Twerɛnsɛm
Yakob 7


Ti 7

Serem po Kristo, ɔne Yakob di asie, ɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnee, na Onyankopɔn twa no—Nkɔmhyɛfoɔ no nyina ara aka Kristo ɛne ne mpata no ho asɛm—Nifaefoɔ nna nyina ara mu no wɔbɛyɛɛ akyinkyiniakyinkyinifoɔ, wɔwo wɔn wɔ awerɛhoɔ mu, na Lamanfoɔ tane wɔn. Bɛyɛ mfinhyia 544–421 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ mfie dodoɔ bi twaa mu akyire yi no, ɔbarima bi firii Nifae nkurɔfoɔ no mu sɔree a ne din de Serem.

2 Na ɛbaa sɛ ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ nnipa dom no mu, see wɔn sɛ Kristo biara nni hɔ. Na ɔbɔɔ nneɛma bebree ho dawuro a ɛyɛ naadaa de kyerɛɛ nkurɔfoɔ no; na sei na ɔyɛɛe sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtu Kristo nkyerɛkyerɛ no agu.

3 Na ɔyɛɛe adwuma aniberɛso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdane nkurɔfoɔ no akoma, ɔyɛɛe ara de twee dodoɔ no ara akoma; na ɛnam sɛ ɔnim sɛ me, Yakob, me wɔ gyedie wɔ Kristo a ɔbɛba no mu no nti, ɔpɛɛ ɛkwan biara sɛ ɔbɛnya me nkyɛn aba.

4 Na ɔyɛ nwomanimfoɔ, na ɔwɔ nkurɔfoɔ no kasa no ho nimdeɛ ara yie; ɛno nti, ɔtumi de tɛkyerɛma daadaa wɔn na ɔtumi nso kasa denden so, sɛdeɛ ɔbonsam tumi teɛ.

5 Na ɔnyaa anidasoɔ sɛ ɔbɛtumi asesa me afiri me gyedie ho, yikyerɛ bebree ne nneɛma bebree a mahunu a ɛfa saa nneɛma yi nyina ara ho no, ɛfiri sɛ ɛyɛ nokware sɛ mahunu abɔfoɔ, na wɔn ne me asom. Na ɛwɔ hɔ a na mate Awurade nne nso sɛ ɛreka asɛm korɔ no ara akyerɛ me mmerɛ ano mmerɛ ano; ɛno nti antumi amma manhinhim.

6 Na ɛbaa sɛ ɔbaa me nkyɛn, na ɔfaa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ me sɛ: Onua Yakob, mahwehwɛ ɛkwan ahodoɔ pii a mɛfa so akasa akyerɛ wo; na mate na menim nso sɛ wokɔ aporɔ kɔbɔ deɛ wofrɛ no asɛmpa no anaa sɛ Kristo nkyerɛkyerɛ ho dawuro.

7 Na wɔatwe nkurɔfoɔ yi mu dodoɔ no ara ama wɔamane afiri Onyankopɔn kwan pa no ho, ama wɔanni Mose mmara no a ɛyɛ ɛkwan pa no so; na wɔadane Mose mmara no de reyɛ ɛsom bi ama nipa bi a mose mfie bebree akyiri no ɔbɛba. Na afei hwɛ, me Serem, mese wo sɛ yei yɛ abususɛm; ɛfiri sɛ nnipa biara nnim saa nneɛma yi, ɛfiri sɛ ɔntumi nka nneɛma a ɛbɛba ho asɛm. Na saa kwan yi so na Serem faaɛ ne medii asie.

8 Mmom hwɛ, Awurade Nyankopɔn hwiee ne Honhom no guu me kra so ara maa mehyɛɛ no aniwuo wɔ ne nsɛm nyina ara mu.

9 Na mesee no sɛ: Wonnye Kristo no a ɔbɛba no nni anaa? Na ɔkaa sɛ: sɛ Kristo bi bɛba a anka merempo no; mmom menim sɛ ɛnsɛ sɛ Kristo biara wɔ hɔ, Kristo biara nni hɔ, ɛna Kristo biara nso mmaeɛ; na ebi nni hɔ a ɔbɛba.

10 Na mesee no sɛ: Wogye twerɛsɛm no di? Na ɔkaa sɛ, aane.

11 Na mesee no sɛ: Ɛnneɛ na wonte aseɛ; ɛfiri sɛ ɛdi Kristo ho adanseɛ nokware mu. Hwɛ, mese wo sɛ nkɔmhyɛfoɔ no mu biara antwerɛ, ɛna wɔannhyɛ nkɔm gye sɛ wɔaka deɛ ɛfa Kristo yi ho.

12 Na ɛnyɛ ne nyina ara nie—wɔada no adi akyerɛ me, ɛfiri sɛ mate na mahunu; na wɔnam Honhom Kronkron tumi no so ada no adi akyerɛ me; ɛno nti, menim sɛ, sɛ Kristo mpata biara amma a, adasamma nyina ara bɛyera.

13 Na ɛbaa sɛ ɔsee me sɛ: kyerɛ me Honhom Kronkron yi tumi no a wonim ho nsɛm pii no nsɛnkyerɛnee.

14 Na mesee no sɛ: Me ne hwan sɛ megyegye Onyankopɔn sɛ onyi nsɛnkyerɛnee nkyerɛ wo wɔ deɛ wonim sɛ ɛyɛ nokware no ho? Nso wobɛkɔ so agye ho akyinnyeɛ, ɛfiri sɛ woyɛ ɔbonsam deɛ. Nanso ɛnyɛ deɛ me pɛ na ɛbɛyɛ hɔ; mmom sɛ Onyankopɔn bɛbɔ wo a, ma ɛnyɛ nsɛnkyerɛnee mma wo sɛ ɔwɔ tumi wɔ ɛsoro ne asaase nyina ara so; na bio, sɛ Kristo bɛba. Na wopɛ nyɛ hɔ, O Awurade, na nnyɛ mepɛ.

15 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a me, Yakob, mekaa saa nsɛm yi akyire yi no, Awurade tumi baa no so ara maa ɔhwee ase. Na ɛbaa sɛ wɔmaa no aduane wɔ nna bebree mu.

16 Na ɛbaa sɛ ɔsee nkurɔfoɔ no sɛ: Mommoaboa mo ano akyena, na ɛfiri sɛ merebɛwu; ɛno nti mɛpɛ sɛ mekasa kyerɛ nkurɔfoɔ no ansa na mawu.

17 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfokuo no boaa wɔn ano; na ɔka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ nkyerɛkyerɛ a ɔde maa wɔn no nnyɛ nokware, na ɔgyee Kristo no too mu, ɛne Honhom Kronkron tumi no, ɛne som a soro abɔfoɔ som.

18 Na ɔkaa no pefee kyerɛɛ wɔn sɛ, ɔbonsam de ne tumi na ɛdaadaa no. Na ɔkaa asamando, ne mmerɛsantene ne asotweɛ a ɛnniawieɛ ho asɛm.

19 Na ɔkaa sɛ: Mesuro sɛ ɛbia na mayɛ bɔne a wɔntumi mfa nkyɛ, ɛfiri sɛ matwa nkontompo akyerɛ Onyankopɔn; ɛfiri sɛ mapo Kristo, ɛfiri sɛ me kaa sɛ megye twerɛsɛm no di; na ɛdi ne ho adanseɛ ampa. Na ɛnam sɛ matwa nkontompo akyerɛ Onyankopɔn nti no ehuu kɛseɛ aka me sɛ anyɛ a na m’asɛm ayɛ kɛseɛ; mmom mepae mu ka kyerɛ Onyankopɔn.

20 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔkaa saa nsɛm yi no wɔantumi ankasa bio, na owuui.

21 Na mmerɛ a nkurɔfokuo no dii adanseɛ sɛ ɔkaa saa nsɛm yi wɔ mmerɛ a ɔrebɛwuo no, wɔn ho dwirii wɔn kɛse; maa Onyankopɔn tumi sanee baa wɔn so, na ɛhyɛɛ wɔn so ara maa wɔhwehwee ase.

22 Afei, saa adeɛ yi yɛɛ me Yakob anisɔ, sɛ mebisa firii m’Agya a ɔwɔ soro no hɔ; na watie me sufrɛ na wama me mpaebɔ ho mmuaeɛ.

23 Na ɛbaa sɛ asomdwoeɛ ne Onyankopɔn dɔ bɛtenaa nkurɔfoɔ no mu bio; na wɔhwehwɛɛ twerɛsɛm no mu anibereɛ so, na wɔantie saa atirimuɔdenni no nsɛm no bio.

24 Na ɛbaa sɛ wɔfaa akwan hodoɔ bebree so sɛ wɔde bɛtwe Lamanfoɔ no aba na wɔde wɔn akɔ nokware nimdeɛ no ho bio; nso ne nyina ara yɛɛ kwa, ɛfiri sɛ na wɔn ani gye akokoakoko ne mogya hwieguo ho, na wɔtan yɛn a yɛyɛ wɔn nuanom no ɛnniawieɛ. Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔde tumi a ɛwɔ wɔn akodeɛ mu no bɛsɛe yɛn mmerɛ nyina ara.

25 Ɛno nti Nifaefoɔ no de wɔn akodeɛ bɔɔ wɔn ho ban firii wɔn ho, ne wɔn ahoɔden nyina ara hyɛɛ Onyankopɔn mu, ne wɔn nkwagyeɛ botan no mu; ɛno nti, wɔkɔɔ so yɛɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn atamfoɔ so.

26 Na ɛbaa sɛ me, Yakob, mehyɛɛ aseɛ sɛ mereyɛ akɔkora; na nkurɔfoɔ yi ho twerɛtohɔsɛm no wɔakora wɔ Nifae mprɛte no bi so, ɛno nti mede saa twerɛtohɔsɛm yi aba awieɛ, meda no adi sɛ matwerɛ deɛ menim, meka sɛ mmerɛ ne yɛn twaam kɔɔ, na yɛn nkwa nso retwa mu sɛ daeɛ ma yɛn, na yɛyɛ ankonam awerɛhofoɔ, akyinkyinakyinkyinifoɔ, wɔayi yɛn totwene afiri Yerusalem, wɔawo yɛn wɔ amanehunu mu wɔ ɛserɛ so, na yɛn nuanom tan yɛn, na ɛde akokoakoko ne apereapereɛ baa yɛn so; ɛno nti, yɛsuui wɔ yɛn nkwa nna mu.

27 Na me, Yakob, mehunuu sɛ ɛrenkyɛ na mekɔ me nna mu; ɛno nti meka kyerɛɛ me babarima Enos sɛ: Fa saa mprɛte yi. Na mekaa nsɛm a me nua Nifae hyɛɛ me no kyerɛɛ no, na ɔbɔɔ me anohoba sɛ ɔbɛyɛ setie ama mmara no. Na mede deɛ matwerɛ wɔ saa mprɛte yi so no aba awieɛ, na ɛsua deɛ; na makra ɔkenkanfoɔ no; me wɔ anidasoɔ sɛ me nuanom no mu dodoɔ no ara bɛkenkan me nsɛm yi. Anuanom makra mo.