“Nkekaho: Kasakoa a Obiara nim,” EnglishConnect 2 de ma Adesuafoɔ (2022)
“Kasakoa a Obiara nim,” EnglishConnect 2 for Learners
Appendix
Common Idioms
Kasakoa a Obiara nim
kasakoa yɛ kasasin a ne nkyerɛaseɛ kyɛn nsɛmfua ankorankoro a wɔaka abom no. Ma yɛnhwɛ kasasin “piece of cake.” Sɛ meka sɛ, “I want a piece of cake a,” mekyerɛ sɛ mepɛ adɔkɔdɔkɔdeɛ. Nanso sɛ meka sɛ, “Learning English with EnglishConnect is a piece of cake a,” mekyerɛ sɛ wode EnglishConnect resua Borɔfo nyɛ den. Kasakoa “piece of cake” kyerɛ “nyɛ den.”
Wode kasakoa redi dwuma yɛ kwan a wɔfa so kasa a ɛnyɛ anibereso na ɛma wɔhunu yie sɛ ɛyɛ wo kasa. Kasakoa twa mfonin wɔ yɛn tirim na ɛma yɛnya atenka bi. Wɔ Borɔfo mu no, sɛ obiara wɔ tebea korɔ no ara mu a, yɛka sɛ, “We’re all in the same boat.” Yei twa nnipa a wɔbom reyɛ adwuma wɔ nhyɛmma mu de akɔ baabi ho mfonin. Wɔka sɛ, “We’re all in the same boat” a, ɛma baakoyɛ ne nteaseɛ atenka wɔ mpɔtam hɔ..
Wonim kasakoa na wode yɛ adwuma a ɛyɛ anika kɛkɛ! Deɛ ɛwɔ aseɛ hɔ no yɛ kasakoa a wɔtaa de di dwuma wɔ Borɔfo kasa mu.
Sɛdeɛ wɔsua kasakoa:
-
Hwɛ kasakoa no. Sua nkyerɛaseɛ ne nhwɛsoɔ no.
-
Dwene kasakoa ahoroɔ a ɛtete saa ara wɔ wo kasa mu ho.
-
Dwene akwan a wobɛfa so de kasakoa no adi dwuma ho.
-
Fa kasakoa no twerɛ kasamu ahoroɔ. Fa di nkɔmmɔ.
-
Hyɛ kasakoa no nso berɛ a wokenkan anaa wotie wɔ Borɔfo kasa mu no.
|
Kasakoa |
Nkyerɛaseɛ |
Nhwɛsoɔ |
|---|---|---|
Kasakoa a piece of cake | Nkyerɛaseɛ ɛnyɛ den | Nhwɛsoɔ That test was a piece of cake! |
Kasakoa a blessing in disguise | Nkyerɛaseɛ adeɛ bi resɛe no na ɛyɛ ne yie mu | Nhwɛsoɔ She lost her job, but it was a blessing in disguise. She found a better job. |
Kasakoa all in the same boat | Nkyerɛaseɛ wɔnyi ɔtwe nyi adoa | Nhwɛsoɔ Nobody can leave this room. We’re all in the same boat. |
Kasakoa barking up the wrong tree | Nkyerɛaseɛ worebɔ mmɔden anya biribi nanso woreyɛ no wɔ kwan a ɛyɛ mfomsoɔ so | Nhwɛsoɔ If you think I’m going to loan you more money, you’re barking up the wrong tree. |
Kasakoa better late than never | Nkyerɛaseɛ ɛyɛ sɛ ɛbɛka akyire kyɛn sɛ ɛrensi koraa | Nhwɛsoɔ A: He didn’t repay the money until last week. B: That’s okay. Better late than never. |
Kasakoa birds of a feather flock together | Nkyerɛaseɛ nnomaa a wɔn ntakra sɛ na wɔtu bom | Nhwɛsoɔ I was right that Paul and Ben would get along. Birds of a feather flock together. |
Kasakoa no use crying over spilled milk | Nkyerɛaseɛ ɛmmoa sɛ wobɛha wo ho anaa wobɛbu kɔmpɔ ahwɛ nneɛma a ankɔ yie a wontumi nsesa | Nhwɛsoɔ We can’t get the money back, so let’s make a new plan. It’s no use crying over spilled milk. |
Kasakoa don’t count your chickens before they’re hatched | Nkyerɛaseɛ wonnim ɔkyena asɛm | Nhwɛsoɔ A: I will probably get a raise soon, so I bought a new bed! B: Well, don’t count your chickens before they’re hatched. You might not get the raise. |
Kasakoa get all your ducks in a row | Nkyerɛaseɛ yɛ ahoboa ma daakye | Nhwɛsoɔ We have to get all our ducks in a row before the family comes for a visit. Let’s start cleaning and cooking right now. |
Kasakoa give me a hand | Nkyerɛaseɛ boa me | Nhwɛsoɔ I can’t lift this sofa on my own. Can you give me a hand? |
Kasakoa hang in there | Nkyerɛaseɛ Mɛmpa aba | Nhwɛsoɔ I know learning English is very difficult. Hang in there. |
Kasakoa it takes two to tango | Nkyerɛaseɛ obi fom kum a obi mfom nnwa | Nhwɛsoɔ It is partially my fault that we were fighting. It takes two to tango. |
Kasakoa keep an eye on | Nkyerɛaseɛ hwɛ yie | Nhwɛsoɔ My son has been misbehaving a lot lately, so please keep an eye on him to ensure that nothing goes wrong. |
Kasakoa let the cat out of the bag | Nkyerɛaseɛ te toɔ | Nhwɛsoɔ I heard that someone let the cat out of the bag, so I might as well tell you myself—I’m pregnant! |
Kasakoa out of the frying pan and into the fire | Nkyerɛaseɛ firi nhohoɔ mu kɔtɔ nkrane mu | Nhwɛsoɔ He didn’t like his previous job, so he quit, but now he can’t find a new job. He’s out of the frying pan and into the fire. |
Kasakoa go out on a limb | Nkyerɛaseɛ yɛnnyegye ɔdamfoɔ | Nhwɛsoɔ I’m going to go out on a limb here and invest some money in this project, even though I don’t know if the project will be successful. |
Kasakoa preaching to the choir | Nkyerɛaseɛ deɛ wonim no awia no wonsɔ kanea nhwɛ n’anim anadwo | Nhwɛsoɔ They are already going to vote for him. He’s just preaching to the choir. |
Kasakoa rub salt in the wound | Nkyerɛaseɛ ma tebea no nsɛe kɛse na ma onii no nte afobuo nka anaasɛ wobɛkae wɔn wɔn mfomsoɔ no | Nhwɛsoɔ I know I shouldn’t have done it. You don’t have to remind me and rub salt in the wound. |
Kasakoa so far, so good | Nkyerɛaseɛ de bɛsi saa berɛ yi, nneɛma rekɔ yie | Nhwɛsoɔ This first month, they haven’t had any problems building the house. So far, so good. |
Kasakoa the straw that broke the camel’s back | Nkyerɛaseɛ ɔhaw ketewa bi a ɛwɔ nsunsuansoɔ kɛse ɛsiane sɛ ɛyɛ ɔhaw bebree a ɛdidi soɔ no mu deɛ ɛtwa toɔ | Nhwɛsoɔ We had a terrible week. Everything was going wrong. So when we missed the bus, that was the straw that broke the camel’s back. |
Kasakoa you’re pulling my leg | Nkyerɛaseɛ rebɔ mmɔden ama obi agye biribi a ɛnyɛ nokorɛ adi wɔ agorɔ kwan so; to wɔn mmradɛ | Nhwɛsoɔ No, that celebrity isn’t calling me. You’re pulling my leg. |
Note
Atwerɛ
Adesuafoɔ ani gye ho sɛ wobɛsua kasakoa. Nsusuiɛ ahoroɔ bi a ɛbɛboa wɔn ma wɔasua nie.
-
Yi kasakoa baako da biara kyerɛ adesuafoɔ no. Kyerɛkyerɛ ne nkyerɛaseɛ mu na ka nhwɛsoɔ ahoroɔ ho asɛm.
-
Ma adesuafoɔ nka kasakoa bi nkyerɛ wɔn kuo mma no mmaako, mmaako. Wɔbɛtumi afa kasakoa bi afiri deɛ ɛwɔ soro hɔ no mu anaa aka foforɔ a wɔnim. Adesuani biara bɛtumi ayɛ ne deɛ, anaa adesuafoɔ no bɛtumi ayɛ no baanu, baanu.
-
Ma adesuafoɔ mfa saa kasakoa yi ntoto kasakoa a ɛwɔ wɔn ankasa kasa ahoroɔ mu ho. Nhwɛsoɔ, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ nkuran wɔ tebea a emu yɛ den mu no, nnipa a wɔfiri United States ka sɛ, “Hang in there!” Nsɛm bɛn na ɛwɔ nkyerɛaseɛ korɔ no ara wɔ w’adesuafoɔ no kurom kasa ahoroɔ mu?