Amansan Nhyiamu
Wobɛtumi Aboaboa Israel Ano!
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Wobɛtumi Aboaboa Israel Ano!

Mewɔ anidasoɔ pa ara sɛ mo mmabunu yi bɛtumi ayɛ yei ɛnam deɛ moyɛ nti ɛna tumi kɛseɛ bi a ɛwɔ mo mu no nti.

Bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa nie, Titenani Russell M. Nelson too nsa frɛɛ mmabunu a wɔwɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ hɔ na Nna A Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu sɛ “wɔmfa wɔn ho nhyɛ Awurade mmabunu dɔm no mu na wɔmmoa mmoaboa Israel ano” wɔ nkatanim no anim ne akyire. Ɔkaa sɛ, “Saa anoboaboa no yɛ deɛ ɛho hia pa ara a ɛrekɔ so wɔ asase yi so ɛnnɛ yi.”1 Mewɔ anidasoɔ pa ara sɛ mo mmabunu yi bɛtumi ayɛ yei—na moayɛ no yie pa ara—ɛnam(1) deɛ moyɛ nti ɛna (2) tumi kɛseɛ bi a ɛwɔ mo mu no nti.

Mfoni
Onuabarima ne Onuabaa Corbit

Mfeɛ aduanan baako atwam, asɛmpatrɛfoɔ mmienu a wɔfiri yɛn Asɔre yi mu nyaa akannie atenka kɔɔ efie bi mu wɔ New Jersey, a ɛwɔ United State. Ankyɛre biara, na anwanwasoɔ mu, awofoɔ baanu no ne wɔn mma du nyinaa bɔɔ asu. Wɔ nkɔmhyɛni no nsɛm mu no, “Wɔmaa Onyankopɔn dii nim”2 wɔ wɔn abrabɔ mu. Ɛsɛ sɛ meka sɛ “yɛn abrabɔ mu.” Na me ne abɔfra a metɔ so mmiɛnsa. Na madi mfeɛ 17 berɛ a mesii gyinaeɛ sɛ mɛyɛ afebɔɔ apam sɛ mɛdi Yesu Kristo akyi. Wobɛtumi abɔ wo tirim asusu deɛ ɛka ho a mesii gyinaeɛ sɛ mɛyɛ? Merensom sɛ asɛmpatrɛni. Ɛno deɛ na ɛyɛ den dodo. Na wɔnhwehwɛ yei mfiri me hɔ, nokorɛ? Na meyɛ Asɔreba-foforɔ koraa. Na menni sika biara. Ɛwɔm sɛ afei na na mawie sukuu a ɛmu yɛ den pa ara wɔ West Philadelphia na mehyiaa ɔhaw a ɛmu yɛ den pa ara, kokoam no na ehu abɔ me sɛ mɛfiri fie mfeɛ mmienu mua.

Mfoni
Corbit abusua

Wo Nipa Su a Woyɛ

Nanso na afei ara na masua sɛ na me ne adasamma nyinaa ne yɛn Agya a ɔwɔ Ɔsoro atena sɛ Ne honhom mu mmammarimma ne mmammaa ansa na wɔrebɛwo yɛn. Ɛhia sɛ, afoforɔ hunu sɛdeɛ menim no, sɛ yɛn Soro Agya kɔn dɔɔ sɛ Ne mma nyinaa ne No bɛdi dɛ wɔ nkwa a ɛnniawieɛ mu. Enti, ansa na obiara baa asase so no, ɔde Ne nkwagyeɛ ne anigyeɛ nhyehyɛeɛ a ewie pɛ yɛ no maa yɛn, ne Yesu Kristo sɛ yɛn Agyenkwa. Awerɛhosɛm ne sɛ, Satan sɔre tiaa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no.3 Sɛdeɛ Adiyisɛm nwoma no kyerɛ no, “ɔko sii wɔ ɔsoro”!4 Satan nam ɔkwanbɔne so daadaa Onyankopɔn honhom mu mma mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ma wɔmaa Satan dii nim a anka Onyankopɔn na na ɛsɛ sɛ Ɔdie.5 Nanso ɛnyɛ wo a! Ɔsomafoɔ Yohane hunuu sɛ wodii Satan so nkunim “nam [w’]adansedie asɛm so.”6

Merehunu deɛ meyɛ pa ara, ne magyapanin nhyira a ɛboaa me no, maa me akokoɔduro ne gyedie de gyee Titenani Spencer W. Kimball frɛ sɛ yɛmmoaboa Israel ano no too mu.7 Ɛbɛyɛ saa ara ama mo, nnanfonom pa. Worehunu sɛ wonam w’adansedie asɛm so dii Ɔbonsam so nkunim no mmerɛ bi a abɛsene no bɛboa ama woadɔ, woakyɛ, na woafrɛ8 ɛnnɛ ne dabiara—na woafrɛ afoforɔ sɛ wɔmmra na wɔmmɛhwɛ, mmra mmɛboa na wɔmmra mmɛka ho berɛ a saa ɔko korɔ no ara a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no daso kɔso no.

Mfoni
Ɛlda Corbit

Tumi A Ano yɛ Den No a Ɛwɔ Wo mu no

Na tumi a ɛso pa ara no a ɛwɔ wo mu no nsoɛ? Dwene yei ho: woteaam maa anigyeɛ9 sɛ wobɛba wiase a ahwe aseɛ a na obiara bɛhyia honhom ne honam wuo. Na yɛrentumi nni ɛmu biara so. Yɛrenhunu amane mfiri yɛn nko ara yɛn bɔne ho mmom afoforɔ nso deɛ ho. Na anka adasamma nyinaa bɛfa tebea bi a anidasoɔ asa ne hwammɔ a ɛso biara mu10—ne nyinaa mu no awerɛfire nkatanim akata yɛn adwene mu na wiase tamfo kɛseɛ pa ara no rekɔso de yɛn si n’ani so na ɔsɔ yɛn hwɛ. Na anidasoɔ sɛ yɛnam wusɔreɛ ne pɛpɛyɛ so akɔ Onyankopɔn kronkron anim no nyinaa gyina Onipa baako a ɔredi Ne bɔnyɛ soɔ.11

Deɛn na ɛmaa wo tumi kɔɔ w’anim? Titenani Henry B. Eyring kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛde gyedie wɔ Yesu Kristo mu nso na wɔde gyee anigyeɛ nhyehyɛeɛ ne Yesu gyinabea a ɛwɔ mu no too mu berɛ a na yɛnim kakraa bi pɛ fa akwansideɛ a na yɛbɛhyia wɔ asase yi so ho no.”12 Berɛ a Yesu Kristo hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba wiase mu na ɔde Ne nkwa ato hɔ aboaboa yɛn ano na wagye13 yɛn no, woannye No anni ara kɛkɛ. Na mo akra “animuonyamfoɔ”14 yi wɔ “gyedie a ɛkɔ anim pa ara” a ɛmaa mohunuu sɛ anidasoɔ wɔ Ne bɔhyɛ mu.15 Na ɔrentumi nni atorɔ, ɛno nti metumi hunuu no sɛdeɛ mpo wahwie ne mogya agu ama mo dadaada koraa ansa na wɔrebɛwo No.16

Wɔ Yohane nnyinahɔma nsɛm mu no, monam odwamaa no mogya no so “dii [Ɔbonsam] so nkunim”17 Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔ saa wiase no mu “[mo]hunnuu awieɛ no firii mfitiaseɛ no.”18

Susu sɛ da koro bi ansa na worebɛfiri fie akɔ sukuu no, w’awofoɔ mu baako ahyɛ wo bɔ nokorɛmu sɛ, wosan ba fie a wobɛnya w’aduane a wopɛ pa ara no! Wo ho yɛ wo dɛ! Wowɔ sukuu mu no wode w’ani buu sɛ woredi saa aduane no, na wobɛtumi aka ahwɛ mpo dada. Nokorɛmu, wo ne afoforɔ di saa nkɔmmɔdɛ no. Worehwɛ anim sɛ wobɛkɔ fie no ma wo anigyeɛ pii kɔpem sɛ nsɔhwɛ ahodoɔ ne akwansideɛ a ɛwɔ sukuu mu yɛ traa bi. Biribiara rentumi nsanka w’anigyeɛ no anaasɛ mma wo nhinhim ɛnam anidasoɔ a ɛwɔ bɔhyɛ no mu no nti! Saa ara, ansa na mo akra animuonyamfoɔ yi wɔrebɛwo mo no, mosua hunuu Kristo bɔhyɛ wɔ saa anidasoɔ kwan yi so, na mokaa Ne nkwagyeɛ no hwɛɛe.19 Mo gyedie kɛseɛ no te sɛ ntini a ɛkɔ so nya ahoɔden na ɛyɛ kɛse wɔ mprɛ dodoɔ a wokɔ so de yɛ adwuma, nanso ne nyinaa wɔ wo mu dada.

Ɔkwan bɛn so na wɔbɛtumi anyane wo kwabrane gyedie a ɛwɔ Kristo mu na wode aboaboa Israel ano seesei na woadi Ɔbonsam so nkunim bio! Berɛ a woresan asua sɛ wode saa ahotɔsoɔ korɔ no ara bɛhwɛ Awurade bɔhyɛ sɛ ɔbɛboaboa ano na wagye nkwa ɛnnɛ yi anim. Ɔnam Mormon Nwoma no ne Ne nkɔmhyɛfoɔ so kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛnyɛ no. Berɛ tenten ansa na Kristo reba no, Nifaefoɔ “nkɔmhyɛfoɔ, ne asɔfoɔ, ne akyerɛkyerɛfoɔ no [korɔkorɔɔ nkurɔfoɔ no] sɛ wɔnhwɛ Mesaia no mmaeɛ anim na wɔnnye no nni sɛdeɛ wanya aba dada no.”20 Nkɔmhyɛni Abinadi kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Na afei sɛ Kristo amma wiase yi mu, ammɛka nneɛma a ɛbɛba ho nsɛm te sɛdeɛ aba dada no a, anka dima biara nni hɔ.”21 Te sɛ Alma no, Abinadi de gyedie aniwa hwɛɛ [eɛ] ”22 na ɔhunuu Onyankopɔn nkwagyeɛ bɔhyɛ sɛ aba mu dada. “Wɔdii [Ɔbonsam] so nkunim nam Odwamaa no mogya, ne n’adansedie asɛm so” ansa koraa na wɔrewo Kristo, sɛdeɛ moyɛɛeɛ no ara pɛ. Na Awurade maa wɔn tumi sɛ wɔmfrɛ na wɔmmoaboa Israel ano. Ɔbɛyɛ saa ara ama wo berɛ a wode gyedie hwɛ anim, ahunu sɛ wɔaboaboa Israel ano—wiase nyinaa ne wo ara wo “ nkankɔ” mu—na woato nsa afrɛ obiara!

Asɛmpatrɛfoɔ ɔha bebree gyedie kɛseɛ a ɛwɔ Kristo mu ansa na wɔreba asase yi so no kɔɔ nkan berɛ a wɔde wɔn ani buu wɔn a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn anaasɛ wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, sɛ wɔhyɛ wɔn asubɔ ne wɔn tɛmpol aduradeɛ. Wɔ kasa bi a wɔato din sɛ “Awieɛ no Firi Mfitiaseɛ Wɔ Adwene Mu,”24 Titenani Nelson kyɛɛ ɔno ara ne nhwɛsoɔ sɛdeɛ wɔyɛ yei na ɔmaa asɛmpatrɛ akannifoɔ kyerɛkyerɛɛ yɛn asɛmpatrɛfoɔ sɛ wɔnyɛ saa ara. Wɔrehunu sɛ wɔtuu saa gyedie anammɔn kɛseɛ yi wɔ Yesu Kristo mu ansa na wɔreba asase yi so asetena mu no, boaa yɛn asɛmpatrɛfoɔ adɔfoɔ yi pa ara yie ma wɔn “Tie No”25 na wɔkanyan wɔn gyedie a ɛso sɛ wɔboaboa Israel ano sɛdeɛ Awurade hyɛɛ bɔ no.

Ampa ara, woresusu atorɔ di gyedie nya.26 Me nnamfonom, worehyɛ da de w’ani akaekae anaasɛ worehwɛ nneɛma a ɛne deɛ woyɛ ampa ara no, nkanka mfonin a ɛmfata no, bɛma wo gyedie wɔ Yesu Kristo mu no ayɛ mmerɛ na sɛ woannya adwensakyera a ɛbɛsɛe no. Mesrɛ wo, fa wo nsusuiɛ pagya wo gyedie wɔ Kristo mu, na nsɛe no.

Mmɔfra Ne Mmabunu Dwumadie Nhyehyɛɛ No

Mmɔfra ne Mmabunu Dwumadie no yɛ nkɔmhyɛ adwinneɛ a ɛboa ma mo mmabunu gyedie tumi kɔ soro. Titenani Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Saa dwumadie nhyehyɛeɛ no, wɔasiesie sɛ ɛbɛboa ama moabɛyɛ te sɛ Agyenkwa no wɔ akwan ahodoɔ nan so: honhom, ayɔnkofa, honam, ne adwene mu.”27 Berɛ a mo, mmabunu di kan wɔ nsɛmpa—di kan—no so die no, moreyɛ ma afoforɔ, morefrɛ obiara ma wɔabɛgye nsɛmpa no, moreka mmusua abom ama mmerɛ a enniawieɛ na morehyehyɛ anigyeɛ dwumadie ahodoɔ no,28 Kristo mu gyedie a ɛso a na mowɔ wɔ ansa na moreba asase yi so asetena mu no bɛsan ayi ne ho adi na ama mo tumi de ayɛ Awurade adwuma wɔ saa asetena yi mu!

Afei nso, ankorakorɛ mmotaeɛ, “nkanka berɛ-tia mmotaeɛ,”29 boa ma wokanyan wo gyedie tumi kɛseɛ no. Sɛ wofa botaeɛ a ɛyɛ papa si w’ani so a, worehwɛ anim, sɛdeɛ woyɛɛ berɛ bi no, na worehunu deɛ w’Agya a ɔwɔ Ɔsoro rehwehwɛ sɛ wo anaasɛ ɔfoforɔ bɛba abɛyɛ.30 Afei woyɛ nhyehyɛeɛ na woyɛ adwuma den sɛdeɛ wobɛnya. Ɛlda Quentin L. Cook kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Mmu hia a nhyehyɛɛeɛ hia, botaeɛsie, na [worefrɛ afoforɔ] sɛ ade ketewa bi—ne nyinaa mu no, fa gyedie aniwa yɛ.”31

Ɔpɛ no yɛ wo dea! Awurade ka faa wo ho sɛ, “Tumi a [wɔde yi] no wɔ wɔn mu.”32 Ɛlda Neil L. Anderson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Wo gyedie bɛnyini a ɛmfiri deɛ ɛbɛsi nti na mmom ɛnam deɛ wobɛyi so.”33 Ɔde kaa ho sɛ, “Asɛmmisa [biara] a ɛfiri nokorɛ mu a [ebia wowɔ no] anoyie bɛba nam abotrɛ ne gyedie aniwa so.”34

Medi adanseɛ sɛ (1) deɛ woyɛ nokorɛ mu ne (2) gyedie tumi kɛseɛ a ɛwɔ Kristo mu a ɛwɔ wo mu bɛma wo, atumi “aboa asiesie wiase ama Agyenkwa no mmaeɛ berɛ a worefrɛ obiara sɛ ɔmmra Kristo nkyɛn na ɔnnye Ne Mpata no so nhyira.”35 Yɛn nyinaa nkyɛ anigyeɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no bɔhyɛ a anidasoɔ wɔ mu no:

“Ɔteneneeni a ɔtie nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm, na ɔde pintinnyɛ hwɛ Kristo no ɛmfa ho ne ɔtan nyinaa no renyera.

“Nanso [Kristot] bɛsa wɔn yadeɛ, na wɔbɛnya asomdwoeɛ wɔ ne mu.”36

Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Israel Anidasoɔ” (worldwide youth devotional, June 3, 2018), HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org.

  2. Hwɛ Russell M. Nelson, “Let God Prevail,” Laehona, Obubuo 2020, 92–95.

  3. Hwɛ Gospel Topics, “Plan of Salvation,” topics.ChurchofJesusChrist.org; see also Henry B. Eyring, “The Power of Sustaining Faith,” Liahona, May 2019, 58.

  4. Hwɛ Adiyisɛm 12:7-8.

  5. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 29: 36-37.

  6. Adiyisɛm 12:11.

  7. Hwɛ Spencer W. Kimball, “It Becometh Every Man,” Ensign, Ahinime 1977, 2–7.

  8. Sharing the Gospel,” ChurchofJesusChrist.org/share.

  9. Hwɛ Job 38:4–7.

  10. Hwɛ Gospel Topics, “Plan of Salvation”; san hwɛ “Be Still, My Soul,” Hymns, no. 124, verse 3.

  11. See Gospel Topics, “Plan of Salvation”; see also Dallin H. Oaks, “The Great Plan,” Liahona, May 2020, 93–94, 96.

  12. Henry B. Eyring, “The Power of Sustaining Faith,” 58.

  13. Hwɛ 3 Nifae 27:14

  14. Russell M. Nelson, “Hope of Israel,” HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:55–56.

  15. Hwɛ Alma 13:2–4; san hwɛ Adiyisɛm 12:11; Gyidika Nsɛm 1:5. Mormon Nwoma No da no adi pefee sɛ wɔn a wɔwɔ “gyedie kɛseɛ soronko” hunu Onyankopɔn bɔhyɛ a aba mu dada no. See 1 Nephi 5:5; Mosiah 3:11–13; 4:1–3; Alma 27:28; 28:12 (“they are raised” in 77–76 BC; emphasis added); see also Exodus 3:13; Isaiah 53; Doctrine and Covenants 130:7; Moses 7:47.

  16. Hwɛ 2 Nifae 31:15; Eter 3:6–9, 11–13. Gyedie sɛ wobɛhunu Kristo nkwagyeɛ bɔhyɛ sɛdeɛ aba mu dada no hia sɛ yɛbɛhunu sɛ Kristo nni atorɔ. Saa gyedie no da suban a ɛfa mmerɛ a na yɛte Agya no kyɛn sɛ ahonhom mma no adi gyedie mu, nkanka yɛn mmabunu. “Yɛn Agya a ɔwɔ Ɔsoro no agya Ne Honhom mu animuonyamfoɔ mu pii— ebia, mɛka sɛ, Ne kuo a ɛyɛ pa ara—de ma ne ko a ɛtwa toɔ. Saa ahonhom no—, saa ne kuo a ɛyɛ pa ara no, saa nkunimdifoɔ no—ɛyɛ mo!” (Russell M. Nelson, “Hope of Israel,” HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org). San hwɛ John 1:1; 14:6, 17.

  17. Adiyisɛm 12:11; san hwɛ Eter 3:6–9.

  18. Dallin H. Oaks, “The Great Plan,” 93.

  19. Hwɛ Alma 36:24–26; san hwɛ Nnwom 34:8; Yacon 3:2; Mosaya 4:11.

  20. Yarom 1:11.

  21. Mosaya 16:6.

  22. Alma 5:15.

  23. Hwɛ “Gospel Living: Circles,” New Era, Ahinime 2020, 15.

  24. Hwɛ Russell M. Nelson, “Begin with the End in Mind” (address given at the seminar for new mission presidents, Ayɛwohomumɔ 22, 2014).

  25. Hwɛ Russell M. Nelson, “Hear Him,” Laehona, Kɔtɔnimaa 2020, 88–92.

  26. Mfatoho, Alma kasa kyerɛɛ ne nkorɔfoɔ sɛ wɔmfa gyedie ani nhwɛ mmerɛ a wɔbɛgyina Agya no anim, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnsakyera na wɔanya akokoɔduro de agyina n’anim wɔ asomdwoeɛ ne akokoɔduro so gye sɛ wɔsakyera firi wɔn bɔne ho. (hwɛ Alma 5:15–17).

  27. Face to Face with President and Sister Oaks (worldwide youth broadcast, Feb. 23, 2020), facetoface.ChurchofJesusChrist.org.

  28. Hwɛ General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 1.2; 10.2.1.3; 11.2.1.3, ChurchofJesusChrist.org.

  29. Face to Face with President and Sister Oaks, facetoface.ChurchofJesusChrist.org.

  30. Hwɛ Preach My Gospel: A Guide to Missionary Service (2018), 156, ChurchofJesusChrist.org; see also Alma 5:15–17.

  31. Quentin L. Cook, “Purpose and Planning” (address given at the seminar for new mission presidents, June 25, 2019).

  32. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:28.

  33. Neil L. Andersen, “Faith Is Not by Chance, but by Choice,” Laehona, Obubuo 2015, 66.

  34. Neil L. Andersen, “The Eye of Faith,” Laehona, Kɔtɔnimaa 2019, 36.

  35. Aaronic Priesthood Quorum Theme,” ChurchofJesusChrist.org.

  36. 2 Nifae 26:8–9