Yesu Kristo

Adidi Kronkrondeɛ Mpaeɛ

  • Emu nsɛm

  • Paanoo No Nhyirasoɔ

  • Nsuo No Nhyirasoɔ

Adidi Kronkrondeɛ Mpaeɛ


Adidi Kronkrondeɛ Mpaeɛ

  • Paanoo No Nhyirasoɔ

    O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, yɛsrɛ wo wɔ wo Ba Yesu Kristo din mu, sɛ hyira saa paanoo yi so na te ho ma akra a wɔbɛdi bi no nyina ara; sɛ wɔbɛdi de akae wo Ba no honamdua, na wɔadi adanseɛ akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfa wo Ba no din ato wɔn ho so, na wɔakae no mmerɛ nyina ara, na wɔadi ne mmaransɛm a ɔde ama wɔn no so, ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena mmerɛ nyina ara. Amen


  • Nsuo No Nhyirasoɔ

    O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, yɛsrɛ wo wɔ wo Ba Yesu Kristo din mu, sɛ hyira saa nsuo yi so na te ho ma akra a wɔbɛnom bi no nyina ara; sɛ wɔbɛnom de akae wo Ba no mogya no a ɔhwie gu maa wɔn no; sɛ wɔbɛdi adanseɛ akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, sɛ wɔbɛkae no mmerɛ nyina ara, ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena. Amen.