din no ato yɛn ho so, akae No mmerɛ nyinaa, na yɛadi Onyankopɔn mmaransɛm so. Sɛ yɛdi saa bɔhyɛ yinom so a, yɛkyerɛ yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne yɛn pɛ sɛ yɛbɛdi N’akyi.

Ne Wusɔreɛ akyiri no, Agyenkwa no san kyerɛkyerɛɛ sɛdeɛ asubɔ ho hia. Ɔsomaa Asomafoɔ no sɛ wɔnkɔka N’asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, kaa sɛ, “Deɛ ɔgyedie na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa” (Marko 16:16).

Berɛ a Agyenkwa no nam Joseph Smith so san de N’Asɔre baeɛ no, Ɔsan kyerɛkyerɛɛ sɛ asubɔ ho da so hia (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 22:4) Ɔsan daa kwan papa a wɔfa so bɔ asu adi. Ɔyɛɛ no pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nsuo mu na ɛbɔ asu na ɛnam asɔfodie tumidie papa so (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:73–74).

Onyankopɔn Dɔ Ne Mma Nyinaa

Onipa biara yɛ Onyankopɔn ba. Obiara sombo ma No. Ɔnim wɔn na Ɔdɔ wɔn. Ɔkaa sɛ, “Na hwɛ, yei ne m’adwuma ne m’animuonyam—sɛ mɛde onipa ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ bɛba ” (Moses 1:39). Wama ɛkwan a Ne mma nyinaa de bɛsan akɔ Ne nkyɛn wɔ saa astena yi akyi. Ɛkwan no ne Yesu Kristo asɛmpa no.

Nnipa bebree wɔ akwanya sɛ wɔgye asɛmpa no na wɔbɔ wɔn asu wɔ saa asetena yi mu. Na wɔn a wɔwu berɛ a wɔammɔ wɔ asu anaasɛ mpo wɔnnim Yesu no nsoɛ? Sɛn na wɔbɛgye wɔn nso nkwa? Onyankopɔn werɛ mfirii wɔn!

Owuo nyɛ asetena awieeɛ, na mmom anammɔn a ɛwɔ yɛn akwantuo a yɛde resan akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Sɛ yɛwu a, yɛn honhom firi yɛn nipadua mu berɛ tiawa bi mu. Yɛwura honhom wiase na yɛkɔka abusuafoɔ ne afoforɔ a wɔn nso awuwu no ho. Ɛhɔ na yɛsiesie yɛn ho ma da nwanwasoɔ no a wɔbɛnyane yɛn na wɔaka yɛn honhom ne honamdua a ɛwie pɛyɛ abom no. Afei yɛbɛde yɛn ho afiri nyarewa, yadeɛ, ne sintɔ ne mmerɛyɛ a yɛfa mu seesei nyinaa mu. Wɔ honhom wiase no, wɔn a wɔawuwu a wɔannya akwanya ansua asɛmpa no wɔ saa asetena yi mu no wɔkyerɛkyerɛ wɔn fa Agyenkwa no ne nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no ho (1 Petro 3:18–20; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:16–19) Afei wɔbɛtu ayi sɛ wɔbɛgye asɛmpa no na wɔasakyera.Nanso wɔrentumi mmɔ wɔn asu wɔ hɔ ɛfiri sɛ wɔnni wɔn honamdua. Ɔsoro Agya yamyɛfoɔ ama ɛkwan foforɔ a ɛbɛma wɔagye asubɔ.

Wɔ tɛmpol mu no, wɔbɛtumi abɔ yɛn asu na wɔahyɛ yɛn den ama wɔn a wɔawuwu a wɔannya saa akwanya no. Nsɛm foforɔ mu no, yɛbɛtumi agyina hɔ ama wɔn na yɛayɛ wɔ wɔn ananmu. Wɔfrɛ ayɛyɛdeɛ a wɔyɛ ma afoforɔ no ananmusifoɔ ayɛyɛdeɛ (anaasɛ nsiananmu ayɛyɛdeɛ). Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛkyerɛɛ Korintofoɔ no sɛ wɔyɛɛ asubɔ ma awufoɔ ɛfiri sɛ wɔnam Yesu Kristo Mpata no so bɛnyane nnipa nyinaa (1 Korintofoɔ 15:29, 55–57).

Nsiananmu ayɛyɛdeɛ nkyerɛkyerɛ no aka Yesu Kristo asɛmpa no ho mmerɛ nyinaa. Nokorɛ mu, Ne Mpata no ne nsiananmu nneyɛɛ a ɛyɛ kɛseɛ pa ara wɔ wiase abakɔsɛm mu. Ɔnam N’afɔrebɔ so yɛɛ deɛ yɛrentumi nyɛ mma yɛn ho maa nnipa nyinaa. Ɛnam Ɔno nti, wɔbɛnyane nnipa nyinaa. Obiara bɛte asɛmpa no, na obiara bɛnya akwanya sɛ yɛbɛsan akɔ yɛn Soro Awofoɔ nkyɛn.

Tɛmpol asubɔ ne denhyɛ a wɔyɛ ma wɔn a wɔawuwu no yɛ akyɛdeɛ a wɔyɛ no ɔdɔ mu. Na ɛnam sɛ yɛgye di sɛ asetena toa so wɔ owuo akyi nti, yɛgye di nso sɛ wɔn a wɔawuwu no nim ayɛyɛdeɛ no. Afei wɔbɛtumi ayi sɛ wɔgye anaasɛ wɔnnye ntom.

Asubɔ Kyɛnsee (Ogden Utah Tɛmpol)
Asubɔ Kyɛnsee (Ogden Utah Tɛmpol)

Wobɛtumi Asom Afoforɔ wɔ Tɛmpol mu

Tɛmpol biara wɔ asubɔbea a ɛwɔ asubɔ kyɛnsee kɛseɛ wɔ mu. Kyɛnsee no si anantwinini a wɔasa wɔn dummienu akyi a wɔgyina hɔ ma Israel abusuakuo dummienu no. Yei di amammerɛ a ɛfiri Solomon tɛmpol berɛ so wɔ Apam Dada no mu akyi (hwɛ 2 Beresosɛm 4:2–4). Anantwinini a wɔasa wɔn no gyina hɔ ma Yesu Kristo asɛmpa no ahoɔden ne tumi.

Asɔremma a wɔyɛ anokwafoɔ bɛtumi anya tɛmpol nkamfoɔ krataa ayɛ asubɔ ne denhyɛ firi Ɔpɛpɔn bosome wɔ afe a wɔnya mfeɛ 12 mu. Sɛ wobɛnya tɛmpol nkamfoɔ krataa a, ɛwɔ sɛ wo ne wo bishop anaasɛ branch titenani hyehyɛ “tɛmpol nkamfoɔ krataa nsɛmmisa“ nhyiamu. Afei wobɛtumi akɔ tɛmpol ma wɔabɔ wo asu na wɔahyɛ wo den ama wɔn a wɔawuwu.

Te sɛ w’ankasa asubɔ no, wobɛnya kokoam beaeɛ a wɔsiesie wɔn ho a wobɛsesa wo ho ahyɛ ntaade fitaa de ayɛ asubɔ ama wɔn a wɔawuwu. Asubɔ no akyi, wobɛsan akɔ beaeɛ a wosiesie wo ho no na woasesa ahyɛ ntaadeɛ a awo. Afei wobɛkɔ denhyɛ dan a ate ne ho mu wɔ asubɔbea hɔ. Asɔfodie akurafoɔ de wɔn nsa bɛgu wo tiri so na wɔde Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no ama wɔn a wɔawuwu. Wɔayɛ ayɛyɛdeɛ yeinom awie no, wɔbɛtumi asi gyinaeɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔgye tom a. Wɔyɛ ananmusifoɔ asubɔ ne denhyɛ wɔ tɛmpol mu nko ara.

Denhyɛ Dan mu (Meridian Idaho Tɛmpol)
Denhyɛ Dan mu (Meridian Idaho Tɛmpol)

Wɔ tɛmpol mu no, wobɛtumi nso anya akwanya sononko ma wɔabɔ wo asu ama w’ankasa abusuafoɔ a wɔawuwu. Sɛ wohwehwɛ w’abusua abakɔsɛm mu a, wobɛhunu wo nananom. Worekɔ tɛmpol na wɔrebɔ wo asu na wɔahyɛ wo den ama wɔn bɛtumi ayɛ ankasa suahunu nwanwasoɔ.

Wobɛtumi de saa ɔsom yi ama awofoɔ, nananom, anuanom, sewaanom, wɔfanom, abusuafoɔ, ne afoforɔ. Ɛnam saa ayamyɛ nneyɛɛ yi so mmusua mu bɛtumi ahyɛ den. Wobɛtumi anya abusuabɔ atenka a ɛmu dɔ ama w’abusua na woabɛn Onyankopɔn yie. Saa kaho bi nkateɛ yi bɛtumi ama wo ahoɔden, akwankyerɛ, ne akokoɔduro na ɛbɛhyira wo wɔ akwannuasa so. Wobɛtumi anya asomdwoeɛ ne nhunumu ama w’ankasa abrabɔ berɛ a wohwehwɛ na wosom wo nananom. Wobɛte aseɛ na woahunu Agyenkwa no yie berɛ a wo nso woyɛ ma afoforɔ a wɔntumi nyɛ mma wɔn ho.

Bɔhyɛ Sonoko ma Wo

Elder David A. Bednar kaa sɛ: “Mehyɛ wo nkuran sɛ wobɛsua, sɛ wobɛhwehwɛ wo nananom, na woayɛ ananmusifoɔ asubɔ wɔ Awurade fie ama wo abusuafoɔ a wɔawuwu. Sɛ mode gyedie gye saa ɔfrɛ yi so a, mo akoma bɛdane akɔ agyanom so. Wɔde bɔhyɛ ahodoɔ a wɔde maa Abraham, Isak ne Yakob no bɛhyɛ mo akoma mu. Ɔdɔ ne anisɔ a mowɔ ma mo nananom no bɛyɛ kɛseɛ. Mo adansedie ne nsakyeraeɛ ma Agyenkwa no mu bɛdɔ na awɔ hɔ akyɛre. Na mehyɛ bɔ sɛ wɔbɛbɔ mo ho ban afiri ɔtamfoɔ no nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ no ho. Berɛ a woyɛ na wodɔ saa adwuma kronkron yi no, wɔbɛbɔ wo ho ban wɔ wo nkwa nna nyinaa mu” (“The Hearts of the Children Shall Turn,” Ensign anaasɛ Liahona, Obubuo 2011, 26–27).