Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɛbɔ 2017
Nkɔmhyɛfoɔ a wɔma yɛn akwankyerɛ
Mfie kakera ni, na mete ɛdan a Atitenafoɔ a Wɔdikan ne Asomafoɔ Dumienu Kuofoɔ no hyia nnawɔtwe biara wɔ Salt Lake Tɛmpol mu. Mepegyaa m’ani hwɛɛ ɛban a ɛkyerɛ Atitenafoɔ a Wɔdikan no anim na mehunuu Asɔre no Atitenafoɔ a wɔn adikan no nyinaa mfoni.
Berɛ a merehwɛ wɔn, m’adinkanfoɔ no—firi Nkɔmhyɛni Joseph Smith (1805-44) so bɛsi Titenani Gordon B. Hinckley (1910-2008) so—mekaa sɛ, “M’ani sɔ wɔn mu biara akwankyerɛ.”
Yienom yɛ nnipa titiriw a wɔn ampaaba da, annyɛ mfomsoɔ da, na wɔn anni nkuguo da. Yienom yɛ Nyame nnipa. Sɛ medwene ɛnɛi nkɔmhyɛfoɔ a menim na medɔ a, mekai wɔn abrabɔ, wɔn suban, ne wɔn nkuranhyɛ nkyerɛkyerɛ.
Titenani Heber J. Grant (1856–1945) ne Asɔre no Titenani wɔ berɛ a wɔwoo me. Sɛ medwene n’abrabɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho a, megyidi sɛ suban a Titenani Grant daa no adi ne nketesie—nketesie wɔ nneɛma a ɛyɛ na animuonyam wɔ mu.
Na Titenani George Albert Smith (1870–1951) yɛ Asɔre no Titenani berɛ a na mesom wɔ asɔre no mu sɛ ɔhwɛfoɔ wɔ Salt Lake Kuropɔn mu. Ɔhunuu sɛ twe-ma-mentwe kɛseɛ da Awurade ne ɔsɛifoɔ no ntam. “Sɛ wo bɛgyina Awurade no afa a,” ɔkyerɛɛi, “ne nsunsuansoɔ bɛba mo so na monnya ɔpɛ sɛ mo bɛyɛ bɔne.”1
Titenani David O. Mckay (1873–1970) na ɔfrɛɛ me kɔɔ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu. Ɔnam n’abrabɔ so kyerɛɛ sɛ yɛn nnwene afoforɔ ho. Ɔkaa sɛ “Kristosom mapa yɛ ɔdɔ a nnwuma ka ho.”2
Titenani Joseph Fielding Smith (1876–1972), Asɔre no twerɛtwerɛfoɔ kɛseɛ baako a na asɛmpa no mu adesua ka n’abrabɔ ho. Ɔsuaa twerɛnsɛm dabiara na na ɔnim mu nkyerɛkyerɛ kɔsi sɛdeɛ nnipa bɛtumi ahunu biara
Na Titenani Harold B. Lee (1899–1973) yɛ me stake titenani berɛ a na meyɛ abarima. Asɛm baako a na ɔtaa ka ne “Gyina mmeaɛ a ɛyɛ kronkron, na mɛmmfiri hɔ.”3 Ɔhyɛɛ Ahoteɛfoɔ no nkuran sɛ wɔntie Honhom Kronkron no nne na wɔn nyɛ so adwuma.
Megyidi sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛda adi wɔ Titenani Spencer W. Kimball (1895–1985) abrabɔ mu ne ahofama. Ɔde neho nyinaa maa Awurade. Ɔsan nso de ahofama dii asɛmpa no so.
Berɛ a Titenani Ezra Taft Benson (1899–1994) bɛyɛɛ Asɔre no Titenani no, ɔfrɛɛ me sɛ mensom sɛ Fotufoɔ a Ɔtɔ so Mienu wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no mu. Ɔdɔ ne n’akwankyerɛ nkyerɛkyerɛ a ɛda adi wɔ asɛm a Agyenkwa no kaaɛ: “nnipa bɛn na ɛwɔ sɛ mo yɛ? Nokware mese mo sɛ, mpo sɛdeɛ me teɛ no ara pɛpɛɛpɛ no.”4
Titenani Howard W. Hunter (1907–95) yɛ obi a na aberɛ biara ɔhwihwɛ deɛ ɛyɛ wɔ afoforɔ mu. Na ɔdi ne ho ni; na ɔwɔ ahobraseɛ. Ɛyɛ m’anisɔ sɛ na meyɛ ne Fotufoɔ a Ɔtɔso Mienu.
Titenani Gordon B. Hinckley kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ yɛn ho mmɔden. Ɔdii adanseɛ keseɛ faa Agyenkwa no ho ne Ne botaeɛ. Ɔde ɔdɔ kyerɛɛ yɛn adeɛ. Ɛyɛ animuonyan hyɛ ne nhyira sɛ mesoom no sɛ ne Fotufoɔ a Ɔdi Kan.
Agyenkwa no soma nkɔmhyɛfoɔ ɛsiane sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛduru amansan nhyiamu wɔ Ahinime mu a, Asɔre no Amansan Akandifoɔ no bɛnya kwan bio aka N’asɛm no. Yɛde ahobraseɛ ne anidie kɛseɛ na ɛyɛ saa asɛdeɛ yi.
Nhyira ne yɛn sɛ Yesu Kristo Asɔre no asan aba asaase yi so bio na wakyekyere asɔre no wɔ adiyiefapem so. Wei ne Yesu Kristo Asɛmpa no mu adetitire no.
Moma yɛn nsiesie yɛn ho sɛ yɛbɛnya yankasa adiyisɛm a ɛba mmorosoɔ wɔ amansan nhyiam mu. Nketeesie nhyɛ yɛakoma mu ma wɔ berɛ a yɛapegya yɛn nsa regye asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ no ato mu. Momma yɛnnya nhunumu, ɛnkanyan, awerɛkyekyerɛ ne ahoɔden berɛ a yɛretie wɔn nkransɛm. Na momma yɛn nyɛ ahoboa sɛ yɛbɛsan de yɛn ho ama Awurade Yesu Kristo—N’asɛmpa ne N’adwuma—na yɛasi agyinaeɛ foforɔ de adi Ne mmransɛm so, ayɛ N’apɛdeɛ.
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim wɔ USA. Brɔfo ho kwan ma: 6/17. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Atitenafoɔ a First Presidency Message, September 2017. Twi 97929 503