EnglishConnect for Missionaries
Ankasa Adesua Kyidifoɔ


“Ankasa Adesua Kyidifoɔ,” EnglishConnect 1 de ma Adesuafoɔ (2022)

“Kyidifoɔ,” EnglishConnect 1 de ma Adesuafoɔ

Personal Study Tracker

Ankasa Adesua Kyidifoɔ

Twerɛ wo botaeɛ a enti woresua Borɔfo.

Botaeɛ: Mepɛ sɛ mesua Borɔfo ɛfiri sɛ:

Wobɛtumi ama w’adesua atu mpɔn berɛ a wodi wo mmɔdemmɔ akyi na wonya botaeɛ a wode bɛtu mpɔn. Fa “Ankasa Adesua Kyidifoɔ” no di wo mmɔdemmɔ akyir. Adesua biara akyi no, nya botaeɛ tiawa. Kamfo wo nkɔsoɔ; wo mmɔdemmɔ biara de wo bɛn wo botaeɛ ho.

Mmɔdemmɔ Ketewa red dot

Mmɔdemm Kakra yellow dot

Mmɔdemmɔ Kɛseɛ green dot

“Ankasa Adesua Kyidifoɔ” a wɔbɛtumi atintim.

Example

Nhwɛsoɔ

Lesson
Adesua

Study the Principle of Learning
Sua Adesua Nnyinasosɛm no

Memorize Vocabulary
Kyere Nsɛmfua gu wo tiri mu

Practice the Patterns
Fa Nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma

Practice Daily
Fayɛ adwuma Dabiara

My Goal
Me Botaeɛ

Lesson
Adesua

1

Study the Principle of Learning
Sua Adesua Nnyinasosɛm no

red, yellow, green dots with red circled

Memorize Vocabulary
Kyere Nsɛmfua gu wo tiri mu

red, yellow, green dots with red circled

Practice the Patterns
Fa Nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma

red, yellow, green dots with red circled

Practice Daily
Fayɛ adwuma Dabiara

red, yellow, green dots with yellow circled

My Goal
Me Botaeɛ

Kenkan Nnianim no. Wie “Ankasa Adesua” fa ma adesua 2.

Lesson
Adesua

2

Study the Principle of Learning
Sua Adesua Nnyinasosɛm no

red, yellow, green dots with yellow circled

Memorize Vocabulary
Kyere Nsɛmfua gu wo tiri mu

red, yellow, green dots with green circled

Practice the Patterns
Fa Nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma

red, yellow, green dots with yellow circled

Practice Daily
Fayɛ adwuma Dabiara

red, yellow, green dots with green circled

My Goal
Me Botaeɛ

Sua Adesua Nnyinasosɛm no ansa na adesua no.

Lesson
Adesua

3

Study the Principle of Learning
Sua Adesua Nnyinasosɛm no

red, yellow, green dots with green circled

Memorize Vocabulary
Kyere Nsɛmfua gu wo tiri mu

red, yellow, green dots with yellow circled

Practice the Patterns
Fa Nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma

red, yellow, green dots with green circled

Practice Daily
Fayɛ adwuma Dabiara

red, yellow, green dots with green circled

My Goal
Me Botaeɛ

Sɛ Mebɔ mpaeɛ a, mede Borɔfo nsɛmfua foforɔ bɛbɔ.

Study Suggestions

Adesua Nsusuiɛ

Dwene ho fa nsusuiɛ a ɛwɔ aseɛ no ma w’adesua ntu mpɔn.

Study the Principle of Learning

Sua Adesua Nnyinasosɛm no

  1. Bɔ mpaeɛ Fa mpaebɔ hyɛ w’adesua ase na fa wie. Srɛ Onyankopɔn ma ɔmmoa wo na te nnyinasosɛm no ase na fa yɛ adwuma.

  2. Tie Honhom no Yɛ aso ma wo nsusuiɛ ne w’atenka, mpo sɛ ayɛ sɛ ɛmfa deɛ worekenkan no ho a. Twerɛ wo nsusuiɛ ne w’atenka to hɔ. Yɛ deɛ Honhom no kyerɛ wo sɛ yɛ no.

  3. Twerɛ nkanyan nsɛmfua ne kasasin to hɔ. Wobɛtumi ahunu nsɛmfua ne kasasin bi a ɛho hia na ɛkanyan na ɛhyɛ wo nkuran ankasa. Twerɛ gu baabi a wobɛhunu. Fa gu w’ahwehwɛ anaa wo foon so.

  4. Fa adesua nnyinasosɛm yɛ adwuma. Dwene sɛdeɛ wode adesua nnyinasosɛm, srɛka, ne twerɛnsɛm no bɛyɛ adwuma wɔ w’abrabɔ mu ho. Twerɛ deɛ wosua berɛ a wode adesua nnyinasosɛm yɛ adwuma no to hɔ.

  5. Kenkan bebree Kenkan twerɛnsɛm anaa nhyiamu nsɛm a ɛfa adesua nnyinasosɔm ho.

  6. Sua nsɛmfua afoforɔ. Yi nsɛmfua bi a wopɛ sɛ wosua wɔ Borɔfo mu firi adesua nnyinasosɛm no mu. Hwehwɛ nsɛmfua no. Wo ne adesuafoɔ afoforɔ nkasa mfa deɛ nsɛmfua ne kasasin ahoroɔ no asekyerɛ ma wɔn ho.

Memorize Vocabulary

Kyere Nsɛmfua gu wo tiri mu

  1. Ma w’adwene nkɔ asekyerɛ ne dinbɔ so. Sua sɛ wobɛti asɛmfua no mu den na woadwene asɛmfua no asekyerɛ ho. Sua asɛmfua biara dinbɔ na sua ara kɔsi sɛ wobɛbɔ din no yie. Kɔ so ara kɔsi sɛ wobɛtumi aka asɛmfua no akokoɔduro so na hunu deɛ ɛkyerɛ.

  2. Fa nkrataa nteanteaa a wɔatwerɛtwerɛ so yɛ adwuma. Fa nkrataa asinasini (anaa app) yɛ nkrataa nteanteaa a wɔatwerɛtwerɛ so. Twerɛ asɛmfua no wɔ ɔfa baako, na twerɛ nkyerɛmu, nkyerɛaseɛ, anaa mfonin wɔ ɔfa foforɔ. Ntimu yɛ nsɛmfua a wɔkyere gu tiri mu no safoa.

  3. Sua nsɛmfua a ɛwɔ kasamu ahoroɔ mu. Sua sɛ wobɛka asɛmfua a woresua no wɔ ɔkasamu mu. Wobɛtumi de kasamu nhyehyɛeɛ no asua nsɛmfua a woresua no.

  4. Fa asɛmfua no yɛ adwuma. Dwene tebea bi a wode asɛmfua no bɛyɛ adwuma wɔ wo daa, daa asetena mu ho. Fa asɛmfua no yɛ adwuma kɔsi sɛ ɛbɛyɛ te sɛ deɛ ɛno ara ba. Berɛ a worekɔ adwuma, sukuu, sotɔɔ anaa mmea afoforɔ no, fa nsɛmfua no ka nneɛma ho nsɛm wɔ w’adwene mu.

  5. Hyɛ nsɛmfua nso Hwehwɛ na tie nsɛmfua afoforɔ berɛ a woyɛ w’adwuma. Wobɛtumi asua adeɛ afiri sini, TV so, nnwoma, ɛnne a wɔatwe, anaa nnwom mu. Twerɛ nsɛmfua afoforɔ to hɔ.

  6. Sua bebree. Fa nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma sua fa nsɛmfua afoforɔ ho. Sua nkyerɛaseɛ, kasa afa, asɛmfua afa, agyinahyɛdeɛ, ne kasamu ahodoɔ ho nhwɛsoɔ.

  7. San hwɛ mu. Nya berɛ san hwɛ nsɛmfua a woasua dada no mu berɛ ano, berɛ ano. Yei bɛtumi aboa ama woahunu dodoɔ a woasua na wo werɛ amfiri.

Practice the Patterns

Sua Nhyehyɛeɛ no

  1. Ma w’adwene nkɔ asekyerɛ ne kasa yɔɔ so. Suasua kasasmu ntimu firi nhyehyɛeɛ no mu den na dwene kasamu no asekyerɛ ho. Kɔ so ara kɔsi sɛ wobɛtumi aka kasamu no yɔɔ, akokoɔduro so, na hunu deɛ ɛkyerɛ.

  2. Twe wo nne to hɔ. Twe wo nne berɛ a worebisa na worebua nsɛmmisa wɔ wo foon so. Tie ntwetohɔ no na yɛ aso ma wo yɔɔyɛ ne dinbɔ no.

  3. Wo ne wo hokani bi nsuasua. Suasua, berɛ a wo ne adamfoɔ bi de nhyehyɛeɛ no bisabisa nsɛm na mobua. Mobɛtumi ahyia asua anaa wɔ foon so. Fa nhyehyɛeɛ no suasua berɛ a wotwerɛ nkransɛm kɔma w’adamfo bi.

  4. Dwene na kasa fa nhyehyɛeɛ no ho. Deɛn na wohunu fa sɛdeɛ Borɔfo yɛ adwuma ho? Sɛn na Borɔfo sɛ wo kasa Sɛn na Borɔfo da nso firi wo kasa ho? Sɛn na wobɛtumi de nhyehyɛeɛ no ayɛ adwuma afiri adesua bi mu wɔ tebea foforɔ mu.

  5. Fa akadeɛ afoforɔ yɛ adwuma. Kasa mmara nwoma, apps, intanɛte, ne adesuafoɔ afoforɔ bɛtumi aboa ama woasua bebree afa Borɔfo kasa mmara nhyehyɛeɛ ho.

  6. Hyɛ nhyehyɛeɛ nso. Hwehwɛ na tie nhyehyeɛ a woresua no berɛ a wokenkan anaa woretie Borɔfo.

Practice Daily

Sua no Da biara

  1. Yɛ nhyehyɛeɛ bi. Yɛ nhyehyɛeɛ ma berɛ ne baabi a wobɛsua adeɛ da biara na yɛ. Sɛdeɛ ɛbɛboa ma woakae no, twerɛ wo botaeɛ wɔ “sɛ” asɛm mu. Nhwɛsoɔ, “Sɛ me , me .” Nhwɛsoɔ bi nie: “Sɛ me te bɔɔso mu a, me hwehwɛ nsɛmfua mu.”; “Sɛ me noa aduane a, me kyerɛkyerɛ deɛ mereyɛ no mu wɔ Borɔfo mu.”; ne “Sɛ me bɔ mpaeɛ a, me ka no mpɛn dodoɔ a mɛtumi wɔ Borɔfo mu.”

  2. Yɛ daa dwumadie ahodoɔ wɔ Borɔfo mu. Hwehwɛ akwan fa Borɔfo si wo kasa ananmu wɔ wo daa dwumadie mu. Nhwɛsoɔ, sɛ wotie nnwom a, tie no wɔ Borɔfo mu. Nsusuiɛ afoforɔ: hwɛ sini wɔ Borɔfo mu anaa Borɔfo nsɛnti nkumaa mu, sesa wo foon nhyehyɛeɛ no kɔ Borɔfo, na kenkan twerɛsɛm no wɔ Borɔfo mu.

  3. Kenkan Kenkan mpɛn dodoɔ a wobɛtumi wɔ Borɔfo mu. Kenkan twerɛnsɛm, amansan nhyiamu kasa, nsɛmma nwoma, intanɛte, kaseɛbɔ, ne nsɛm afoforɔ wɔ Borɔfo mu.

  4. Tie! Bɔmmɔden tie no mpɛn dodoɔ a wobɛtumi. Tie ɛnne a wɔatwe, twerɛnsɛm, kasa, yɛkyerɛ, sini, TV so dwumadie, anaa sini.

  5. Kasa. Hwehwɛ nnamfoɔ, abusua, ne adwumamufoɔ na wo ne wɔn nsua kasa. Kyɛ deɛ woresua na woreyɛ de sua Borɔfo. Yɛ ekuo nkɔmmɔdie na fa ɛnne nsɛm mane.

  6. Twerɛ Hwehwɛ akwanya twerɛ wɔ Borɔfɔ mu. Hyɛ aseɛ twerɛ daadaa abakɔsɛm anaa yɛ ekuo nkɔmmɔdie bi. Fa kasamu ne nsɛmfua a woresua no yɛ adwuma.

  7. Wie adesua dwumadie ahoroɔ. Yɛ adesua dwumadie ne nhwehwɛmu ahoroɔ wɔ intanɛte so wɔ englishconnect.org anaa EnglishConnect Workbook.