“Nkekaho: Adesua Nnyinasosɛm Nsɛmfua nkyerɛaseɛ,” EnglishConnect 1 de ma Adesuafoɔ (2022)
“Nsɛmfua nkyerɛaseɛ,” EnglishConnect 1 de ma Adesuafoɔ
Appendix
Principles of Learning Glossary
Nkekaho: Adesua Nnyinasosɛm Nsɛmfua nkyerɛaseɛ
Agency
Ɔpɛ: Sɛ Onyankopɔn mma no, yɛwɔ ɔpɛ, anaa tumi a yɛde bɛsi yɛn ankasa agyinaeɛ. Yɛbɛtumi ayi deɛ yɛgye die, deɛ yɛyɛ, ne deɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ.
“Ɔpɛ yɛ tumi ne akwanya a Onyankopɔn de ma yɛn sɛ yɛyi na yɛyɛ ma yɛn ho” (Gospel Topics, “Agency and Accountability,” ChurchofJesusChrist.org).
“Esiane sɛ Ɔdɔ wo nti, Onyankopɔn ama wo ɔpɛ, anaa fawohodie sɛ fa si agyinaeɛ. Wo pɛ no ma wotumi yi nneɛma pa a ɛma wonya anigyeɛ; ɛma wobu akonta nso wɔ nneɛma bɔne a wɔyie ho, a ɛde wo kɔ deɛ ɛnyɛ anigyeɛ mu ntɛm ara anaa awieeɛ no. Onyankopɔn ntwitwa deɛ woyi no ananmu; Ɔma wo kwan ma wosi gyinaeɛ ma wo ho na wosua biribi firi ɛho nsunsuansoɔ mu. Nanso Ɔma mmoa a ɛbɛma woadi mfomsoɔ ne bɔne so nkonim—Yesu Kristo gyeɛ tumi no. Ɛmfa ho sɛdeɛ wo tebea bɛtumi asɛe anaa deɛ ɛnyɛ dodoɔ a ebia woayi no, wobɛtumi ayi sɛ wobɛsakra na woanya asomdwoeɛ wɔ Yesu Kristo mu” (“God Is There for You,” ComeuntoChrist.org).
Agent
Ɔyɛfoɔ: Ɔyɛfoɔ yɛ obi a ɔwɔ tumi anaa ahoɔden a ɔde yɛ adeɛ ma ne ho. Sɛ Onyankopɔn mma no, yɛwɔ ɔpɛ, anaa tumi a yɛde bɛsi yɛn ankasa agyinaeɛ. Yɛbɛtumi ayi deɛ yɛgye die, deɛ yɛyɛ, ne deɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ.
Bible
Twerɛ Kronkron: “Twerɛ Kronkron yɛ nwoma kronkron a ɛkura Onyankopɔn asɛm. Wɔ ne nkrataafa nyinaa mu no, Twerɛ Kronkron kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nnyae sɛ ɔdɔ Ne mma da.Sɛ yɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no so a ɛboa ma yɛhunu onii ko a Onyankopɔn yɛ na yɛte sɛdeɛ Ɔpɛ sɛ yɛtena aseɛ no ase yie.”
“Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba a ɔbaa asase so sɛ ɔrebɛgye yɛn afiri bɔne, awerɛhoɔ, ankonamyɛ, yea, ne deɛ ɛkeka ho mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ adesua akɛseɛ a ɛfa ɔsom ne ɔdɔ ho na ɔyɛɛ anwanwadeɛ pii berɛ a na Ɔwɔ asase so no. Yɛbɛtumi akenkan saa abansɛm yi wɔ Twerɛ Kronkron no mu na yɛahyɛ aseɛ ahunu sɛdeɛ yɛbɛtumi adi nneɛma a ɛyɛ den so wɔ Yesu mmoa mu” (“What Is the Holy Bible?,” ComeuntoChrist.org).
Book of Mormon
Mormon Nwoma: “Mormon Nwoma no kuta ntwerɛeɛ kronkron a ɛfiri Yesu Christo akyidifoɔ hɔ. Te sɛ deɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Moses ne Noah wɔ Twerɛ Kronkron mu no, Ɔsane kasa kyerɛɛ nkorɔfoɔ wɔ Amerikas. Saa nnipa yi a wɔfrɛ wɔn nkɔmhyɛfoɔ no, twerɛɛ Onyankopɔn asɛm too hɔ. Awieeɛ no nkɔmhyɛni bi a wɔfrɛ no Mormon boaa wɔn ntwerɛeɛ no ano yɛɛ no nwoma baako.
“Mormon Nwoma no yɛ adanseɛ sɛ Onyankopɔn dɔ Ne mma nyinaa na Ɔka wɔn abrabɔ ho. Ɛyɛ adanseɛ ma nokorɛ a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu ne Yesu Kristo nyamesu ne nkyerɛkyerɛ” (“What Is the Book of Mormon?,” ComeuntoChrist.org).
Doctrine and Covenants
Nkyerɛkyerɛ ne Apam: “Nkyerɛkyerɛ ne Apam no yɛ twerɛnsɛm nwoma a ɛkuta adiyisɛm firi Awurade hɔ de ma Nkɔmhyɛni Joseph Smith ne nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ kakra bi. Ɛyɛ twerɛsɛm soronko ɛfiri sɛ ɛnyɛ tete nkrataa nkyerɛaseɛ.
“Nkyerɛkyerɛ ne Apam no yɛ twerɛsɛm nwoma nan no mu baako a wɔde di dwuma wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ (nkaeɛ mmiɛnsa no ne Twerɛ Kronkron, Mormon Nwoma no , ne Pearl of Great Price)” (Gospel Topics, “Doctrine and Covenants,” ChurchofJesusChrist.org).
Faith
Gyedie: “Gyedie yɛ adeyɛ ne tumi nnyinasosɛm. Berɛ biara a yɛbɛyɛ botaeɛ a ɛho teɛ adwuma no, yɛkyerɛ gyedie. Yɛkyerɛ yɛn anidasoɔ ma biribi a yɛntumi nhunu.”
“Yɛwɔ Yesu Kristo mu gyedie kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho to Ne so koraa —gye Ne tumi, nyansa, ne ɔdɔ a ɛnni ano di. Deɛ ɛka ho ne sɛ moregye ne nkyerɛkyerɛ adie. Moregye adi kyerɛ sɛ mpo yɛnte nneɛma nyinaa ase, nanso ɔte aseɛ. Ɛnam sɛ Ɔwɔ suahunu wɔ yɛn yea, ahohiahia ne nnyarewa nyinaa mu nti, Ɔnim sɛdeɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛadi yɛn daadaa haw so nkonim. (hwɛ Alma 7:11–12; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:8).”
Gyedie kyɛn botrobodwo gyidie. Yɛkyerɛ yɛn gyedie wɔ adwumayɛ mu—ɛnam yɛn asetena mu so.
Gyedie yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ, nanso ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn gyedie na yɛkora no ahoɔden mu. Gyedie te sɛ honam. Sɛ yɛyɛ ho adwuma a, ɛnyini ahoɔden mu. Sɛ yɛgyae no sa ara a, ɛbɛyɛ mmrɛ” (Gospel Topics, “Faith in Jesus Christ,” ChurchofJesusChrist.org).
God/Heavenly Father
Onyankopɔn/Ɔsoro Agya: “Onyankopɔn Agya yɛ Onipa Kunini a yɛgye no die, yɛsom no, na yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ no. Ɔno ne Ɔbɔadeɛ, Sodifoɔ, ne nneɛma nyinaa Korafoɔ no. Ɔwie pɛyɛ, wɔ tumi nyinaa, na ɔnim nneɛma nyinaa” (Gospel Topics, “God the Father,” ChurchofJesusChrist.org).
Onyankopɔn ne yɛn Agya dɔfoɔ a ɔwɔ Ɔsoro. Ɔyɛ [yɛn] [a]honhom Agya. [Ɔsoro Agya] dɔ Ne mma nyinaa pɛpɛɛpɛ, a woka ho. Ɔpɛ sɛ ɔne wo nya abusuabɔ” (“God’s Love,” ComeuntoChrist.org).
Wɔ twerɛnsɛm mu no, wɔtaa de asɛmfua Onyankopɔn si hɔ ma Ɔsoro Agya anaa Yesu Kristo ɛfiri sɛ wɔyɛ koro wɔ boataeɛ mu. Yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ yɛn Ɔsoro Agya.
Holy Spirit
Honhom Kronkron: “Honhom Kronkron, anaa Sunsum Kronkron no, yɛ ɔdanseni ma Onyankopɔn ne Yesu Kristo. Honhm Kronkron no ma yɛn awerɛkyekyerɛ, boa ma yɛhunu nokorɛ no, na yɛdi Yesu Kristo ho adanseɛ. Kwan baako a Onyankopɔn fa so ne yɛn di nkutaho yɛ Sunsum Kronkron no. Honhom Kronkron no nam nsusuiɛ ne atenka so kasa kyerɛ yɛn adwene ne yɛn akoma” (“The Holy Spirit,” ComeuntoChrist.org).
Jesus Christ
Yesu Kristo: “Yesu yɛ wiase Agyenkwa ne yɛn nhwesoɔ papa pa ara. Sɛ yɛdi N’akyi a, yɛnya asomdwoeɛ ne anigyeɛ kɛseɛ wɔ abrabɔ mu.
“Yesu yɛ Onyankopɔn Ba. Yɛn Soro Agya somaa Ne Ba, Yesu Kristo, sɛ ɔmmɛfa obiara a ɔbɛtena asase yi so bɔne nto Ne ho so, sɛdeɛ yɛbɛnya bɔnefakyɛ.
“Yesu bɔɔ abrabɔ pa de kyerɛ yɛn kwan a yɛbɛsane de akɔ yɛn Soro Agya hɔ.”
“Yesu hunuu amane na ɔwu maa yɛn bɔne. Yesu botaeɛ a enti ɔbaa asase so ne sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn bɔne mu. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhunu amane na ɔde Ne ho abɔ afɔreɛ atua yɛn mfomsoɔ ho ka sɛdeɛ yɛbɛtumi asakra na wɔde akyɛ yɛn.”
“Yesu sɔre firi awufoɔ mu sɛdeɛ yɛbɛtumi atena ase bio. Ne wuo akyi nnansa, Yesu sɔre firii damena mu na ɔdaa Ne ho adi kyerɛɛ N’ayɔnkofoɔ ne akyidifoɔ. Ɔno na ɔdii kan nyanee, a ɛkyerɛ sɛ Ne honhom no ne Ne honamdua a ɛyɛ pɛ no san bɔɔ mu bio wɔ owuo akyi. Esiane sɛ Yesu dii owuo so nkonim nti, yɛn nyinaa bɛsɔre afiri awufoɔ mu da bi” (“Following Jesus Christ, Our Perfect Example,” ComeuntoChrist.org).
Prayer
Mpaebɔ: Mpaebɔ yɛ “yɛne Onyankopɔn nidie nkutahodie a saa berɛ no obi de nnaaseɛ ma na ɔbisa nhyira. Wɔnam Yesu Kristo din so bɔ mpaeɛ kyerɛ Ɔsoro Agya” (Guide to the Scriptures, “Prayer,” ChurchofJesusChrist.org).
“Onyankopɔn yɛ w’Agya dɔfoɔ a ɔwɔ Ɔsoro , na Ɔpɛ sɛ ɔte wo nka” (“How to Pray,” ComeuntoChrist.org).
Prophet
Nkɔmhyɛni: “Nkɔmhyɛni yɛ obi a Onyankopɔn afrɛ no sɛ ɔmma wiase nyinaa akwankyerɛ. Ɛfiri Abraham ne Moses so kɔsi nnɛ nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ so, Onyankopɔn di nhyehyɛeɛ bi so a ɛkyerɛ sɛ ɔnam nkɔmhyɛfoɔ so kyerɛ ne mma kwan” (“God Speaks to Us through Prophets,” ComeuntoChrist.org).
Savior
Agyenkwa: “Obi a ɔgye nkwa. ‘Agyenkwa’ yɛ Yesu Kristo din ne abodin” (Guide to Scriptures, “Savior,” ChurchofJesusChrist.org).
Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa ɛfiri sɛ Ɔde ne nkwa maae na ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ yɛbɛtumi adi bɔne ne owuo nkɛntɛnsoɔ so na yɛne Onyankopɔn atena bio.
“Yesu hunuu amane na ɔwu maa yɛn bɔne. Yesu botaeɛ a enti ɔbaa asase so ne sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn bɔne mu. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhunu amane na ɔde ne ho abɔ afɔreɛ atua yɛn mfomsoɔ ho ka sɛdeɛ yɛbɛtumi asakra na wɔde akyɛ yɛn.
“Yesu sɔre firi awufoɔ mu sɛdeɛ yɛbɛtumi atena ase bio. Ne wuo akyi nnansa, Yesu sɔre firii damena mu na ɔdaa Ne ho adi kyerɛɛ N’ayɔnkofoɔ ne akyidifoɔ. Ɔno na ɔdii kan nyanee, a ɛkyerɛ sɛ Ne honhom no ne Ne honamdua a ɛyɛ pɛ no san bɔɔ mu bio wɔ owuo akyi. Esiane sɛ Yesu dii owuo so nkonim nti, yɛn nyinaa bɛsɔre afiri awufoɔ mu da bi” (“Following Jesus Christ, Our Perfect Example,” ComeuntoChrist.org).
Scripture
Twerɛsɛm: “Sɛ Onyankopɔn nnipa a wɔyɛ kronkron twerɛ anaa wɔnam Sunsum Kronkron tumi so kasa a, wɔn nsɛm bɛyɛ twerɛsɛm, ɛbɛyɛ Awurade pɛ, ɛbɛyɛ Awurade adwene, ɛbɛyɛ Awurade asɛm, ɛbɛyɛ Awurade nne, ne Onyankopɔn tumi a ɛkɔ nkwagyeɛ mu’ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:4).
“Twerɛsɛm botaeɛ kɛseɛ ne sɛ ɛbɛdi Kristo ho adanseɛ na akyerɛ Onyankopɔn mma kwan sɛdeɛ wɔbɛtumi aba Ne nkyɛn na wɔanya nkwa a ɛnniaiweeɛ (hwɛ Yohane 5:39; 20:31; 1 Nephi 6:4; Mosiah 13:33–35)” (Gospel Topics, “Scriptures,” ChurchofJesusChrist.org).