Tɛmpol Aduradeɛ Kronkron

Firi tete mmerɛ mu, mmarima ne mmaa agye nnwom kronkron, mpaebɔ ahodoɔ, nyamesom aduradeɛ a ahyɛnsodeɛ ahyɛ ma, nsɛnkyerɛnneɛ, ne afahyɛ ahodoɔ a ɛkyerɛ wɔn ahofama atenka a ɛmu dɔ ma Onyankopɔn atom.

Saa yɛkyerɛ ahodoɔ yi mu trɛ na ɛgu ahodoɔ te sɛ nnipa abusua. Nanso ne nyinaa awieeɛ wɔ botaeɛ korɔ: sɛ wɔbɛka ogyidini ne adeɛ a wɔsom no abom wɔ ankorankoro pa ara kwan so—sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn.

Wɔn a wɔnni gyedie bi mu no, afahyɛ ahodoɔ ne aduradeɛ no bɛyɛ wɔn adefoforɔ. Nanso wɔn a wɔka ho no deɛ, wɔbɛtumi akanyan ɔkra no atenka a ɛmu dɔ yie, ahyɛ wɔn nkuran ama wɔayɛ papa, na mpo wɔanya nkɛntɛnsoɔ wɔ ɔsom no nyinaa so.

Sɔfobaa su. Asɔfo-taadeɛ Yudafoɔ mpaebɔ nkatakɔnmu. Nkramofoɔ kyɛ. Buda sɔfoɔ nhwiren aduradeɛ. Ne nyinaa ka nneɛma ahodoɔ a ɛkyerɛ nnipa ahofama ma Onyankopɔn ho.

Ɛnyɛ nyamesom aduradeɛ a ɛtete saa nyinaa na wɔda no adi wɔ abɔnten. Aduradeɛ bi wɔ hɔ a wɔhunu no wɔ mmea sononko a wɔsom nko ara. Nhwɛsoɔ, Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ tɛmpol aduradeɛ, a wɔfrɛ no asɔfodie aduradeɛ kronkron no, wɔhyɛ wɔ Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ tɛmpol mu nko ara ma afahyɛ a ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn gyedie mu. Aduradeɛ fitaa a ɛnyɛ kyekyɛnn gyina hɔ ma ahoteɛ ne pɛpɛɛpɛyɛ. Nkyekyɛmu nni Asɔre kannifoɔ a wakyɛre pa ara ne deɛ waba mu foforɔ ntam berɛ a wɔahyɛ ntaadeɛ korɔ. Mmarima ne mmaa hyɛ ntaadeɛ a ɛsesɛ, a ɛkae nyamesom ahyɛnsodeɛ a ɛte sɛ tɛmpol dwumadie a wɔakyerɛkyerɛ wɔ Apam Dada mu no.

Wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ mu no, nyamesom aduradeɛ sononko biara nni hɔ ma Kwasiada som.

Nanso, Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ anokwafoɔ hyɛ ataadeɛ kronkron wɔ ntaadeɛ ase a ɛwɔ nyamesom nteaseɛ a ɛmu dɔ. Saa aseɛ ataadeɛ a ɛfata yi yɛ soro ne fam na wɔtaa frɛ no “tɛmpol ataadeɛ kronkron.”

Nnipa binom yɛ mfomsoɔ frɛ tɛmpol ataadeɛ kronkron no nkonyaayie anaasɛ “nkonyaa aseɛ ataadeɛ.” Saa nsɛmfua yi nyɛ mfomsoɔ kɛkɛ, na mmom ɛsan yɛ atɛnnidie ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma. Biribiara nni hɔ a ɛyɛ nkonyaa anaasɛ ahonhomsɛm wɔ tɛmpol ataadeɛ kronkron ho, na Asɔremma bisa obuo ne nkateɛ a nnipa a wɔwɔ atenka de bɛma gyedie foforɔ biara no.

Wɔn a wɔhyɛ tɛmpol ataadeɛ kronkron yɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ Asɔre no mu a wɔayɛ nokorɛdie ho bɔhyɛ kronkron ama Onyankopɔn mmaransɛm na wɔde Yesu Kristo asɛmpa no bɔ bra.

De ma Asɔremma no, tɛmpol ataadeɛ kronkron a ɛfata a wɔhyɛ wɔ daa daa ntaadeɛ ase ne ahyɛnsodeɛ aduradeɛ a wɔhyɛ no tɛmpol som berɛ mu no gyina hɔ ma kronkron ne ankasa nkutahodie a wɔne Onyankopɔn wɔ ne wɔn ahofama sɛ wɔbɛbɔ nidie abrabɔ pa.