Twerɛnsɛm
Yakob 3


Ti 3

Wɔn a wɔn akoma mu teɛ no nya Onyankopɔn asɛm a ɛsɔ ani no—Lamanfoɔ yɛ ahoteɛfoɔ kyɛn Nifaefoɔ—Yakob bɔ adwaamanmmɔ, akɔnɔ bɔne ne bɔne biara ho kɔkɔ. Bɛyɛ mfinhyia 544–421 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na mmom hwɛ, me, Yakob, merebɛkasa akyerɛ mo a mo akoma mu teɛ no. Momfa adwene a ɛsi pi nhwɛ Onyankopɔn, na momfa gyedie mmorosoɔ mmɔ mpaeɛ nkyerɛ no, na ɔbɛkyekyere mo werɛ wɔ mo amanehunu mu, na ɔbɛdi mo asɛm ama mo, na ɔde atɛn tenenee bɛba wɔn a wɔhwehwɛ mo sɛeɛ no so.

2 O mo a mo akoma mu teɛ nyina ara no, mo mma mo tiri so na mo nnye Onyankopɔn asɛm a ɛsɔ ani no, na mo nnidi mmee wɔ ne dɔ mu; na sɛ moadwene si pi afebɔɔ a mobɛtumi.

3 Mmom, mmusuo, mmusuo, nka mo a mo akoma mu nteɛ no, na moyɛ fii ɛnɛ da yi wɔ Onyankopɔn anim; na gye sɛ mo sakyera anyɛ saa mo nti mɛdome asaase no; na Lamanfoɔ no, a wɔn nnyɛ fii te sɛ mo no, nanso wɔde nomee a ɛyɛ ya adome wɔn no, bɛhwe mo mmaa de akɔ ɔsɛeɛ mu.

4 Na mmerɛ no reba ntɛm, sɛ gye sɛ mo sakyera anyɛ saa a ɔbɛfa mo agyapadeɛ asaase no, na Awurade Onyankopɔn bɛyi ateneneefoɔ afiri mo mu akɔ.

5 Monhwɛ, mo nuanom Lamanfoɔ no a mo tan wɔn ɛnam wɔn fii a wɔyɛ ɛne nnomee a wɔde adome wɔn honam nti, yɛ ateneneefoɔ kyɛn mo; ɛfiri sɛ wɔn werɛ mfirii Awurade mmaransɛm no, deɛ wɔde maa yɛn agya no—sɛ wɔnya ɛyere baako, na mpena deɛ mma wɔn mfa bi koraa, na ɛmma wɔmmɔ adwaman wɔ wɔn mu.

6 Na afei, saa mmaransɛm yi wɔhwɛ na wɔdi so; ɛno nti, ɛnam sɛ wɔhwehwɛ na wɔdi saa mmaransɛm yi so no nti, Awurade Onyankopɔn rensɛe wɔn, mmom ɔbɛhu wɔn mmɔbɔ; na da koro ɔbɛyɛ nkurɔfoɔ a wɔahyira wɔn.

7 Hwɛ, wɔn kununom dɔ wɔn yerenom, ɛna wɔn yerenom dɔ wɔn kununom na wɔn yerenom dɔ wɔn mma; na wɔn akyinnyeɛ ne wɔn tan a wɔwɔ ma mo no firi wɔn agyanom amumuyɛ nti; ɛno nti ɛyɛ dɛn na moyɛ kyɛn wɔn, wɔ mo Ɔbɔadeɛ kɛseɛ no anim?

8 O me nuanom, mesuro sɛ gye sɛ mo sakyera firi mo bɔne ho anyɛ saa a wɔn honam bɛyɛ fitaa akyɛn mo deɛ, sɛ wɔde mo mmienu bɛba Onyankopɔn ahennwa no anim.

9 Ɛno nti, me ma mo mmaransɛm a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, sɛdeɛ morenka asɛm bɔne ntia wɔn ɛnam wɔn fii nti; ɛna monka asɛm bɔne ntia wɔn ɛnam wɔn fii nti mmom mobɛkae mo ara ankasa mo ara mo fii, na moakae sɛ ɛnam wɔn agyanom nti na wɔnyaa saa fii no.

10 Ɛno nti, mobɛkae mo mma, sɛdeɛ mo ama wɔadi anibereɛ wɔ wɔn akoma mu ɛnam ɔbra bɔne a moabɔ akyerɛ wɔn nti; ɛna afei nso monkae sɛ ɛnam mo fii nti mo de mo mma bɛba ɔsɛeɛ mu, na wɔde wɔn bɔne bɛgu mo tiri so wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu.

11 O me nuanom, montie me nsɛm; monkanyan mo akra; monkeka mo ho ama mo anyane afiri nko a moretɔ wɔ owuo mu no; na montwe mo ho mfiri asamando yea ho na mo ammɛyɛ ɔbonsam abɔfoɔ, amma wɔanto mo antwene ogya ne sɔfe tadeɛ no a ɛyɛ owuo a ɛtɔ so mmienu no mu.

12 Na afei me, Yakob, mekaa nsɛm bebree kyerɛɛ Nifae nkurɔfoɔ no, bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ adwamanmɔ ne akɔnnɔ bɔne ne bɔne ahodoɔ nyina ara ho, mekaa asodie huhuu a ɛdi yeinom akyiri kyerɛɛ wɔn.

13 Na nkurɔfoɔ yi dwumadie no, sɛ wɔkyɛ mu ɔha a, ne mu koro mpo dɔɔso ara ma wɔntumi ntwerɛ wɔ mprɛte yi so; mmom wɔn dwumadie no mu dodoɔ no ara na wɔatwerɛ wɔ mprɛte akɛseɛ no so, ne wɔn akokoakoko, ne wɔn apereapereɛ, ne wɔn ahemfo ahennie mu nsɛm ho.

14 Wɔfrɛ saa mprɛte yi Yakob mprɛte, na Nifae de ne nsa na ɛyɛɛe. Na mede me nsɛm a mereka yi aba awieɛ.