Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔsanaa 2017
Akoma baako
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm. Kwan bɛn so na sɛ yɛte Mmaa Kuo botaeɛ aseɛ a, ɛbɛboa ama Onyankopɔn mma mmaa anya daa nkwa ho nhyira?
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
“Na Awurade no frɛɛ ne manfoɔ sion, esiane sɛ na wɔwɔ akoma baako ne adwene baako, na na wɔte wɔ tenenee mu; nan a ohiani biara nni wɔn mu” (Moses 7:18). Kwan bɛn so na yɛbɛyɛ baako?
Ɛlda M. Russel Ballard a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo ho no aka sɛ: “Brɔfo kasa ‘atonement’ a ɛkyerɛ mpata nhini ne asɛm baako. Sɛ anka nnipa nyinaa te wai ase a, anka yɛbɛdwene obiara ho, mfa ho ne ne mfie, baabi a ɔfiri, ne som, ana ne gyinabea ana nedibea. Yɛbɛbɔ mmɔden asua Agyenkwa no na yɛnnyɛ atirimuɔden, ahomasoɔ a yɛn nnwene obiara ho.”1
Titenani Henry B. Eyring, Fotufoɔ a Ɔdikan wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no akyerɛ sɛ: “beaɛ a nnipa no wɔ honhom no, wɔn bɛtumi anya asomdwoeɛ. … Onyankopɔn Honhom no mpɛ sakasaka yɛ da (hwɛ 3 Nifae11:29). …Ɛerɛ yɛn asomdoeɛ na ɛde nkabom ba yɛne afoforɔ ntam.”2
Ɔrekasa afa abusua akwansideɛ ho no, Carole M. Stephens a ɔsomm sɛ Fotufoɔ a Ɔdikan wɔ Amansan Mmaa Kuo Atitenafoɔ mu aka sɛ: “Mennkɔɔ awaregyaiɛ mu da, ɔyaw ne ankonam a ɛwɔ mu, ana asodie a ɛwɔ ankonam abayɛn mu. Meba nwuu da, menyɛɛ bonii da na mekɔn nnɔɔ mmaa da. Obiara ntan m’ani da, biribi mfaa me nomum da na mennyaa koankorɔ yareɛ biara da. Yeinom nyɛ nneɛma a ɛtwe me mu.
“… nanso wɔ m’abrabɔ mu nsɔhwɛ mu no … m’ahunu wɔn a wɔte aseɛ … Na bio, manya suahunu wɔ asetena mu nsɔhwɛ nyinaa bi ɛnam mebabaa, me maame, nana, nuabaa, sewaa ne m’adamso.
“Akwannya a yɛwɔ sɛ Nyankopɔn apam –korafoɔ mma mmaa ne sɛ yɛbɛnya suahunu afiri yɛakwansideɛ mu; na yɛbɛboa afoforɔ wɔ Nyankopɔn abusua mu wɔ berɛ a wɔrekɔ nsɔhwɛ mu.”3
Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho
John 17:20–23; Ephesians 4:15; Mosiah 18:21–22; 4 Nifae 1:15
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim wɔ USA. Brɔfo ho kwan ma: 6/17. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Nsrahwɛ Visiting Teaching Message, September 2017. Twi 97929 503