EnglishConnect for Missionaries
Nkekaho: Nkɔmmɔdie Kuo Agodie ahodoɔ


“Nkekaho: Nkɔmmɔdie Kuo Agodie ahodoɔ,” EnglishConnect 2 de ma Adesuafoɔ (2022)

“Nkɔmmɔdie Kuo Agodie ahodoɔ,” EnglishConnect 2 de ma Adesuafoɔ

Appendix

Conversation Group Games

Nkɔmmɔdie Kuo Agodie ahodoɔ

Agodie ahoroɔ bi a wode bɛsua Borɔfo wɔ akwankyerɛ nwoma yi mu. Wobɛtumi adi saa agorɔ yeinom wɔ ekuo nhyiamu biara mu. Fa nhyehyɛeɛ ne nsɛmfua firi adesua a wowɔ soɔ no anaa adesua dada bi mu yɛ adwuma. (Agodie yi mu bebree hia sɛ wo ne ɔhokani anaa ekuo ketewa bi yɛ adwuma.)

Questions (10–15 minutes)

Nsɛmmisa (sima 10–15)

nsɛmmisa ahyɛnsodeɛ mmiɛnsa

Steps

Anammon

  1. Yi asɛmmisa firi mmoano no mu. Kae sɛ wobɛtumi de nsɛmfua afoforɔ ahyehyɛ nsɛmmfua a wɔasensan aseɛ no ne kasasin no ananmu.

  2. Wo ne kuo no nkyɛ wo mmuaeɛ no.

  3. Monyi nsɛmmisa mmaako mmaako na monkyɛ mmuaeɛ no.

Questions to Review Patterns:

Nsɛmmisa a Mobɛsan ahwɛ mu Nhyehyɛeɛ:

  • What do you like doing? Why?

  • Tell me about your extended family.

  • How are you and your sister different?

  • Are you happy? Why or why not?

  • Tell me about where you live.

  • What were you like as a child?

  • Tell me about your weekly routine.

  • What did you do yesterday?

  • Where were you yesterday? Why?

  • When did you finish school?

  • What happened when you moved to the United States?

  • Tell me about shopping in your city.

  • Which phone is better?

  • Tell me about your neighborhood.

  • What will you do tomorrow?

  • Tell me about your favorite holiday.

  • Tell me about your plans for the summer.

  • What do you do when you are sick?

  • Tell me about a time when you got hurt. What happened?

  • Tell me about an event next week.

  • Tell me about your last vacation.

  • What are your future plans?

More Questions:

Nsɛmmisa Bebree:

  • What’s your favorite thing to do on the weekend?

  • What’s your favorite place to visit?

  • Tell me about your favorite memory from your childhood.

  • Describe your favorite family tradition.

  • Name one great thing about your family.

  • What is something you really want to do in the future?

  • What adjectives best describe you?

  • Where would you like to go on vacation?

  • What is your favorite movie?

  • Tell me about your greatest adventure.

  • Tell me about your favorite food.

  • What is your dream job?

  • Who is your role model? Why?

  • Why do you want to learn English?

  • Tell me about your best friend.

  • What is one of your current goals?

Notes

Atwerɛ

  • Mobɛtumi adi saa agorɔ yi wɔ ekuo no nyinaa mu anaa ekuo nketewa a nnipa baasa kɔsi baanum wɔ mu.

  • Wɔnhyɛɛ sɛ fa nsɛmmisa a ɛwɔ mmoano yi mu nko ara. Wobɛtumi ayɛ nsɛmissa afoforɔ. Wobɛtumi nso asesa nsɛmfua a wɔasensane aseɛ no ayɛ no nsɛmmisa afoforɔ.

  • Sɛ wopɛ sɛ woma saa agodie yi yɛ den a, monkyɛ mmuaeɛ a mokae firi kuo no mu nipa biara hɔ mmaako mmaako.

  • Wobɛtumi de saa nsɛmmisa yi aka agorɔ afoforɔ, te sɛ “Bicycle Chain” anaa “Ball Toss ho.”

Hot Seat (10–20 minutes)

Hot Seat (simma 10–20)

ɔbaa a ɔte hɔ a n’akyi hwɛ twerɛpono

Steps

Anammɔn

  1. Monyɛ akuo mmienu.

  2. Yi adesuafoɔ mmienu (adesuani baako mfiri ekuo biara mu). Saa adesuafoɔ yi tena ase a wɔhwɛ ekuo a (wɔte “hot seat”) no anim na wɔn akyi hwɛ twerɛpono no.

  3. Mo kyerɛkyerɛfoɔ twerɛ asɛmfua bi anaa kasasin bi wɔ twerɛpono no so. Adesuafoɔ a wɔwɔ “hot seat” no mu ntumi nhunu asɛmfua no.

  4. Ekuo no wɔ sima mmienu sɛ wɔde boa wɔn kuoba a ɔwɔ “hot seat” mu no dwennwene asɛmfua a ɛwɔ twerɛpono no so berɛ a wɔnka asɛmfua no.

  5. Onipa a ɔwɔ “hot seat” no mu a ɔbɛdi kan abɔ asɛmfua no din nya aba ma ne kuo no. Sɛ ekuo bi bɔ asɛmfua a ɛwɔ twerɛpono no so din berɛ a wɔreboa wɔn kuoba no adwennwene a, wɔnnya aba.

  6. Fai nsɛmfua afoforɔ ti mu.

Notes

Atwerɛ

  • Gyina kuo no kɛseɛ so yɛ akuo baako kɔsi mmiɛnsa.

  • Sɛ moreyɛ hyiamu no intanɛte so a, monni agorɔ sɛ kuo mua no nyinaa sene sɛ mobɛdi wɔ akuo akuo mu. Onipa baako wɔ “hot seat” no mu. Saa onipa yi nnim asɛmfua no. Onipa baako yɛ “ho mpopoeɛ mafoɔ.” “Ho mpopoeɛ mafoɔ” no yi asɛmfua bi na ɔma ho mpopoeɛ sɛdeɛ onipa no a ɔwɔ “hot seat” mu no bɛtumi adwennwene asɛmfua no ho.

Ball Toss (10–15 minutes)

Bɔɔl Totoɔ (sima 10–15)

abaayewa kura bɔɔl

Steps

Anammɔn

  1. Hwehwɛ bɔɔl, adeɛ mmrɛmmrɛ bi, anaa krataa a wɔamoamoa no.

  2. Yi asɛmmisa bi. (Fa bi firi adesua no mu anaa hwɛ “Nsɛmmisa” wɔ saa nkekaho yi mu)

  3. Bisa asɛmmisa no na to bɔɔl no ma adesuani no.

  4. Adesuani no kyere bɔɔl no na ɔbua asɛmmisa no.

  5. Adesuani no bisa asɛmmisa no bio na ɔto bɔɔl no ma adesuani foforɔ.

  6. Ti mu kɔsi sɛ adesuani biara a ɔwɔ kuo no mu abua asɛmmisa no. Afei fa asɛmmisa foforɔ hyɛ aseɛ bio.

Notes

Atwerɛ

  • Sɛdeɛ wobɛma saa agorɔ yi mu ayɛ den no, sesa asɛmmisa no berɛ biara a wobɛto bɔɔl no.

  • Sɛ morehyiamu wɔ intanɛte so a, bobɔ adin kyɛn sɛ wobɛtoto bɔɔlo.

Give One, Get One (10–20 minutes)

Give One, Get One (simma10–20)

Steps

Anammɔn

  1. Yi tiasɛm ma ekuo no (nhwɛsoɔ: abusua, akansie, anaa aduane).

  2. Twerɛ nsɛmfua dodoɔ a wonim fa tiasɛm bi ho sima baako kɔsi mmienu.

  3. Sɔre gyina hɔ na nante twa dan no ho Hwehwɛ ɔhokafoɔ.

  4. Wo ne wo hokafoɔ nkyɛ asɛmfua bi mfiri wo mmoano no mu. Wo hokafoɔ ne wo kyɛ asɛmfua bi. Sɛ ɛyɛ asɛmfua foforɔ a, fa ka wo mmoano no ho.

  5. Nante twa dan no ho bio. Hwehwɛ ɔhokafoɔ foforɔ. Ti mu.

Example

Tiasɛm: abusua

Ɔhokani A twerɛ:

  • mom

  • dad

  • sister

  • brother

Ɔhokani B twerɛ:

  • grandfather

  • grandmother

  • mother

  • father

  • aunt

  • uncle

A: What’s one word from your list?
B: Grandmother.
A: I don’t have that word. I’ll add it to my list.
B: What’s a word from your list?
A: Mom.
B: I have mother. I will write mom next to mother.

Adesuafoɔ no baanu nyinaa de nsɛmfua afoforɔ no ka wɔn mmoano ho.

Ɔhokafoɔ A mmoano:

  • mom

  • dad

  • sister

  • brother

  • grandmother

Ɔhokafoɔ B mmoano:

  • grandfather

  • grandmother

  • mother, mom

  • father

  • aunt

  • uncle

Notes

Atwerɛ

  • Yei yɛ kwan kɛseɛ a wode bɛasua anaa wode nsɛmfua afoforɔ a ɛnni adesua no mu bɛyɛ adwuma.

  • Sɛ morehyia wɔ intanɛte so a, ma obiara ne kuo no nyinaa nkyɛ asɛmfua baako mfiri wɔn mmoano mu kyɛn sɛ wɔbɛyɛ no baanu baanu.

Speculation—“I think that you …” (15–20 minutes)

Speculation—“Medwene sɛ wo …” (simma 15–20)

mmaa baanu a wɔresere

Steps

Anammɔn

  1. Dwene adeyɛ asɛm bi ho.

  2. Ka adeyɛ asɛm no den.

  3. Fa adeyɛ asɛm no yɛ nokorɛ kasamu bi fa adesuani foforɔ ho. Ka sɛ, “Medwene sɛ wo …” fa hyɛ wo kasamu no ase.

  4. Adesuani foforɔ no ka sɛ wo kasamu no yɛ nokorɛ anaa daabi.

  5. Sɛ ɛyɛ nokorɛ a, wonya aba baako. Sɛ ɛnyɛ nokorɛ a, wonnya aba biara.

  6. Adesuani a ɔbɛdi kan anya mma num na wadi nkonim!

  7. Wie afa 10 kɔsi 20 . Sesa adeyɛ asɛm no ma ɔfa biara.

Example

Adesuani A (kɔma adesuani B): The verb is like. I think that you like chocolate.

Adesuani B: That’s true! (Adesuani A nya aba baako.)

Adesuani B (kɔma adesuani C): I think that you like to play basketball.

Adesuani C: That’s not true! (Adesuani B nnya aba biara.)

Notes

Atwerɛ

  • Yɛ akuo a ɛyɛ nnipa baasa kɔsi baanum.

  • Saa agodie yi yɛ afa10 kɔsi 20 . Wobɛhia adeyɛ asɛm ama ɔfa biara. Monka adeyɛ asɛm foforɔ mmaako mmako berɛ biara a mobɛhyɛ ɔfa foforɔ ase.

Tell Me a Story! (5–15 minutes)

Ka Abasɛm bi Kyerɛ Me!

Steps

Anammɔn

  1. Wo ne ɔhokani anaa ekuo ketewa bi nyɛ.

  2. Onipa baako ka kasamu a edi kan wɔ asɛm bi a wɔayɛ mu.

  3. Onipa a ɔdi hɔ no ka kasamu a ɛtɔ so mmienu no.

  4. Monka kasamu no mmaako mmako kɔsi sɛ abasɛm no bɛba awieeɛ.

Example

A: Yesterday, Sara and Mari missed the bus to come to conversation group.
B: They waited for the next bus, but it didn’t come.
C: They started to walk to the church.
A: Luke was driving to conversation group and saw them walking.
B: He stopped so they could go with him.
C: Sara, Mari, and Luke arrived 20 minutes late.
A: Luke was happy to help Sara and Mari.
B: He said it was a blessing in disguise that he was late.
C: They all had a fun time.

Notes

Atwerɛ

  • Yɛ akuo a ɛyɛ nnipa baansa kɔsi baanum.

  • Wobɛtumi ama dwumadie yi ayɛ mmrɛ berɛ a wobɛkyerɛ mfonin bi de ahyɛ abasɛm no ase.

  • Kwan foforɔ a wobɛma dwumadie yi ayɛ mmrɛ ne sɛ wobɛma kuo biara de kasamu korɔ no ara ahyɛ aseɛ. Nhwɛsoɔ, kuo biara bɛtumi ahyɛ aseɛ sɛ “Me nnawɔtwe awieeɛ anyɛ papa” anaa “Na ɛyɛ da papa pa ara wɔ m’abrabɔ mu.”

Two Truths and One Lie (10–15 minutes)

Nokorɛ Mmienu ne Nkontompo Baako (simma10–15)

Steps

Anammɔn

  1. Dwene nneɛma mmienu a ɛyɛ nokorɛ fa wo ho ho. Yɛ adeɛ baako a ɛnyɛ nokorɛ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛfa nsɛmfua ne kasasin ahoroɔ a ɛfiri adesua bi mu.

  2. Kenkan wo nsɛm no den kyerɛ ɔhokani anaa kuo ketewa bi a nnipa baasa kɔsi baanum na wɔwɔ mu.

  3. Wo kuo mma bisabisa wo nsɛm sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ asɛm a ɛnyɛ nokorɛ. Bua wɔn nsɛmmisa no.

Example

Kuo ba 1: “I like pizza. I like French fries. I like chocolate. Which is not true?”

Kuo foforɔ mma bisabisa nsɛm:

Q: What is your favorite kind of pizza?
A: I like cheese pizza.
Q: What is your favorite candy bar?
A: I like chocolate and caramel.
Q: Where do you like to get French fries?
A: I don’t have a favorite place.

Kuo foforɔ mma kyerɛ: “I think you don’t like French fries.”

Kuo ba 1: “That’s right! I don’t like French fries.”

Vocabulary Cards (10–15 minutes)

Nsɛmfua Nkrataa (simma 10–15)

ɔbarima a ɔretie

Steps

Anammɔn

  1. Twerɛ nsɛmfua 5 kɔsi 10 wɔ nkrataa nketewa so (nkrataa a a ɛtumi fam yɛ adwuma kɛse) Hyehyɛ nkrataa nketewa no.

  2. Hwehwɛ ɔhokani.

  3. Butu nkrataa nketewa a woahyehyɛ no sɛdeɛ wonhunu nsɛmfua no. Wo ne wo hokafoɔ nsesa deɛ moahyehyɛ no.

  4. Yi krataa bi. Nhwɛ asɛmfua no. Pagya krataa no kɔduru wo moma so. Wo hokani kyerɛkyerɛ asɛm no (anaa ɔma nkyerɛaseɛ), sɛdeɛ wobɛtumi akyerɛ asɛmfua a ɛwɔ krataa no so no. Sɛ wotumi kyerɛ a, wonya aba baako.

  5. monyɛ no mmaako mmaako. Ti mu ma krataa biara a ɛwɔ wo mmoano no mu.

Notes

Atwerɛ

  • Yei yɛ kwan kɛseɛ a wɔfa so sua nsɛmfua.

  • Sɛ morehyia mu wɔ intanɛte so a, wo ne kuo no nyinaa nyɛ kyɛn sɛ mobɛyɛ no baanu baanu. Obiara yɛ nsɛmfua mmoano. Mfa wo mmoano no nkyerɛ kuo no. Monyi asɛmfua baako mfiri mo mmoano no mu mmaako mmaako. Ka ho asɛm kyerɛ kuo no berɛ a wommɔ asɛmfua no din. Kuo mma kyerɛ asɛmfua no.

Dice Game 2 (10–15 minutes)

Ludu aba Agorɔ (simma10–15)

Steps

Anammɔn

ludu aba mmienu
  1. Wohia ludu aba mmienu (anaa nkrataa a wɔatwerɛ so nɔma 1 kɔsi 6).

  2. Yi adeyɛ nsɛm nsia na twerɛtwerɛ gu pono a wɔama no nɔma 1-kɔsi 6 so.

  3. Yi nsɛmfua, dinnsiananmu, anaa adeyɛ kabea afoforɔ na twerɛ wɔ pono a wɔama no nɔma 1-kɔsi 6 so.

  4. Wo ne ɔhokani anaa kuo ketewa bi a wɔyɛ baasa anaa baanum nyɛ. To ludu aba no. Fa nɔma mmienu a woto no nyinaa yɛ kasamu a ɛne nsɛmfua no hyia. monyɛ no mmaako mmaako.

Example

Ɔkyerɛkyerɛni no twerɛ adeyɛ nsɛm ne kabea ahoroɔ a edidi soɔ yi wɔ twrɛpono no so:

Adeyɛ nsɛm

  1. eat

  2. play

  3. talk

  4. laugh

  5. go

  6. buy

Kabea ahodoɔ

  • 1, 3, 5 = past tense

  • 2, 4, 6 = present tense

Adesuanini 1 to ludu aba no na ɔnya 6 ne 3. Ɔde tɔ + twam kabea yɛ kasamu.

  • “I bought rice and chicken at the store last night.”

Adesuani 2 to ludu aba no na ɔnya 4 ne 6. Ɔde sere + seesei kabea yɛ kasamu.

  • “I always laugh at my dog. He’s so silly.”

Adesuani 3 to ludu aba no na ɔnya 1 ne 5. Ɔde di + twam kabea yɛ kasamu.

  • “I ate pizza for lunch.”

Notes

Atwerɛ

  • Yei yɛ kwan pa a wɔde sua kabea (twam, seesei, daakye) anaa kasa mmara nhyehyɛeɛ afoforɔ (berɛ a wɔde ansa na ne akyire, nsɛmmisa, nsɛm a ɛyɛ daabi, ne deɛ ɛkeka ho) di dwuma.

  • Sɛ morehyia mu wɔ intanɛte so a, monyɛ no sɛ kuo mua. Momfa intanɛte so ludu aba na monyɛ kasamu mmaako mmaako.

Bicycle Chain (in person) (10–20 minutes)

Bicycle Chain (anim-ne-anim) (simma 10–20)

Saa dwumadie yi yɛ adwuma ma kuo a wɔrehyia mu anim-ne-anim nko ara.

Steps

Anammɔn

  1. Yi asɛmmisa bi. (Fa baako firi adesua no mu anaa hwɛ “Nsɛmmisa” wɔ saa nkekaho yi mu.)

  2. Monyɛ santene mmienu a mohwɛ mo ho mo ho anim.

    Santene mmienu a wɔrehwɛ wɔn ho wɔn ho anim ho
  3. Nkorɔfoɔ no a wɔrehwɛ wɔn ho anim no yɛ ahokafoɔ.

  4. Ahokafoɔ no bisa na wɔbua asɛmmisa no.

    Santene 2 a obiara kɔ onipa a ɔwɔ wɔn nifa so no gyinabea ho mfonin.
  5. Monkɔ no wɔ kanko mu sɛdeɛ obiara bɛnya ɔhokafoɔ foforɔ.

    Santene mmienu a wɔrehwɛ nkorɔfoɔ afoforɔ anim a ɛnyɛ deɛ wɔde wɔn hyɛɛ aseɛ no.
  6. Ahokafoɔ bisa na wɔbua asɛmmisa no.

  7. Ti anammɔn 5 ne 6 mu.

Notes

Atwerɛ

  • Sɛ wowɔ nnipa a wɔn dodoɔ nyɛ pɛ a, yɛ kuo baako a nnipa baasa wom.

Mingle and Share (in person) (10–15 minutes)

Frafra na Kyɛ (anim ne anim) (sima10–15)

Saa dwumadie yi yɛ adwuma ma kuo a wɔrehyia mu anim ne anim nko ara.

nnipa baanu rekasa

Steps

Anammɔn

  1. Yi asɛmmisa bi. (Fa bi firi adesua no mu anaa hwɛ “Nsɛmmisa” wɔ saa nkekaho yi mu.)

  2. Sɔre gyina hɔ pɛ ɔhokani.

  3. Bisa wo ɔhokafoɔ asɛmmisa no. Kae wo hokafoɔ mmuaeɛ no. Bua wo hokafoɔ nsɛmmisa no.

  4. Nante twa dan no mu hyia pɛ ɔhokafoɔ foforɔ. Bisa na bua nsɛmmisa. Wo ne ahokafoɔ afoforɔ no nti mu mpɛn pii. Kae w’ahokafoɔ mmuaeɛ nyinaa.

  5. Sane kɔtena ase. Wo ne kuo no nkyɛ deɛ wosuaeɛ.

Example

Question: What do you like to do?

Adesuafoɔ nantenante bisa na wɔne ahokafoɔ afoforɔ bua nsɛmmisa no.

  • Sara: What do you like to do?

    Mei: I like to dance. What do you like to do?

    Sara: I like to go to karaoke.

    Mei: What’s your favorite song to sing?

    Sara: I don’t have a favorite song. I really like to sing with other people.

    Mei: What do you like to do?

    Lee: I like to play video games. What do you like to do?

    Mei: I like to dance. What is your favorite game?

    Lee: I like strategy games.

Adesuafoɔ ne kuo no kyɛ deɛ wɔsuaeɛ.

  • Teacher: What does Mei like to do?

    Sara: She likes to dance.

    Teacher: What does Lee like to do?

    Mei: He likes to play video games.