Amansan Nhyiamu
Damena Nni Nkonimdie Biara
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Damena Nni Nkonimdie Biara

Ɛnam Yesu Kristo ɔgyeɛ Mpata no ne Owusɔreɛ fɛɛfɛɛ no nti, wɔbɛtumi asa akoma a abuo yareɛ, awerɛhoɔ bɛtumi abɛyɛ asomdwoeɛ, na amanehunu atumi abɛyɛ anidasoɔ.

Wɔ saa Amanehunu Kwasiada fɛɛfɛ yi, yɛn mma de anigyeɛ to, “Wɔ nkonimdie fefɛ berɛ mu, Yesu Kristo nyaneeɛ na ɔfirii damena no a wɔde no tooeɛ no mu; ɔbubuu owuo mpokyerɛ.”1

Ɛyɛ yɛn anisɔ wɔ yɛn nimdeɛ a ɛfa Yesu Kristo Wusɔreɛ ho. Na mpo berɛ bi wɔ yɛn abrabɔ mu no, anka yɛn werɛ bɛho berɛ a yɛahwere obi a yɛdɔ no pa ara no. Ɛnam seesei wiase nyinaa nsanyareɛ no, yɛn mu bebree ahwere yɛn adɔfo—abusuafoɔ anaa ayɔnkofoɔ.2 Yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔredi awerɛhoɔ nam deɛ ɛte saa a wɔahwere no.

Titenani Russell M. Nelson aka sɛ:

“Ɛmfaho ne mfeɛ dodoɔ, yɛsu ma wɔn a yɛdɔɔeɛ na yɛhwereeɛ. Awerɛhoɔdie yɛ ɔkwan baako a yɛnam so kyerɛ ɔdɔ kann.

“Bio, sɛ mpaepaemu wɔ awerɛhoɔ mu nni hɔ seesei a yɛn ani rentumi nye nkɔsi wɔ anigyeɛ mu berɛ a yɛbɛsan ahyia bio no. Ɔkwan baako pɛ a yɛnam so bɛtumi ayi awerɛhoɔ afiri owuo mu ne sɛ yɛbɛyi ɔdɔ afiri abrabɔ mu.”3

Mfoni
Mmaa akyidifoɔ suu Yesu.

Yɛbɛtumi asusu sɛdeɛ Yesu nnamfonom, a na wɔadi N’akyiri na wɔasom No,4 nyaa atenka faaeɛ berɛ a wɔdii Ne wou ho adanseɛ.5 Yɛnim sɛ wɔdii “awerɛhoɔ na wɔsuui.”6 Wɔ da no a wɔbɔɔ no Asennua mu, na wɔnnim deɛ ɛbɛsi Kwasiada no, bɛyɛ sɛ ehu ne adwennwen kɛseɛ tɔɔ wɔn so, na wɔdwenee sɛdeɛ wɔbɛsi akɔ wɔn anim a wɔn Awurade nka ho. Ne nyinaa akyiri no, wɔkɔɔ so somm No mpo wɔ owuo mu.

Joseph a na ɔwɔ Arimathea srɛɛ Pilato sɛ ɔmfa Yesu amu mma no. Ɔyii n’amu no too fam, de nnwera kama kyekyeree no, na ɔde no too ɔno ankasa ne damena foforɔ mu, na wɔpiaa ɛboɔ kɛseɛ bi too ne damena no pono ano.7

Nicodemus de krobo ne ahabanduro baaeɛ. Ɔboaa Joseph ma wɔde nnwera ne nnuhwam no kyekyeree no.8

Mary Magdalene, ne mmaa afoforɔ dii Joseph ne Nicodemus akyiri, kɔhwɛɛ faako a wɔde Yesu amu no tooeɛ, na wɔsiesie nnuhwam papa ne nku de sraa no.9 Sɛdeɛ ne mmara a ɛmu yɛ den teɛ ma saa da no nti, wɔkɔɔ so twɛnn kakra sɛ wɔbɛsiesie na wɔasra amu no ɛnam sɛ na Memeneda no yɛ homeda.10 Afei, Kwasiada anɔpa tutuutu no, wɔkɔɔ damena no so. Berɛ a wɔhunuu sɛ Agyenkwa no amu no nni hɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ asuafoɔ no a wɔyɛ Yesu Asomafoɔ no. Asomafoɔ no ne wɔn baa damena no so na wɔhunuu sɛ ɛmu hwee. Wɔn nyinaa kɔɔe ma ɛkaa Mary Magdalene a na ɔnhunu deɛ ato Agyenkwa no amu no.11

Mary Magdalene ankasa tenaa damena no ho. Nna kakra, ni na ɔnhunuu ne yɔnko ne ne wura awerɛhoɔ wuo kɛseɛ. Seesei N’e damena mu ayɛ hwee a na ɔnnim faako a Ɔwɔ. Na ɛboro ne so sɛ ɔbɛgye adi, na ɔsuui. Saa berɛ no mu, Agyenkwa no a w’asɔre afiri awufoɔ mu no baa ne nkyɛn na ɔbisaa deɛ nti a ɔresu ne deɛ na ɔrehwehwɛ. Ɔdwenee sɛ turo no mu hwɛsofoɔ na ɔrekasa kyerɛ no no, ɔsrɛɛ sɛ, wafa n’Awurade amu no a, ɔnkyerɛ no faako a ɛwɔ na anka ne nsa atumi aka.12

Mfoni
Mary Magdalene

Mesusu sɛ Awurade tumi maa kwanma Mary Magdalene dii awerɛhoɔ de kyerɛɛ n’atenka ne ne yea.13 Afei Wɔbɔɔ no din frɛɛ no, na otwaa nani hwɛɛ no hunuu no. Ɔhunuu Yesu a wasɔre afiri awufoɔ mu no na ɔyɛɛ ɔdanseni maa saa wusɔreɛ fɛɛfɛ no.14

Te sɛ wo no, ɔkwan bi so no mɛtumi aka ahoyera atenka a Mary Magdalene ne ne nnamfonom faa mu berɛ a na wɔredi wɔn Awurade wuo ho awerɛhoɔ no. Berɛ a medii mfeɛ nkron no, mehweree me nuabarima panin wɔ asase wosoɔ kɛseɛ bi mu. Ɛsiane sɛ ɛsii mpofirim no nti, ɛkyɛree kakra ansa na merete deɛ asie no ankasa ase yie. Awerɛhoɔ ne abooboodie bubuu m’akoma, na mebisaa me ho sɛ, “Deɛn na ɛyɛɛ me nuabarima? Ɔwɔ he? Ɔkɔɔ he? Enti mɛhunu no bio?”

Saa berɛ no, na mennya nhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no ho asɛm, na na mewɔ ɔpɛ sɛ mehunu faako a yɛfiri baaeɛ, yɛn asetena mu botaeɛ ne deɛ ɛsi wɔ yɛn wuo akyiri. Nti yɛn nyinaa nni saa ɔpɛ no berɛ a yɛhwere yɛn dɔfo anaa yɛkɔ amanehunu mu wɔ yɛn abrabɔ mu anaa?

Mfeɛ kakra akyiri no, mehyɛɛ aseɛ dwenee me nuabarima no ho wɔ ɔkwan pɔtee bi so. Ɛyɛ a na m’ani so yɛ me sɛ ɔrebɔ yɛn pono mu. Mɛbue pono no na asɛ ɔgyina hɔ, na waka akyerɛ me sɛ, “Menwuui. Mete ase. Na merentumi mma wo nkyɛn, nanso afei deɛ me ne wo bɛtena a merenkɔ bio.” Saa nsusuiɛ no, a na akɔyɛ sɛ daeɛ no, boaa me ma metumi gyinaa ɔyea ne awerɛhoɔ atenka a menyaaeɛ fa nehwereɛ no ano. Adwene a menyaae sɛ ɔbɛba abɛka me ho no baa m’adwene mu mpɛn bebree. Ɛtɔ da bi mpo a metumi gyene m’ani hwɛ ɔpono no, hwehwɛ sɛ ɔbɛbɔ mu na mahunu no bio.

Bɛyɛ mfeɛ 40 akyiri no, Amanehunu berɛ bi, na meredwennwene Yesu Kristo Wusɔreɛ no ho, na mehyɛɛ aseɛ dwenefaa me nuabarima no ho. Saaberɛ no, biribi pusuu wɔ m’adwene mu. Mekae sɛ asɛ ɔreba abɛhwɛ me.

Saa da no mehunuu sɛ Honhom no ama me awerɛkyekyerɛ wɔ berɛ bi a ɛyɛ den mu. Menyaa adanseɛ sɛ na me nuabarima no honhom no nwuuiɛ, ɔte ase. Ɔrekɔ n’anim wɔ ne enni awieɛ asetena mu. Menim sɛ “[me] nuabarima no bɛsɔre bio”16 wɔ saa berɛ fɛɛfɛ no mu a, ɛnam Yesu Kristo Wusɔreɛ no nti, yɛn nyinaa bɛtumi asɔre. Deɛ ɛkaho bio ne sɛ, Wama ayɛ yie sɛ yɛn nyinaa bɛsan aka abɔ mu sɛ abusuafoɔ na yɛana anigyeɛ a ɛnni awieɛ wɔ Onyankopɔn anim berɛ a yɛbɛfa sɛ yɛne no bɛyɛ apam na yɛadi soɔ.

Titenani Nelson akyerɛkyerɛ sɛ:

Owuo yɛ adeɛ a ɛhia wɔ yɛn ɛnni awieɛ asetena mu. Obiara nnim berɛ a ɛbɛba, nanso ɛho hia ma Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛɛ kɛseɛ no. Nnaaseɛ nkɔ mma Awurade Mpata no, owusɔreɛ a ɛsene biribiara a ɛyɛ nokorɛ ne daa nkwa a abaso ama adasamma nyinaa.

“Na adɔfoɔ a wɔagya wɔn akyire a wɔredi awerɛhoɔ no owuo ano borɔ brɛ ase nam gyedie pintinn a ɛwɔ Yesu Kristo mu, anidasoɔ muhyerɛnneɛ mapa, Onyankopɔn dɔ ne nnipa nyinaa, ne ɔpɛ a emu dɔ sɛ yɛbɛsom wɔn. Saa gyedie no, saa anidasoɔ no, saa ɔdɔ no na ɛbɛma yɛafata sɛ yɛbɛba Onyankopɔn anim kronkron no na, yɛne yɛn ɛnni awieɛ ahokafoɔ ne yɛn mmusuafoɔ ne No atena afebɔɔ ”17

Mfoni
Turom mu amusieɛ

Medi adanseɛ sɛ Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu, anaasɛ wammubu owuo mpokyerɛ mu sɛ ɛbɛyɛ a adakamena nnya nkonimdie, na owuo nnya ɛborɔ a, anka owusɔreɛ biara nni hɔ.

“Nanso owusɔreɛ bi wɔ hɔ, ɛno nti adakamena nni nkonimdie, na owuo ano borɔ amene wɔ Kristo mu.

“Ɔne wiase hann ne nkwa no; aane, hann a ɛnni awieɛ, deɛ ɛrentumi nnum da; aane, ne nkwa nso a ɛtoɔ ntwa da, na owuo rentumi ntena hɔ bio.”19

Mfoni
Agyenkwa no a Wasɔre Afri awufum

Yesu Kristo No ankasa paee mu kaa sɛ, “Me ne owusɔreɛ no, ne nkwa no: deɛ ɔgye me di no, w’awu mpo a, ɔbɛnya nkwa.”20

Medi adanseɛ sɛ ɛnam Yesu Kristo ɔgyeɛ Mpata no ne Owusɔreɛ fɛɛfɛɛ no nti, wɔbɛtumi asa akoma a abuo yareɛ, awerɛhoɔ bɛtumi abɛyɛ asomdwoeɛ, na abasamtuo atumi abɛyɛ anidasoɔ. Ɔbɛtumi agye yɛn atuu wɔ N’ahummɔborɔ, awerɛkyekyerɛ, tumi abasa no mu na wasa yɛn nyinaa yareɛ Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.