Amansan Nhyiamu
Retwe Abɛn Agyenkwa no
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Retwe Abɛn Agyenkwa no

Yɛrehwehwɛ ahunu na yɛadɔ Agyenkwa no, yɛte yɛn ho firi wiase mu nam apam a yɛ ne Onyankopɔn wɔ so, na yɛda nso, ma yɛn ho yɛna, ne sononko berɛ a yɛdi Ɔne Ne nkyerɛkyerɛ nni, berɛ a yɛntwe yɛn ho mfiri wɔn a wɔn gyedie da nso.

Menuanom mmarima ne mmaa, anwummerɛ yi mekasa kyerɛ Yesu Kristo akyidifoɔ ahobrɛaseɛfoɔ ne adɔfoɔ. Sɛdeɛ mehunu mo abrabɔ papa ne mo gyedie wɔ Yesu Kristo mu wɔ saa ɔman yi mu, ne aman a atwa wiase afanan ho ahyia no, Medɔ mo nyinaa dodo.

Ne som reba awieɛ no, Yesu akyidifoɔ no bisaa No sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn “ [Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu] no ho nsɛnkyerɛnneɛ, ne wiase awieeɛ no.”1

Yesu kakyerɛɛ wɔ sɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛbɛdi Ne mmaeɛ no anim na ɔpaee mu de wiee sɛ, “Sɛ mohunu yeinom nyinaa a, [mobɛ] hunu sɛ [mmerɛ no abɛn.”2

Wɔ amansan nhyiamu a ɛtwaa mu no, metiee Titenani Henry B. Erying nsɛm yie: “Yɛn mu biara,” ɔsee, “baabi a yɛwɔ biara, nim sɛ yɛwɔ mmerɛ a ɛrekɔ so yɛ hu mu. Obiara a ɔwɔ ani de hunu ɛnnɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne aso de tie nkɔmhyɛfoɔ nsɛm no nim sɛ ɛyɛ nokorɛ.”3

Agyenkwa no kamfoo N’asuafoɔ akokoɔdurufoɔ no: “Nhyira ne mo ani, sɛ mo hunu: ne mo aso, ɛfiri sɛ ɛteɛ.”4 Ma saa nhyira yi ɛnyɛ yɛn dea berɛ a yɛretie Awurade nsɛm nam nkɔmhyɛfoɔ so wɔ saa nhyiamu yi mu.

Ayuo ne Wura

Awurade no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ mmerɛ a ɛtwa toɔ yi mu ansa na Ne mmaeɛ aba no, “ayuo,” a ɔkyerɛɛ mu sɛ “ahemman no mu mma ,”5 ne ayuo no bɛnyini abɔ mu “wura,” anaasɛ wɔn a wɔnnɔ Onyankopɔn ne Ne mmaransɛm no. Wɔn nyinaa “bɛnyini abɔ mu”6 afa afa.

Yei ne yɛn wiase de kɔsi sɛ Agyenkwa no bɛsan aba, na dodoɔ no a ɛyɛ papa no ne dodoɔ no a ɛyɛ bɔne no wɔ afa afa.7

Ɛtɔ da a wonte nka sɛ woyɛ ayuo dua a ɛwɔ ahoɔden, na anyini. Nya wo ho aboterɛ! Awurade kaa sɛ ayuo no bɛka ahahan a ayɛ bɛtɛɛ na ɛrefefɛ no ho.8 Yɛn nyinaa, yɛ Ne Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ, na mmom nyɛ deɛ yɛrehwehwɛ ayɛ nyinaa ni, yɛn ani abere wɔ yɛn pɛ mu sɛ yɛbɛyɛ N’asuafoɔ nokwafoɔ.

Yɛnhyɛ Yɛn Gyidie wɔ Yesu Kristo mu Den

Yɛhunu sɛ sɛdeɛ bɔne redɔɔso wɔ wiase mu no, yɛn honhom mu asetenane wɔn a yɛdɔ wɔn asetena mu, bɛhia sɛ yɛtete, hyɛden, hyɛ mu kena, na yɛhyɛ yɛn nhini wɔ Yesu Kristo gyedie mu den. Osuani Paulo tuu yɛn fo sɛ yɛntintim,9 y’ani nna hɔ, na yɛnnyina10 pintinn wɔ ɔdɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no ne yɛn mmɔden a yɛrebɔ adi N’akyi no. Ɛnnɛ ne nna a ɛdi y’anim no hia ahwɛyie ne anidahɔ mmɔden, rewɛn atia kwanfom ne aniannahɔ.11

Mpo wɔ wiase ahonyadeɛ nsunsuansoɔ a ɛredɔɔsoɔ a atwa yɛn ho ahyia no, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu. Awurade mpo N’apam nkorɔfoɔ da. Mpata honhom tumi akyɛdeɛ ne soro akwankyerɛ bi wɔ hɔ ma ateneneefoɔ.12 Saa nhyira yi a ɛka honhom tumi ho no, mmom, ɛtena yɛn so sɛ yɛka awoɔntoatoasoɔ yi ho. Ɛba berɛ a yɛhyɛ yɛn gyedie wɔ Awurade Yesu Kristo mu no den na yɛdi Ne mmaransɛm so, berɛ a yɛte No ase na yɛdɔ no. “Na yei ne daa nkwa,” Yesu kaaeɛ“ sɛ wɔbehu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne Yesu Kristo, a wosomaa no no.”13

Sɛdeɛ yɛnim yie no, worenya gyedie wɔ Yesu Kristo mu na wayɛ suani nokwafoɔ na mu boro dakoro pɛ nsusuiɛ—ɛboro dakoro pɛ dwumadie so. Ɛyɛ kronkron adeɛ a, ɛrekɔ so na ɛnyini na ɛtrɛ fa yɛn abrabɔ mmerɛ mu, toaso ara kɔsi sɛ yɛbɛbu nkotodwe wɔ Ne nan ase.

Na ayuo no renyini wɔ wura no ntam wɔ wiase mu, sɛn na yɛbɛtumi adɔ sukɔ na yɛahyɛ yɛn ahofama ma Agyenkwa no mu den wɔ nna a ɛdi y’anim no?

Adwenkyerɛ mmiɛnsa nie:

Yɛnnɔsukɔ wɔ Yesu Abrabɔ mu

Deɛ ɛdi kan, yɛbɛtumi de yɛn ho awura mu yie wɔ Yesu abrabɔ mu, Ne nkyerɛkyerɛ, Ne kɛseyɛ, Ne tumi, ne Ne dima afɔrebɔ mu. Agyenkwa no kaa sɛ, “Fa w’ani to me so wɔ nsusuiɛ biara mu.”14 Ɔsomafoɔ Yohane kae yɛn sɛ, “Yɛdɔ no, ɛfiri sɛ ɔdii kan dɔɔ yɛn.”15 Berɛ a yɛrenya suahunu wɔ Ne dɔ mu yie no, yɛdɔ no dodo mpo boro sɛdeɛ wɔrehwehwɛ, di Ne dɔ nhwɛsoɔ so yie na yɛhwɛ wɔn a wɔatwa yɛho ahyia yie. Wɔ tenenee anammɔntuo biara a yɛde bɛn No no, yɛhunu No yie pa ara.16 Yɛ kamfo No, na yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛsua No.17

Ɛne Awurade no nyɛ Apam

Deɛ ɛdi hɔ, berɛ a yɛhunu na yɛdɔ Agyenkwa no, yɛnya ɔpɛ bebree sɛ yɛhyɛ No bɔ wɔ yɛn akyitae ne gyedie mu. Yɛ ne No yɛ apam. Yɛde y’asubɔ bɔhyɛ hyɛ aseɛ, na yɛgye saa bɔhyɛ yi ne afoforɔ to muberɛ a yɛsakyera dabiara, bisa bɔnefakyɛ, na yɛde nsiyɛ hwɛ kwan sɛ yɛbɛgye Awurade adidi no nnawɔtwe biara. Yɛhyɛ bɔ sɛ “yɛbɛkae no mmerɛ nyinaa na yɛadi ne mmaransɛm so.”18

Sɛ yɛwie ahoboa yɛ a, yɛsɔ tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam mu. Yɛrete ɛnniawieɛ nsunsuansoɔ nka wɔ yɛn kronkron, komm mmerɛ mu wɔ Awurade fie no, yɛde anigyeɛ ne Onyankopɔn yɛ apam na yɛhyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛdi so.

Yɛreyɛ na yɛadi apam so ma Agyenkwa no ho dɔ wura y’akoma mu dɔ sukɔ. Wɔ bosome yi Laehona, mu Titenani Nelson kaa sɛ: “[Yɛn] apam bɛdi y’anim abɛn No nkakra nkakra. Onyankopɔn nto N’ayɔnkofa a wɔne wɔn a wɔapere ne no yɛ nkabɔmu no asaworam.”19 Na sɛdeɛ Titenani Nelson kaa no fɛfɛɛfɛ anɔpa yi no, “Tɛmpol foforɔ biara a wɔbɛbue ano no, Onyankopɔn tumi foforɔ bɛka asase so deɛ no ho de ahyɛ yɛn den de ko atia ɔsɛefoɔ no mmɔden a ɛredɔɔsoɔ no.”20

Yɛbɛtumi ahunu deɛ nti a Awurade ma Ne nkɔmhyɛni akwankyerɛ sɛ ɔmfa tɛmpol mmɛn yɛn na ama yɛakɔ Ne fie mpɛn bebree no?

Sɛ yɛwura tɛmpol mu a, wɔgye yɛn mmerɛ kakra firi wiase nsunsuansoɔ a ɛsɔretia yɛn, berɛ a yɛsua yɛn botaeɛ wɔ abrabɔ mu ne ɛnni awieɛ akyɛdeɛ wɔde ma yɛn nam Y’Agyenkwa, Yesu Kristo so.

Bɔ Sunsum Kronkron Akyɛdeɛ no ho ban

Ɛtwa toɔ, me nsusuiɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa: Wɔ saa abisadeɛ kronkron yi mu no, yɛsom no, bɔ ho ban, ma ahobammɔ wɔ Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no ho. Titenani M. Russell Ballard anɔpa yi ne Elder Kevin W. Pearson nyinaa a ɛkyɛreɛ kasa faa Titenani Nelson nkɔmhyɛ kɔkɔbɔ ho a mepɛ sɛ meti mu bio: “Ɛnyɛ bɛtɛɛ sɛ yɛbɛtena ase honhom fa mu berɛ a akwankyerɛ, awerɛkyekyerɛ, ne Sunsum Kronkron no nhyɛsoɔ nka ho.”21 Ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛsomboɔ yie. Yɛbɔ yɛn ho mmɔden bɔ yɛn daadaa suahunu ho ban sɛ Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ bɛka yɛn ho. Yɛyɛ kanea ma wiase, na berɛ a ɛsɛ mu, yɛfiri yɛn pɛ mu yi sɛ yɛbɛda nso afiri afoforɔ ho. Titenanit Dallin H. Oaks bisaa mmabunu no nnansa yi sɛ: “Mosi [mo] bo sɛ mobɛda nso anaa? [Titire] deɛ ɛhia pa ara yɛ deɛ moyi a moreyɛ wɔ mo abrabɔ mu. Morekɔ nkan de atia wiase sɔretia?”22

Fa sɛ Mobɛda Nso afiri Wiase mu

Nnansa yi deɛ ɛbɛtɔɔ dwa wɔ amansan nkutahodie pono so, mebisaa me mfɛfoɔ asuafoɔ sɛ wɔnkyɛ deɛ wɔayi a ɛhiaa sɛ wɔda nso firi wiase mu. Menyaa mmuaeɛ boro ɔha.23 Kakra bi nie:

Amanda: Meyɛ nɛɛse a mereyɛ adwuma wɔ nnaduafie mu. Mebɔ mmɔden hwɛ nnaduafoɔ so sɛdeɛ Kristo bɛyɛ no.

Rachel: Meto nnwom gyegye nkorɔfoɔ ani, na wɔsusu sɛ mɛhyɛ atadeɛ biara a wɔde bɛma me, a ɛmfa ahonidie ho. [ Ɛsians sɛ magye akyɛdeɛ kronkron nti,] meka kyerɛɛ [ahwɛsofoɔ] no sɛ atadeɛ a wɔdema me no bɛhia [ahonidie]. Wɔn ani annye ho nanso wɔde amemenfe yɛɛ nsiesie no. Memfa asomdwoeɛ a ɛfiri sɛ meregyina sɛ Kristo adanseni mu ba mmerɛ nyinaa no nto kyakya.

Chriss: Meyɛ sadweam a (mewɔ ɔgyeɛ mu), tɛmpol-fata, Asɔre ba. Menyɛ anomum fa mesuahunu ho wɔ ntekasoɔ ne adanseɛ a merenya wɔ [Yesu Kristo] Mpata no ho.

Lauren: Na me ne me gyinapɛnfoɔ retwerɛ anwonsɛm wɔ sukuupɔn mu . Na wɔpɛ sɛ wɔde me kommyɛ, suban a makora no nya kasafi mpofirimu bi. Wɔkɔɔ so haw me, nanso megyinaa me nanso pintinn.

Adam: Nnipa pii na wɔnnye me nni sɛ meka sɛ medi ahonidie mmara no so na mayi sɛ matwe me ho afiri adwamman mfoni ho a. Wɔnte anigyeɛ ne adwene mu asomdwoeɛ ho mfasoɔ a ɛde ma me no ase.

Ella: Me papa yɛ LGBTQ kuo no ba. Mmerɛ nyinaa mebɔ mmɔden sɛ mɛdwene nkorɔfoɔ afoforɔ atenka ho berɛ a megyina sɛ Kristo danseni na medi nokorɛ ma deɛ megyedie.

Andrade: Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ so akɔ asɔre berɛ a m’abusua yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔnkɔ bio.

Deɛ ɛtwa toɔ no, Sherry: Na yɛrekɔ dwumadie bi ase wɔ amrado fie mu. Wɔhyɛɛ aseɛ kyekyɛɛ hyampeen sɛ “nsabranee.” Megyee nsuo mmon, ɛwɔ mu sɛ adwumayɛfoɔ no kaa sɛ ɛbɛyɛ abofono. Yɛsaa amrado no mmrane, a na mekuta me nsuo kuruwa wɔ soro! Anyɛ amrado no abofono.

Titeneni Nelson kaa sɛ, “Ampa mote wiase mu deɛ, nanso mowɔ susudua sononko firi wiase ho a ɛbɛboa mo ama mo akwati wiase nkenkaawa.”24

Anastasia, ɔbaatan kumaa bi a ɔwɔ Ukraine, na ɔwɔ asopiti a wawo ɔbabarima berɛ a topaeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ Kyiv saa Ɔgyefuo a ɛtwaa mu yi. Nɛɛse bi buee asopiti dan pono na ɔde ɛnne denden kaa sɛ, “Fa wo ba no, fa kuntu kyekyere ne ho, na kɔ asa so hɔ—seesei ara!

Akyire yi, Anastasia kasaa ho:

“Mannsusu sɛ me nna a ɛdi kan wɔ baatanyɛ mu bɛyɛ den sei, nanso metwe m’adwene si nhyira ne anwanwadeɛ a mahunu so.

“Seesei deɛ asɛ bɔnefakyɛ ntumi nsi ma wɔ a wɔasɛe adeɛ ne ɔhaw, nanso sɛ Kristo akyidini yi, mewɔ gyedie sɛ mɛtumi de akyɛ.

“Mennim deɛ ɛbɛsi daakye nyinaa deɛ, nanso menim sɛ y’apam kora bɛma Honhom no aka yɛn mmerɛ nyinaa ama yɛate anigyeɛ ne anidasoɔ nka, mpo mmerɛ a ɛyɛ den mu.”25

Daa Nkwa ne Sɛlɛtia Animuonyam Bɔhyɛ no

Menuanom mmarima ne mmaa, wɔahyira me sɛ me nsa aka yɛn Agyenkwa dɔfoɔ, Yesu Kristo dɔ no mmorosoɔ. Menim sɛ Ɔtease na Ɔbɔ N’adwuma kronkron no ho ban. Menni nsɛm pii a mede bɛkyerɛ me dɔ a mewɔ ma No.

Yɛn nyinaa yɛ “apam mma” a atrɛ afa aman a ɛwɔ asase so ne amammerɛ a ɛwɔ asasepɔn biara so, a ne dodoɔ yɛ ɔpepem mu, berɛ a yɛretwɛn yɛn Awurade ne Agyenkwa animuonyam mmaeɛ no. Yɛrehyerɛn sɛ hann ama wɔatwa yɛn ho ahyia no, yɛde ahwɛyie tenetene y’akɔnnɔ, nsusuiɛ ne nneyɛɛ. Yɛde y’akoma nyinaa rehwehwɛ na yɛahunu na yɛadɔ Agyenkwa no, yɛte yɛn ho firi wiase mu nam apam a yɛ ne Onyankopɔn wɔ so, na yɛda nso, ma yɛn ho yɛna, ne sononko berɛ a yɛdi Ɔne Ne nkyerɛkyerɛ nni, berɛ a yɛntwe yɛn ho mfiri wɔn a wɔn gyedie da nso.

Ɛyɛ akwantuo nwanwasoɔ sɛ yɛbɛyɛ ayuo wɔ wura mu, ɛtɔ da a tipaeɛ asiane ka ho nanso yɛyɛ komm ɛnam yɛn gyedie anohoba a anyini so. Berɛ a yɛma yɛn dɔ ma Agyenkwa no ne Ne dɔ ma yɛn wura y’akoma mu dɔ sukɔ no, mehyɛ mo bɔ wɔ akokoɔduro, asomdwoeɛ, ne anigyeɛ a yɛde bɛko yɛn bra mu haw. Na Agyenkwa no hyɛɛ bɔ: “ [Mɛ] boaboa me nkorɔfoɔ ano, sɛdeɛ ayuo ne wura ho abebusɛm teɛ, sɛ ama makora ayuo no wɔ apata so na wɔanya nkwa a ɛnni awieɛ, na wɔahyɛ wɔn sɛlɛtia animuonyam ahenkyɛ no.”26 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Mateo 24:3.

  2. Mateo 24:33.

  3. Henry B. Eyring, “Steady in the Storms,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 27.

  4. Mateo 13:16; wɔsi so dua ka ho.

  5. Mateo 13:38.

  6. Mateo 13:30.

  7. Elder Neal A. Maxwell see: “Asɔremma bɛtena saa ayuo ne ntɛtɛ tebea yi mu akɔsi Milinium berɛ. Wura pa binom yɛ wɔn ho te sɛ ayuo” (“Becometh as a Child,” Ensign, Kɔtɔnima1996, 68).

  8. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 86:4, 6.

  9. Hwɛ Kolosefoɔ 2:7.

  10. Hwɛ Kolosefoɔ 1:23; hwɛ bio Efesofoɔfiso 3:17; Neal A. Maxwell, “Grounded, Rooted, Established, and Settled” (Brigham Young University devotional, Ɛbɔ 15, 1981), speeches.byu.edu.

  11. Mateo 13:22, Yesu bɔɔ N’asuafoɔ kɔkɔ sɛ mmma wɔn mma wiase mu dadwene “ankyekyere asɛm no” na ɛnsi wɔn honhom nkɔsoɔ kwan. Mepɛ sɛ mede kasasin “si asɛm no” bɔ Yohane tiri a ɛdi kan, no baabi a Yohane kaa asɛm no kyerɛ Yesu: “Mfitiaseɛ no na asɛm no wɔ hɔ, na asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nneɛma nyinaa; na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛɛeɛ” (Yohane 1:1, 3). Yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu, mmɔden sɛ yɛbɛdi N’akyi, yɛn Agyenkwa No ho dɔ bɛtumi asi, anaasɛ wɔsi ho kwan sɛ ɛnyini sɛdeɛ wɔama honhom mu hann ne nteteɛ abɔ no no. (hwɛ Alma 32:37–41).

  12. Hwɛ Neil L. Andersen, “A Compensatory Spiritual Power for the Righteous” (Brigham Young University devotional, Aug. 18, 2015), speeches.byu.edu.

  13. Yohane 17:3.

  14. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:36.

  15. 1 Yohane 4:19.

  16. Elder David B. Haight kaa sɛ:

    “Ɛyɛ nokorɛ sɛ ebinom ahunu Agyenkwa no ampa, nanso sɛ obi hwɛ kasɛsoɔ nwoma mu a, ɔhunu sɛ nkyerɛaseɛ bebree wɔ asɛmfua hunu, no ho te sɛ rebɛhunu No, rete no aseɛ, rehunu Ɔne N’adwuma, rete hia a Ne ho hia ase, anaasɛ reba abɛte N’aseɛ.

    “Saa ɔsoro nhumu ne nhyira no wɔ hɔ ma yɛn mu biara” (“Temples and Work Therein,” Ensign, Obubuo 1990, 61).

  17. Hwɛ Mosaya 5:13.

  18. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77.

  19. Russell M. Nelson, “Onniawieɛ Apam No,” Laehona, Ahinime 2022, 5.

  20. Russell M. Nelson, “What Is True?,” Liahona, Obubuo 2022, 29.

  21. Russell M. Nelson, “Adiyisɛm ma Asɔre no, Adiyisɛm ma Y’Abrabɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2018, 96.

  22. Dallin H. Oaks, “Going Forward in the Second Century” (Brigham Young University devotional, Sept. 13, 2022), speeches.byu.edu. Titenani Oaks penee asɛmsini “yɛ na da nso” asɛm bi ɛwɔ Deseret Magazine by Elder Clark G. Gilbert, the Church Educational System’s Commissioner, on preserving religious identity in higher education (see “Dare to Be Different,” Deseret Magazine, Ɛbɔ 2022, deseret.com).

  23. Sɛ wopɛ sɛ wosua firi afoforɔ a wɔka faa sɛdeɛ wɔ daa nso firi wiase no mu a, wobɛtumi akenkan wɔn nsɛm no wɔ Facebook (hwɛ Neil L. Andersen, Facebook,Ɔsanaa 18, 2022, facebook.com/neill.andersen) or Instagram (see Neil L. Andersen, Instagram, Ɔsanaa 18, 2022, instagram.com/neillandersen)

  24. Russell M. Nelson, “Hope of Israel” (worldwide youth devotional, Ayɛwohomumu 3, 2018), HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org.

  25. Anastasia Kocheva, “Facing the Conflict in Ukraine, Healing the Conflict in My Heart,” YA Weekly, Kɔtɔnima 2022.

  26. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 101:65.