Amansan Nhyiamu
Na Wɔhwehwɛɛ sɛ Wɔhunu deɛ Yesu Yɛ
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Na Wɔhwehwɛɛ sɛ Wɔhunu deɛ Yesu Yɛ

Medi adanseɛ sɛ Yesu te ase na ɔnim yɛn, na ɔwɔ ayaresa tumi, na ɔsiesie, na ɔde bɔne kyɛ.

Mmarima, mmaa, ne namfonom, wɔ afe 2013 ɔfrɛɛ me ne me yere, Laurel sɛ akannifoɔ wɔ Czech/Slovak Asɛmpatrɛ no mu. Yɛn mma nan ne yɛn someeɛ.1 Whyira sɛ abusua ɛnam asɛmpatrɛ animdefoɔ a yɛnyaeɛ ne akunini Czech ne Slovak Ahotefoɔ no. Yɛ dɔ wɔn.

Wɔ berɛ a yɛduruu asɛmpatrɛ asase no so no, yɛde Elder Joseph B. Wirthlin nkyerɛkyerɛ no tuu anamɔn. Wɔ ɔkasa bi a wɔato din mu “Mmara Kɛseɛ no” Ɔpanin Wirthlin bisaa sɛ, “Wo dɔ Awurade?” N’afotuo ma yɛn a yɛbɛgye so “aane” no bɛyɛɛ mmrɛ na ɛmu dɔ “Pɛ mmerɛ ne No ntena. Dwendwene Ne nsɛm ho. Fa ne kɔndua to wo ho so. Hwehwɛ sɛ wobɛte aseɛ na w’adi soɔ.”2 Elder Wirthlin afei mmaa nsakraeɛ nhyira bɔhyɛ too wɔn a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛnya mmerɛ ne beaeɛ ama Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ wɔ wɔn bra mu.3

Yɛfaa Elder Wirthlin afutuo ne ne bɔhyɛeɛ no too akoma so. Na yɛ ne y‘asɛmpatrɛfoɔ no, nyaa mmerɛ pii ne Yesu suaa Mateo, Marko, Luka, ne Yohane nwoma no wɔ Apam foforɔ no mu ne 3 Nifae wɔ Mormon Nwoma no mu. Wɔ yɛn mpɔtamu Nhyiamu awieɛ biara no, akandifoɔ kuo, anaa amansin nhyiamu no, yɛhunu yɛn ho wɔ deɛ yɛfrɛ no “Asɛmpa nnum”4 akenkan, nkyerɛkyerɛmu, nsusuho, ne Yesu ho adesua.

Ɛwɔ me, me yere Laurel ne asɛmpatrɛfoɔ no, yɛ ne Yesu nyaa berɛ wɔ nsɛmpa no mu no sesaa biribiara. Yɛnyaa anisɔ kɛseɛ maa deɛ Ɔyɛ, ne deɛ na ɛho hia ma No. Yɛbɔɔ mu susuaa ɔkwan a Ɔfaa so kyerɛeɛ, deɛe Ɔkyerɛeɛ, akwan a Ɔfaa so daa ɔdɔ adie, deɛ ɔyɛeɛ de someeɛna ɔhyiraeɛ, N‘anwanwa dwuma, sɛdeɛ Ɔyii nnyima ano, deɛ ɔyɛ faa nipa ɔyaw denden mu, N’abɔdin ne Ne din, sɛdeɛ ɔtieɛ, sɛdeɛ eɔsiesiie ntawantawa, ɛwiase a Ɔtenaa mu, N’abambuonsɛm, sɛdeɛ ɔhyɛɛ nkuran wɔ koroyɛ ne ayamayɛ mu, Ne tumi a ɔde kyɛ na ɔsiesie, N’asɛnka, Ne mpaeɛ, Ne mpata aforebɔ, Ne wusɔreɛ, Ne nsɛmpa.

Yɛtaa nyaa atinka te sɛ “[tietia] honam dua” Zacchaeus retu mmirika akɔforo sycamore dua berɛ a na Yesu retwam akɔ Jericho ɛfirisɛ, sɛdeɛ Luka kyerɛeɛ no, “Yɛhwehwɛɛ sɛ yɛbɛhunu senea Yesu teɛ.”5 Na ɛnyɛ sɛ yɛpɛ anaa yɛ susuuiɛ deɛ Yesu bɛyɛ, na mmom Yesu sɛnea ɔteɛ ankasa.6 Sɛnea Elder Wirthlin hyɛɛ bɔ no, yɛ suaeɛ paa sɛ “Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ yɛ nsesaeɛ nkyerɛkyerɛ. Ɛfa yɛn mmarima ne mmaa wɔ asaase yi so na asiesie yɛn mmarima ne mmaa ama ɛnniawieɛ.”7

Saa mmerɛ no yɛ nna soronko. Yɛbɛgye dii sɛ “Wɔ Nyame mu biribiara nyɛ den.”8 Awiaberɛ kronkron wɔ Prague, Bratislava, anaa Brno, yɛrenya suahunu wɔ Yesu tumi ne nokorɛ a ɔyɛ, kɔɔ so tenaa yɛn abrabɔ mu.

Na yɛtaa sua adeɛ Marko 2:1–12. Asɛm a ɛwɔ hɔ no twetwe adwen si so. Mɛpɛ sɛ mekenkan ɔfa bi firi Marko na afei mekyɛ no sɛnea m’abɛnya nteaseɛ paa wɔ berɛ a mesua wieɛ na yɛ ne asɛmpatrɛfoɔ ne afoforɔ kyerɛkyerɛɛ mu.9

“Na bio [Yesu] wuraa Capernaum wɔ nna kakra akyi; na na dede pii wɔ efie a na ɔwɔ no.

“Na ntɛm pa ara pii twa hyiaa hɔ, a mpo na wɔn nya baabi mma wɔn, mpo no nyɛ ɔpono no ano, na ɔkaa nsɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

“Na ɔde obi a ɔyare mmubuo a nnipa so no brɛɛ no.

“Na ɛsiane nkurɔfoɔ no nti, na wɔntumi mmɛn no na wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so, na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a na ɔbubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

“Berɛ a Yesu huu wɔn gyedie no ɔka kyerɛ obubuani no sɛ, Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo”

Berɛ a ɔne kuo no dii ano baebae wieɛ no,10 Yesu hwɛɛ ɔbubuani no na ɔsaa no yareɛ honam ani, na ɔkaa sɛ:

“Mese wo sɛ, Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie.

“Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ, Yɛnhunuu sei bi da.”11

Afei asɛm no sɛnea mate aseɛ no: Yesu wɔ Ne som adwuma no mfitiaseɛ no, ɔsan kɔɔ Kapernaum, mpataayie akuraa ketewa bi a ɛwɔ Galilea Po no atifi fam mpoano.12 Wayɛ anwanwadeɛ a ɛnkyɛreeɛ a na ɔresa yareɛ na ɔretu ahonhom mɔnnee guo.13 Ɛnam sɛ ɔrepɛ ate na w’ahu onipa ba no a wɔfrɛ no Yesu no, nkurasefoɔ no kɔtwa hyiaa beaeɛ a ɔsusuu sɛ ɔtena no.14 Sɛdeɛ wɔyɛeɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyeɛeɛ.15

Afie a na ɛwɔ Capernaum no, na, wakuruso traa, danpie baako, a wɔakeka abom.16 Na nkurusoɔ no ne afasuo no wɔde aboɔ, nua, ne dɔteɛ, na ɛta, na ɔde abama nkumaa atoto ano wɔ n’abɔnten.17 Na nnipa akuokuo no dɔree wɔ beaeɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ no te sii mmɔntene so.18

Asɛm yi nnyinasoɔ wɔ “obubuani” ne ne namfonom nnan no.19 Mmubuoyareɛ yɛ yareɛ a ɛdwodwo nipadua no na ɛde honam mmrɛ ne awosoɔ na ɛba.20 Dwene ho sɛ ɛnam no mu baako rekasa sɛ “Yesu aba yɛn kuro yi mu. Na yɛnim nsɛnkyerɛnee a Wayɛ ne wɔn a Wasa wɔn yareɛ. Na sɛ yɛtumi de y‘adamfo yi kɔ ne nkyɛn ɛbia ɔno nso ho bɛfi.”

Nti, wɔn mu biara sɔɔ wɔn adamfo no kɛtɛ anaasɛ adasoɔ ano na wɔsoaa no de faa Capernaum, kuro no mmɔnten, a akyeakyea, yɛ fiaa, na wɔnguu soɔ so.21 Wɔn ntini reyɛ ya no, wɔmanee ntweaa a ɛtwa toɔ na ɔhunuu sɛ ɛdɔm anaasɛ, sɛdeɛ twerɛsɛm frɛ no no, “nsɛmtwerɛfoɔ” abɔ apee so wɔ hɔ retie a sɛ wɔbɛnya ɔkwan de akɔ Yesu hɔ no yɛɛ den.22 Wɔ ɔdɔ ne gyedie nti, baanan no aba mu ammu. Mmom, wɔn peree foroo ɛdan no soro tuu tokuro de wɔn yɔnko no faa mu too deɛ na Yesu wɔ rekyerɛkyerɛ no.23

Fa no sɛ abrɛ a Yesu ama ne homeneso kyerɛkyerɛ na wate dede wɔ nkyɛnsee no soro, hwɛɛ soro na ɔhu tokuro wɔ mu na mfoturo repro gu fam wɔ ɛdan no mu. Obubuani a ɔda kɛtɛ so na wɔde no resiane fam. Ne nwanwaa, Yesu nyaa atinka bi sɛ ɛnyɛ dede hunu kɛkɛ na mmom ɛyɛ adehia. Ɔhwɛɛ barima no a ɔda kɛtɛ no so no, nnipadom anim de ne bɔne kyɛɛ no, na nsɛnkyerɛnee so saa no yareɛ.24

Wɔ saa asɛmka wɔ Marko 2 nokorɛ nsɛmhia pii na ɛdane adi fa sɛ Yesu sɛ ɔne Kristo no. Edikan, sɛ yɛbɔ mmɔden boa obi a yɛdɔ ba Kristo hɔ a, yɛbɛtumi de awerɛhyɛmu ayɛ saa sɛ Ɔwɔ saa ahoɔden sɛ ɔbɛsoa yɛn bɔne nnesoa na ɔde akyɛ yɛn. Deɛ ɛtɔso mmienu, sɛ yɛde honam, adwene mu, anaa nyarewa a ɛkeka ho ba Kristo hɔ a, yɛbɛtumi ayɛ saa ɛfirisɛ yɛnim sɛ Ɔwɔ tumi de sa yareɛ na ɔwɔ awerɛkyekyerɛ nso. Deɛ Ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ yɛbɔ mmɔden tesɛ nnamfoɔ nan no de afoforɔ ba Yesu nkyɛn a, yɛbɛtumi de awerɛhyemu ayɛ ɛfirisɛ Ɔhu yɛn tirimpo a Ɔbɛdiso pɛpɛɛpɛ.

Kae sɛ, Yesu nkyerɛkyerɛ no hyiaa ɔhaw a na ɛyɛ tokuro a ɛrepie wɔ ɛdan no soro. Na anka ɛwɔ sɛ ɔtwi nkrɔfoɔ nan no anim anaa ɔpamo wɔn a ɔtuu tokuro no, twerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ “Yesu hunuu wɔn gyedie ”25 Wɔn a na wɔdii anwanwa dwuma no ho adanseɛ no ho “dwirii wɔn, na ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, sɛ ɔde saa tumi no [ama] nnipa.”26

Anuanom mmarima ne mmaa, ma me mfa nneɛma mmienu yi ntwa toɔ. Sɛ yɛyɛ asɛmpatrɛfoɔ, asɔfoɔ, Relief Society atitenafoɔ, ahwɛfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, awofoɔ, annuanom, anaa namfoɔ, yɛn nyinaa yɛ Nna Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asuafoɔ wɔ adwuma a ɛde afoforɔ ba Kristo hɔ. Suban a saa nnan yi daa no adi sɛ ɔde wɔn adamfo ɔbubuani no brɛɛ Kristo no yɛ adeɛ a ɛsombo na ɛfata abasobɔ.27 Wɔn wɔ akokuoduro, nsesaeɛ, nyinasoɔ, nnwentaasoɔ, anidasofoɔ, animdefoɔ, anidasofoɔ, nokwafoɔ, awerɛhyɛmu, ahobraseɛ, ne yɔkɔduro.

Nea ɛka ho koraa no, nnamfoɔ nan yi gyinaa honhom mu mfasodeɛ a ɛwɔ ɔman ne ɛsom.28 Sɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn adamfo no bɛba Yesu nkyɛn no, ɛwɔ sɛ wɔn mu biara sɔ ne kɛtɛ no mu. Sɛ baako gyae ne fa mu a wɔnho kyere wɔn. Sɛ mmienu gyae mu, a wɔn adwuma bɛyɛ kwa. Yɛn mu biara wɔ asɛdeɛ wɔ Onyankopɔn ahennie no mu.29 Sɛ yɛyɛ y’asɛdeɛ wɔ y’afa mu a yɛsoa yɛn afa. Sɛ yɛwɔ Argentina anaa Vietnam, Accra anaa Brisbane, nkorabata anaa wɔɔdo, abusua anaa asɛmpaka yɔnkoɔ, yɛn mu biara wɔ ɔfa bi pagya. Na sɛ yɛyɛ, na sɛ yɛbɛyɛ a, Awurade no bɛhyira yɛn abom. Sɛdeɛ Ɔhunuu wɔn gyedie, no saa na Ɔbɛhunu yɛn deɛ na w’ahyira yɛn sɛ nkorɔfoɔ.

Mpɛn pii mu makuta adasoɔ ntweaa so, mpɛn afoforɔ mu no me na wɔsoaaɛ. Tumi a ɛwɔ saa abasɛm soronko yi fa a ɛfa Yesu ho ne sɛ ɛkae yɛn mpɛn dodoɔ a yɛhia yɛn ho yɛn ho, sɛ anuanom mmarima ne mmaa, sɛ ɔmmra Kristo hɔ na ɔnya nsesaeɛ.

Yei ne nnoɔma kakra a m’asua afiri sɛ merenya berɛ ama Yesu wɔ Marko 2.

“Onyankopɔn nnom yɛn sɛ yɛbɛtumi [asɔ yɛn fa] na y’antwe ansane, na y’ansuro, na mmom yɛbɛyɛ den wɔ yɛn gyedie mu, na y’anya nwentaasoɔ wɔ yɛn adwuma ho, na y’atumi awie Onyankopɔn tirimpɔ.”30

Medi adanseɛ sɛ Yesu te ase na ɔnim yɛn, na ɔwɔ ayaresa tumi, na ɔsiesie, na ɔde bɔne kyɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Evie, Wilson, Hyrum, ne George.

  2. Joseph B. Wirthlin, “Mmara Kɛseɛ no,” Liahona, Obubuo 2007, 30.

  3. Nhyira a Elder Wirthlin hunuui no bi ne ɔdɔ mapa a enyini ne atenka a yɛde yɛ papa, ne ɔpɛ pa a yɛde yɛ sotie, nɛ yɛgye Onyankopɔn mmransɛm, ɔpɛ a yɛde som afoforɔ ne akoma pa a papa yɛ ahyɛmu ma.

  4. “Nɛmpa no yɛ abasɛm a ɛda hɔ pefee fa asɛpakafoɔ soronko nnan anaa Asɛmpatwerɛfoɔ nnan a wɔnsɛm sesa abrabɔ fa Yesu mkyerɛkyerɛ ho ne ne yawdie, ne wuo ne ne wusɔreɛ”(Anders Bergquist, “Twerɛ Kronkron,” wɔ Encyclopedia of Christianity [2005], 141). Twerɛ Kronkron Kasakyeraseɛ no de ka hoo fa “asɛm no asɛmpa kyerɛsɛ ’asɛm a ɛyɛ papa.’ Asɛmpa nenyinaa ne sɛ Yesu Kristo ayɛ mpata a ɛsisiso pɛpɛɛpɛ ama amnsan nyinaa a ɛbɛgye wɔn nyinaa. Twerɛ to hɔ fa N’abrabɔ wɔ asaase yi so ne nehonsɛm fa N‘asɛmpa wɔ asaase yi na yɛfrɛ no Asɛmpa No” (Twerɛnsɛm Nkeraseɛ,“Asɛmpa”). 3 Nifae Nwoma a ɛtɔso mmiɛnsa, Nifae a ɔyɛ Helaman ne nana bɛɛma na wɔtwerɛe, na emu nsɛm fa Yesu Kristo wusɔreɛ ne nenkyerɛkyerɛ wɔ Amerikafoɔ no mu bre tiaa bi wɔ ne wuo akyi, na afei yɛbɛtumi nso de ɛno agyina “Asɛmpa no.” Nsɛmpa no yɛ ɔhyɛ titirie titiriw a yɛde toto ho ɛfiri sɛ ne nyinaa kasa fa nnoɔma a ɛsiiɛ a Yesu No ankasa kyerɛkyerɛɛ na ɔyɔeɛ nso. Ɛyɛ nyinasoɔ fapem paa ara ma nteaseɛ sɛ Yesu no ne Agyenkwa no, ne yɛ ne no nkutahodie a yɛwɔ, ne N‘asɛmpa

  5. Hwɛ Luka 19:1–4; hwɛ nso Yakob 4:13 (a ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ Honhom no “ka nneɛma sɛnea ɛte ankasa, ne nneɛma sɛnea ɛte ankasa ho asɛm”.) ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:24 (a ɛkyerɛ nokware no ase sɛ “nneɛma ho nimdeɛ sɛnea ɛte, ne sɛnea na ɛte, ne sɛnea ɛbɛba”).

  6. Titenani J. Reuben Clark yɛ mfatoho de hyɛɛ nkuran fa suahunu fa “Agyenkwa no abrabɔ ne N’abrabɔ pɔtee.” Ɔtoo nsa frɛɛ afoforɔ sɛ wɔmmra Yesu Kristo n’abrabɔ ho nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Twerɛsɛm no mu no, na wɔne Agyenkwa no nkɔ asetena no ho ma ɔnyɛ nipa ankasa, ne fa yɛ ɔsoroni, ampa, nanso ne nyina ara mu no ɔkeka ne ho tesɛ nipa a ɔkeka ne ho wɔ saa nna no mu no. Ɔsan hyɛɛ bɔ sɛ mmɔdenbɔ a ɛte saa no “bɛma woanya ne ho adwene a ɛte saa a ɛne no benya abusuabɔ a emu yɛ den a mesusu sɛ wontumi nnya wɔ ɔkwan foforɔ biara so. Sua deɛ ɔyɛe, deɛ osusuuyɛ ho, deɛ ɔkyerɛkyerɛe. Yɛ sɛdeɛ ɔyɛe no. tena ase sɛnea ɔtenaa ase, kɔ akyire sɛnea yebetumi. Na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ” (Hwɛ Onyankopɔn Adwammaa no [1962], 8, 11). Nhunumu a ɛfa mfasoɔ ne nea enti a ɛsɛ sɛ yesua Yesu ho asɛm wɔ abakɔsɛm nu, hwɛ N. T. Wright and Michael F. Bird, The New Testament in Its World (2019), 172–87.

  7. Joseph B. Wirthlin, “Mmara Kɛseɛ no,” 30.

  8. Luka 1:37.

  9. De ka nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ so daa ne nea ɛtrɛ ho Marko 2:1–12 ne Czech Slovakia Asɛmpatrɛfoɔ no nso meda wɔn ase wɔ asuadeɛ a mesuaeɛ berɛ a me ne Salt Lake Highland Stake asɛmpatrɛ ahosiesie adesuakuo no mu mmeranteɛ ne mmabaa ne Salt Lake Akandifoɔ YSA Stake no.

  10. (Hwɛ Marko 2:6–10.

  11. Marko 2:11–12.

  12. Hwɛ Bruce M. Metzger and Michael D. Coogan, eds., The Oxford Companion to the Bible (1993), 104; James Martin, Jesus: A Pilgrimage (2014), 183–84.

  13. Hwɛ Marko 12:21–45.

  14. See Marko 2:1–2.

  15. Hwɛ Marko 2:2.

  16. Hwɛ Metzger ne Coogan, The Oxford Companion to the Bible, 104; William Barclay, The Gospel of Mark (2001), 53.

  17. Hwɛ Barclay, The Gospel of Mark, 53; hwɛ bio Martin, Jesus: A Pilgrimage, 184.

  18. Hwɛ Marko 2:2, 4; hwɛ nso Barclay, Marko Asɛmpa No, 52–53. Barclays kyerɛkyerɛ mu sɛ na asetena wɔ Palestina no yɛ badwam kɛseɛ. Wɔ anɔpa na ɛpono no bue ma deɛ ɔpɛsɛ wɔfri no anaa wɔwuram. Ɔpono no mu nto da gye sɛ obi hyɛda pɛ ne kokoam; ɛpono a ɛbue kyerɛ akwanya kɛseɛ ma obiara a wato nsa afrɛ. Wɔ afie a ɛbrɛ ne ho ase te sɛ [nea wɔakyerɛ wɔ Marko 2] ɛbɛyɛ sɛ na ɔkwan biara nni hɔ; a wɔfa so kɔ mu ansa na ɔpono no bue kɔɔ abɔntene so. Enti berɛ tiaa bi mu no, na nnipakuo bi ahyɛ efie no ma ma wɔatumi ayɛ adwuma na wɔakyekyere ɔkwan a ɛda ɔpono no ho no so na wɔn nyinaa de ahopeprɛ retie deɛ Yesu reka no.

  19. Marko 2:3.

  20. Hwɛ Medical Dictionary of Health Terms, “palsy,” health.harvard.edu.

  21. Hwɛ Martin, Jesus: A Pilgrimage, 184.

  22. Marko 2:4.

  23. Hwɛ Marko 2:4; san hwɛ Julie M. Smith, The Gospel according to Mark (2018), 155–71.

  24. (Hwɛ Marko 2:5–12.

  25. Marko 2:5; nsisoɔ ka ho.

  26. Mateo 9:8; hwɛ nso Marko 2:12; Luka 5:26.

  27. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 62:3 kyerɛkyerɛ sɛ Awurade akyidifoɔ “wɔahyira mo, ɛfirisɛ sɛ adanseɛ a moadi no wɔatwerɛ no wɔ soro na wɔde mo bɔne akyɛ mo.”

  28. Hwɛ M. Russell Ballard, “Anidaso wɔ Kristo mu,” Laehona, Kɔtɔnimaa 2021, 55–56. President Ballard hyɛ no nso sɛ “honam ne sunsum” mu akwahosan nyinara ho atenka ho hia na ɔhyɛ no nso sɛ asɔrema biara a ɔwɔ quorum ahyehyɛase, ward, na stakes no wɔ akyɛde nya talente a Nyankopɔn de ama a obetumi de aboa ma wɔakyekyere N’ahenie no sesei.” Hwɛ nso bio David F. Holland, Moroni: A Nyamekyerɛ Ho Nnianim Nsɛm Tiatiaa (2020), 61–65. Holland ka ho asɛm Moroni 6 na akwan a fa so kyɛfa ne ayɔnkofa wɔ gyidie kuo bi mu boa ma ankorankorɛ honhom mu suahunu a ɛkyekyere yɛn ma Ɔsoro yie no yɛ mmerɛ.

  29. Hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Pagya Baabi a Wogyina,” Laehona, Obubuo. 2008, 56. Elder Uchtdorf “kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛn mu biara nkotoo ɔnsɛ sɛ yɛyɛ Awurade adwuma. Nanso sɛ yɛn nyinaa gyina bɛn ho wɔ beaeɛ a Awurade ahyɛ no na yɛma so wɔ baabi a yɛgyina no a, biribiara ntumi nsi saa ɔsoro adwuma yi kwan sɛ ɛnkɔ so wɔ nanim” Hwɛ bio Chi Hong (Sam) Wong, “Rescue in Unity,” Liahona, Obubuo 2014, 15. Elder Wong nsɛmnyiahɔ Marko 2:1–5 No kyerɛkyerɛ sɛ “sɛ yɛbɛboa Agyenkwa no a, ɛsɛ sɛ yɛbom yɛ adwuma wɔ baakoyɛ mu ne baakoyɛ mu. Obiara, dibrɛ biara, ne ɔfrɛ biara ho hia.”

  30. Oscar W. McConkie, wɔ Nhyiamu Amanneɛbɔ mu, Ahinime. 1952, 57.