Amansan Nhyiamu
Yɛn Berɛ Nie!
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Yɛn Berɛ Nie!

Onyankopɔn de yɛn aba saa bea yi, seesei ara, saa berɛ a ɛhia wɔ abakɔsɛm mu yi.

Afe 1978 mu, megyinaa bɔɔlo agoprama bi so wɔ agodibea bi a na bɛhwɛadefoɔ 65,000 ahyɛ hɔ ma. Akansifoɔ akɛsefoɔ bebree a wobɛka sɛ wɔnya mpo a wɔbɛte me tiri afiri so na na wɔgyinagyina m’anim. Na ɛyɛ berɛ a ɛdi kan a merehyɛ akansie bi ase afiri akyire wɔ Ɔman no Bɔɔlobɔ Kuo mu, ɛna na yɛne Supa Boolfoɔ a na wɔyɛ nkonimdifoɔ a wɔwɔ soɔ saa berɛ no na ɛrebɔ. Nokorɛ mu, mebisaa me ho sɛ enti mebɔ mmɔden yie a ɛsɛ sɛ mewɔ agoprama no so. Mekɔɔ akyire sɛ merekɔto me bɔɔlo a ɛdi kan, na wɔbɔɔ me bɔtorɔ bi a na obiara mmɔɔ me saa bi da. Saa berɛ no, a na meda saa akansifoɔ akɛsefoɔ no nan ase no, mebisaa me ho deɛ mereyɛ wɔ hɔ. Na mewɔ gyinaeɛ a ɛwɔ sɛ mesie. Mɛma me annye annie no ahyɛ me so, anaasɛ mɛnya akokoɔduro ne ahoɔden de asɔre atoa so?

Mfoni
Nkonimdie a ɛdi kan

Dawubɔ Nnwuma Aboafoɔ

Saa berɛ no manhunu sɛ na saa suahunu yi resiesie me ama daakye akwanya ahodoɔ. Na ɛwɔ sɛ mesua sɛ mɛtumi anya ahoɔden ne akokoɔduro wɔ tebea a ɛmu yɛ den mu.

Ebia a bɔɔlo akansie ho nhyɛ da nhia pa ara te sɛ ɔhaw ahodoɔ a wobɛhyiahyia. Mpɛn pii no, ɛrenyɛ agoprama a nkorɔfoɔ ahyɛ so ma rehwɛ. Nanso w’akokoɔduro gyinaeɛsie bɛnya ɛnniawieɛ nsunsuansoɔ a ɛhia.

Ebia ɛnyɛ berɛbiara na yɛnya atenka sɛ yɛbɛtumi agyina ɔhaw no ano. Nanso yɛn Soro Agya hunu yɛn sɛ ɔkokoɔdurufoɔ a yɛbɛtumi asi N’ahemman. Ɛno nti na Ɔsomaa yɛn ha wɔ saa akokoɔduru gyinaeɛsie berɛ wɔ wiase abakɔsɛm mu yi. Yɛn berɛ nie!

Tie deɛ Titenani Russell M. Nelson kaeɛ wɔ berɛ a ɔbɛyɛɛ Asɔre no Titenani no akyiri no ara: “Yɛn Agyenkwa ne Gyefoɔ, Yesu Kristo, bɛyɛ Ne nnwuma akɛseɛ no bi ɛfiri saa berɛ yi de kɔsi berɛ a Ɔbɛsan aba bio. Yɛbɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ sɛ Onyankopɔn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo, na wɔhwɛ Asɔre yi so wɔ tumi ne animuonyam mu” (“Adiyisɛm ma Asɔre no, Adiyisɛm ma Yɛn Abrabɔ,” Laehona, Kɔtɔnimaa 2018, 96).

Nnwuma akɛseɛ? Nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ? Sɛn na ɛno bɛyɛ? Dwuma bɛn na yɛbɛdi wɔ mu, na sɛn na yɛbɛte deɛ yɛnyɛ ase? Mennim mmuaeɛ no nyinaa, nanso menim sɛ Awurade hia yɛn sɛ yɛbɛyɛ krado! Berɛ a ɛho hia yie pa ara sɛ yɛde asɔfodie tumi di dwuma sɛdeɛ ɛfata nie.

Yɛgye Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ di anaa? Yɛbɛtumi ahunu yɛn hyɛberɛ na yɛahyɛ no ma anaa? Aane, yɛbɛtumi, ne aane, ɛsɛ sɛ yɛyɛ, ɛfiri sɛ yɛn berɛ nie!

Sɛ yɛte abasɛm a ɛfa Onyankopɔn asomfoɔ a wɔdii kan baeɛ—te sɛ Mose, Mary, Moronae, Alma, Ester, Yosef, ne afoforɔ bebree a—ayɛ sɛ wɔso sene abrabɔ. Nanso na wɔnyɛ sononko mfiri yɛn ho Na wɔyɛ nnipa a wɔkɔba, na wɔhyiaa ɔhaw ahodoɔ. Wɔnyaa Awurade mu gyedie. Wɔyii deɛ ɛyɛ wɔ mmerɛ a na ɛho hia mu. Na, wɔ gyedie wɔ Yesu Kristo mu, wɔyɛɛ nnwuma a na ɛhia wɔ wɔn berɛ mu.

Mfoni
Nkɔmhyɛni Yosua

Nkyene pa

Dwene Apam Dada mu dɔmbarima Yosua ho. Na ɔyɛ okyidini nokwafoɔ ma Mose, akannifoɔ akɛseɛ no mu baako wɔ abakɔsɛm mu. Mose firii hɔ no, ɛyɛɛ Yosua berɛ. Na ɛwɔ sɛ ɔdi Israel mma anim kɔ bɔhyɛ asase no so. Ɔbɛyɛ dɛn ayɛ yei? Wɔwoo Yosua tetee no nkoasom mu wɔ Misraim. Na ɔnni akwankyerɛ nwoma anaa ne mfoni a ɛbɛboa no. Tetefon a aba so yi mpo na ɔnni bi! Nanso na ɔwɔ saa bɔhyɛ yi firi Awurade hɔ:

“Sɛdeɛ medii Mose akyiri no, saa ara na mɛdi w’akyiri: merempa wo, na merennya wo.

“Wo ho nyɛ den na yɛ nnam” (Yosua 1:5–6).

Berɛ a mebɛkaa Aduɔson Kuo no ho foforɔ a na menni suahunu biara no, menyaa ahiasɛm tetefon frɛ bi firii Atitenafoɔ a Wɔdi Kan ɔfese, sɛ mɛtumi agyina nkɔmhyɛni no anan mu akɔsra abarimaa bi wɔ ayaresabea—saa berɛ no ara. Na abarimaa no din de Zach. Na ɔresiesie ne ho abɛyɛ asɛmpatrɛni nanso wakɔnya akwanhyia ma wapira wɔ ne tiri ho a na ɛyɛ aniberesɛm.

Mereka kaa akɔ ayaresabea hɔ no, na m’adwene rekɔ ntɛmntɛm. Nkɔmhyɛni asoma me—enti ɛyɛ nokorɛ? Ɛdeɛn na merekɔhyia? Mɛyɛ dɛn aboa saa abarimaa yi? Na mewɔ gyedie a ɛso saa deɛ? Mpaebɔ dennnen ne nim a na nimdeɛ sɛ mewɔ asɔfodie honhom tumi no na ɛbɛyɛɛ me sɛkyɛ.

Meduruu hɔ no na Zach da ayaresabea mpa bi mu. Na ɔboafɔ ayɛ krado gyina hɔ a ɔrebɛwhim no akɔ oprehyɛn dan mu sɛdeɛ dɔkotafoɔ bɛtumi ate nhyɛ a na ɛwɔ n’adwene so no so. Mehwɛɛ ne na a nisuo ataataa no ne ɔyɔnkoɔ kumaa bi a ɛhu abɔ no a wɔgyina ne nkyɛn, na mehunuu no pefee sɛ Zach hia asɔfodie nhyira. Na ne yɔnko no nyaa Mɛlkisedek Asɔfodie nkyɛree, enti memaa no boaa me. Menyaa asɔfodie tumi no atenka berɛ a yɛhyira Zach. Afei wɔde no kɔɔ ntɛm so sɛ wɔrekɔyɛ oprehyɛn no, na asomdwoeɛ atenka bi sii so dua sɛ Agyenkwa no bɛyɛ biribiara sɛdeɛ Ne nyansa teɛ.

Aduyɛ adwumayɔfoɔ no twaa X-ray baako a ɛtwa toɔ ansa na wɔde sekan reka no. Ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, sɛ wɔhunuu sɛ ɛrenhia oprehyɛn biara.

Wɔkɔɔ so ara hwɛɛ no no, Zach tumi nantee na ɔkasaa bio. Ɔkɔɔ asɛmpatrɛ adwuma nkonimdie mu, na seesei ɔrehwɛ n’abusua.

Nokorɛ, ɛnyɛ saa na ɛkɔwie berɛbiara. Mede gyedie saa ara ama asɔfodie nhyira afoforɔ, na Awurade amma ayaresa korakora wɔ saa asetena yi mu. Yɛgye Ne botaeɛ di, na yɛgya ɛso nsunsuansoɔ no ma No. Yɛrentumi mpaw yɛn nneyɛɛ so nsunsuansoɔ berɛbiara, nanso yɛbɛtumi apaw sɛ yɛbɛyɛ krado ayɛ.

Ebia Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no nka sɛ kɔgyina wɔn anan mu wɔ nkwa-ne-owuo nkwanta tebea bi a ɛte sei mu da. Nanso wɔafrɛ yɛn nyinaa sɛ yɛnyɛ abrabɔ-nsakraeɛ nneɛma sɛ Awurade ananmusifoɔ. Ɔrennyae yɛn. Yɛn berɛ nie!

Na Petro, Agyenkwa no Somafoɔ panin no, wɔ suhyɛn bi mu wɔ ɛpo no so berɛ a ɔhunuu Yesu sɛ ɔrenante wɔ nsuo no so. Na ɔpɛ sɛ ɔkɔka Ne ho, na Agyenkwa no kaa sɛ, “Bra.” Akokoɔduro ne nwanwasoɔ mu, Petro firii kodoɔ no banbɔ mu na ɔhyɛɛ aseɛ nantee sɛ ɔrekɔ Agyenkwa no hɔ. Nanso berɛ a Petro de n’adwene kɔɔ mframa denden no so no, ne gyedie hinhimii. “Ɔsuroe; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu, kaa sɛ, Awurade, gye me. Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa, na ɔsɔɔ ne mu.” (Hwɛ Mateo 14:22–33.)

Mfoni
Yesu rebɛn

Sɛ mframa bɔ wɔ yɛn abrabɔ mu a, ɛhefa na yɛn adwene si? Kae sɛ, ahotɔsoɔ bea baako wɔ hɔ berɛ biara a ahoɔden ne akokoɔduru firi ba. Yesu abasa tene duru yɛn so, sɛdeɛ ɛtene duruu Petro so no. Sɛ yɛbɛn No a, Ɔde ɔdɔ bɛgye yɛn nkwa. Yɛyɛ Ne dea. Ɔkaa sɛ, “Nsuro: na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo; me na wowɔ me” (Yesaia 43:1). Sɛ woma No kwan a Ɔbɛdi w’abrabɔ so. Ɛyɛ wo pɛ. (Hwɛ Russell M. Nelson, “Let God Prevail,” Laehona, Obubuo 2020, 92–95).

Yosua abrabɔ awieɛ no, ɔsrɛɛ ne nkorɔfoɔ sɛ, “Ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa; … na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade” (Yosua 24:15). Esiane ɔpɛ a ɔde yii sɛ ɔbɛsom Awurade nti, Yosua bɛyɛɛ ɔkandifoɔ kɛseɛ wɔ ne berɛ so. Me nnamfo pa, yɛn berɛ nie! Na deɛ yɛbɛyie na ɛbɛkyerɛ yɛn hyɛberɛ (hwɛ Thomas S. Monson,“Decisions Determine Destiny” [Brigham Young University fireside, Obubuo 6, 2005], speeches.byu.edu).

Berɛ a na meresom sɛ Ɔhwɛfoɔ no, na yɛwɔ nnyinasosɛm bi wɔ yɛn ward: Papa yie ne anigyeɛ—afebɔɔ. Mmabunu no bɛtwam wɔ me kwan ano a na wɔreka, “Ɔhwɛfoɔ, mereyi deɛ ɛyɛ papa!” Ɛno ne Ɔhwɛfoɔ daeɛ so!

Ɛdeɛn ne “papa yie”? Berɛ bi obi bisaa Yesu sɛ, “Mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?” Ɔbuaa sɛ:

“Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu, ne wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.

“Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ ɛno, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” (Mateo 22:36–39).

Mennim sɛdeɛ wodeɛ teɛ, na sɛ mekan saa mmara akɛseɛ mmienu yi a, mehunu deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa bi, asekyerɛ mmara: sɛ wobɛdɔ wo ara wo ho.

Woadwene ho pɛn sɛ woredɔ wo ho yɛ mmara anaa? Yɛbɛtumi adɔ Onyankopɔn ne Ne mma nokorɛ mu berɛ a yɛnnɔ yɛn ho?

Nansa yi ara ɔkandifoɔ nyansafoɔ bi tuu ɔbarima bi a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛdi ɔpɛ a ɛde no akɔ ɔsɛeɛ mu mfeɛ bebree so nkonim fo. Ɔbarima no fɛreeɛ, na ɔnnye nni sɛ ɔfata sɛ obi dɔ no.

Ne kandifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade nim wo, ɔdɔ wo, na n’ani agye yie [wɔ] wo ho ne akokoɔduro anamɔn a woretu.” Nanso ɔde kaa ho sɛ, “[Wo] hia sɛ wote mmarasɛm sɛ dɔ wo ho, sɛdeɛ wobɛte [Onyankopɔn] dɔ no nka na woadɔ afoforɔ.”

Berɛ a saa onua barima yi tee saa afotuo no, ɔde aniwa foforɔ hunuu abrabɔ. Akyire yi ɔkaa sɛ, “Mede me nkwa nna nyinaa ahwehwɛ asomdwoeɛ ne ɔgyeɛ. Mahwehwɛ saa nneɛma no wɔ mmea a ɛnyɛ papa. Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no dɔ mu nko ara na mɛtumi anya awerɛkyekyerɛ. Menim sɛ Wɔpɛ sɛ medɔ me ho, ɛno nko ara ne kwan ankasa a mɛtumi ate sɛ Wɔdɔ me.”

Yɛn Soro Agya pɛ sɛ yɛdɔ yɛn ho—ɛnyɛ sɛ yɛbɛyɛ ahantan anaa pɛsɛmenkomenya, na mmom yɛbɛhunu yɛn ho sɛdeɛ Ɔhunu yɛn: yɛyɛ Ne mma a N’ani ku yɛn ho. Sɛ saa nokwasɛm yi wura yɛn koma mu yie a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn nyini. Sɛ yɛde obuo a ɛkɔ nkan hunu yɛn ho a, ɛbue yɛn akoma mu ma yɛyɛ afoforɔ nso saa ara. Mpɛn dodoɔ a yɛhunu yɛn kronkron su no, ɛma yɛte saa nokorɛ kronkron yi ase yie: sɛ Onyankopɔn asoma yɛn wɔ ha, seesei ara, saa abakɔsɛm berɛ yi mu, sɛdeɛ yɛde ɔdom akyɛdeɛ a yɛwɔ no bɛyɛ papa kɛse pa ara a yɛbɛtumi. Yɛn berɛ nie! Russell M. Nelson, “Becoming True Millennials” [wiase amansan som ma young adults, Ɔpɛpɔn 10, 2016], broadcasts.ChurchofJesusChrist.org.)

Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ nkɔmhyɛni biara wɔ berɛ biara mu “de anigyeɛ hwɛɛ kwan wɔ da a yɛbɛtena; wɔato nnwom, atwerɛ na wɔahyɛ saa yɛn da yi ho nkɔm; yɛn na yɛanya ɔdom no a Onyankopɔn [apaw]sɛ yɛmfa Nna a Ɛdi Akyire animuonyam mmra” (Asɔre Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith [2007], 186).

Berɛ a wohyia wo daa haw no, kae saa awerɛhyem nsɛm a ɛfiri Ɛlda Jeffrey R. Holland yi: “Pii na ɛgyina yɛn so, nanso ɛbɛyɛ animuonyam ne nkonimdie suahunu. Wɔde nkonimdie a ɛwɔ saa akansie a ɛtwa toɔ yi mu ato dwa dada. Nkonimdie no wɔ twerɛtohɔ nwoma no mu dada, twerɛnsɛm no”! (“Nsuro, Na Gye Di Ara” [asɛm a wɔde ma Asɔre Adesua Nhyehyɛeɛ nyamesom akyerɛkyerɛfoɔ, Ɔgyefoɔ 6, 2015], broadcasts.ChurchofJesusChrist.org).

Wɔ saa Yesu Amanehunu nnawɔtwe awieeɛ fɛɛfɛ yi, meto nsa frɛ sɛ yɛn nyinaa mmɔ mpaeɛ nhunu na yɛnnye yɛn ankorankorɛ asɛdeɛ ntom berɛ a yɛresiesie yɛn ho ama animuonyam da a Agyenkwa no bɛsan aba no. Awurade dɔ yɛn kyɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ate aseɛ, na Ɔbɛtie yεn mpaebɔ! Sɛ yɛwɔ bɔɔlo agoprama so, ayaresabea dan mu, anaa baabi foforɔ no, yɛbɛtumi ayɛ saa nneɛma nwanwasoɔ yi akwaa a ɛhia—ɛfiri sɛ yɛn berɛ nie! Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.