Amansan Nhyiamu
Ɔsɛefoɔ ne Kwan a Ɛkɔ Fie
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Ɔsɛefoɔ ne Kwan a Ɛkɔ Fie

Ɛwom sɛ ebia gyinaeɛsie bi de wo akɔ akyirikyiri afiri Agyenkwa no ne N’Asɔre ho, Owura Ɔyaresafoɔ no gyina kwan a ɛkɔ fie no so, rema wo akwaaba.

Ɔbarima Bi a na Ɔwɔ Mma mmarima Baanu

Ebinom ato din sɛ ayɛsɛm tiawa kɛseɛ pa ara a wɔaka.1 Wɔakyerɛ aseɛ kɔ kasa mpempem mu wɔ wiase baabiara nti, ɛbɛtumi aba sɛ mfeɛ mpem mmienu a atwam yi mu, owia nkɔtɔeɛ a wɔmfaa ayɛsɛm no nyɛɛ mfatoho wɔ wiase.

Deɛ ɔkaeɛ ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, a ɔbaa wiase “bɛgyee deɛ ayera.”2 Ɔde saa nsɛm tiawa yi na ɛhyɛ aseɛ: “Na ɔbarima bi wɔ mma mmarima baanu.”3

Amonom hɔ ara yɛhunu akoma mu yea akyinnyegyeɛ. Ɔba baako4 ka kyerɛ n’agya sɛ ɔmpɛ sɛ ɔtena fie bio. Ɔpɛ ne fahodie. Ɔpɛ sɛ ɔgya n’awofoɔ amammerɛ ne nkyerɛkyerɛ wɔ n’akyi. Ɔbisa n’agyapadeɛ mu kyɛfa—seesei ara.5

Wobɛtumi asusu atenka a agya no nyaeɛ berɛ a ɔtee yei? Berɛ a ɔhunuu sɛ deɛ na ne ba no repɛ pa ara ne sɛ ɔbɛfiri abusua no mu na ebia ɔrensan mma bio da?

Ahwehwɛdeɛ Kɛseɛ No

Na ɔba no anya adehwehwɛ ho anika atenka a ɛyɛ anigyeɛ. Awieeɛ no, ɔdee ne ho. Ɔfirii ne mmabunu nhyehyɛeɛ ne mmara ase no, afei na ɔtumi yɛ deɛ ɔpɛ a n’awofoɔ nhyɛ ne so. Ɛfɔdie biara nni hɔ bio. Na n’ani gye wɔ nkorɔfoɔ a ɔne wɔn adwene sɛ ntam na ɔbɔ ne bra sɛdeɛ ɔno ara pɛ.

Ɔkɔpuee akyirikyiri man bi so, na ntɛm ara ɔnyaa ayɔnkofoɔ afoforɔ na ɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ abrabɔ a na daa ɔrehwehwɛ. Na bebree pɛ n’asɛm, ɛfiri sɛ na ɔyi sika kwa. N’ayɔnkofoɔ afoforɔ—wɔn a wɔnya n’ahuhusɛm mu mfasoɔ no—ammu no atɛn. Wɔyɛɛ no kɛseɛ, bɔ gyee ne so, na wɔfoaa deɛ ɔyɛ.6

Sɛ na sohyia midia wɔ hɔ saa berɛ no a, nokorɛ mu, anka yɛbɛhunu ɔne ayɔnkofoɔ a wɔresere wɔ baabiara: #Livingmybestlife! #Neverhappier! #Shouldhavedonethislongago!

Ɛkɔm no

Nanso apontoɔ no ankyɛre—ɛntaa nkyɛre. Nneɛma mmienu sisiiɛ: ɛdi kan, ne sika saeɛ, ɛna ɛtɔ so mmienu, ɛkɔm baa asase no so.7

Berɛ a ɔhaw no ano yɛɛ den no, n’akoma tuui. Onigyefoɔ a ɔdi sika akɛseɛ a na ɔnte gyae no, afei na ɔntumi ntɔ aduane baako mpo na kampɛsɛ wanya baabi atena. Ɔbɛyɛ dɛn atena ase?

Na wayɛ n’ayɔnkofoɔ adɔeɛ—seesei wɔbɛboa no anaa? Metumi hunu no sɛ ɔrebisa mmoa kakra—seesei ara pɛ—kɔsi sɛ ɔbɛsan agyina ne nan so.

Twerɛnsɛm kyerɛ yɛn sɛ, “Obiara amma no.”8

Ɔhia sɛ ɔbɛtena ase nti, ɔnyaa ɛhɔ okuani bi a ɔmaa no hwɛɛ mprako.9

Afei ɛkɔm de no boro so, wɔayi no ama na wayɛ ankonam no, abarimaa no bɛdwene sɛdeɛ nneɛma bɛtumi akɔ bɔne koraa, ayɛ hu saa.

Ɛnyɛ ɛkɔm nko ara na na ɛde no. Na ne kra werɛ aho. Na ɔwɔ gyedie pa ara sɛ ɔrebɔ ne bra sɛdeɛ ɔno ara pɛ bɛma n’ani agye, na suban pa mmara yɛ akwansideɛ ma saa anigyeɛ no. Afei deɛ wahunu deɛ ɛyɛ. Na o, hwɛ boɔ a na ɛwɔ sɛ ɔtua wɔ saa nimdeɛ no ho!10

Berɛ a honam ne honhom mu kɔm no yɛɛ kɛse no, n’adwene san kɔɔ n’agya so. Ɔbɛboa no wɔ deɛ na asie no nyinaa akyi anaa? Na n’agya apaafoɔ no mu kumaa koraa mpo wɔ aduane a ɔdi ne baabi a ɔda.

Nanso ɔnsan nkɔ n’agya hɔ?

Daabi da.

Ɔnka nkyerɛ ne kuromfoɔ sɛ wasɛe n’agyapadeɛ no?

Ɛrensi da.

Ɔnnye nto mu wɔ afipamfoɔ a wɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔregu n’abusuafoɔ anim ase na ɔrema n’awofoɔ werɛ aho no anim? Ɔnsan nkɔ n’ayɔnkofoɔ dada no hɔ berɛ a watu ne ho sɛ wanya fahodie?

Ɔrentumi.

Nanso na ɛkɔm, ankonam, ne nnuho no ntumi mfiri hɔ—kɔsi sɛ “n’ani baa ne ho so.”11

Na ɔnim deɛ ɛwɔ sɛ ɔyɛ.

Akyirisan no

Afei yɛnsan nkɔ agya no hɔ, efie no wura a ne werɛ ahoɔ no. Dɔnhwere ɔha-ha, ebia mpempem dodoɔ sɛn, na wasɛe de adwene ne ba no ho?

Mpɛn dodoɔ sɛn na wahwɛ ɛkwan a ne ba no faa so kɔeɛ na wakae sɛdeɛ ɛsi yɛ yea berɛ a na ne ba no rekɔ? Mpaeɛ dodoɔ sɛn na wabɔ no anadwo dasuom, de asrɛ Onyankopɔn hɔ banbɔ ama ne ba no, sɛ ɔbɛhunu nokorɛ no, na wasan n’akyi?

Na afei da koro, agya no hwɛ saa awerɛhoɔ kwan no so—kwan a ɛkɔ fie no—na ɔhunu onipa bi sɛ ɔfiri akyiri reba ne nkyɛn.

Na ɛbɛtumi asi?

Ɛwom sɛ onipa no wɔ akyirikyiri, nso agya no hunu no amonom hɔ ara sɛ ɛyɛ ne ba no.

Ɔtu mmirika kɔ ne nkyɛn, yɛ no atuu, na ɔfe n’ano.12

“Agya,” ɔba no ka, wɔ kasa a bɛyɛ sɛ na wabobɔ so mpɛn apem, “Mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne. Memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio. Deɛ meresrɛ ne sɛ yɛ me w’apaafoɔ no mu baako.”13

Nanso agya no mma no nwie. Ɔde nisuo, hyɛ ne nkoa.“Momfa ataadeɛ a ɛyɛ fɛ pa ara wɔ fie ha mmra mmɛhyɛ me ba no. Momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan. Momma yɛnnye yɛn ani. Me ba no asan aba!”14

Anigyeɛ no

Mfonin bi a Germany odwumfoɔ Richard Burde na ayɛ sɛne m’adwuma mu. Me ne Harriet dɔ saa mfonin yi. Ɛkyerɛ mmɔborɔhunu tebea bi a ɛfiri Agyenkwa no abɛbuo mu yie.

Mfoni
Ɔsɛefoɔ no Akyirisan, ɛfiri Richard Burde hɔ.

Berɛ a obiara ani agye wɔ ɔba no akyirisan ho no, baako ani nnye—ne nua panin.15

Ɔredi yea wɔ ne mu.

Na ɔwɔ hɔ berɛ a ne nua no bisaa n’agyapadeɛ. Ɔno ankasa hunuu awerɛhoɔ kɛseɛ a n’agya kɔɔ mu.

Ɛfiri berɛ a ne nua no kɔeɛ, wabɔ mmɔden ama n’agya adesoa mu ayɛ hare. Ɔyɛɛ adwuma da biara, sɛdeɛ n’agya akoma a abubuo no bɛnya awerɛkyekyerɛ.

Afei ɔba a desɛefoɔ no asan aba, na nkorɔfoɔ ntumi nnyae sɛ wɔresɛe berɛ wɔ ne nua otuatefoɔ no ho.

Ɔka kyerɛ n’agya sɛ, “saa mfirinhyia dodoɔ yi nyinaa, adeɛ baako mpo nni hɔ a woabisa a manyɛ. Nanso saa mmerɛ no nyinaa mu, woannye m’ani da.”16

Agya dɔfoɔ no bua sɛ, “Me dɔ ba, deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea! Yei nyɛ abasobɔ anaa anigyeɛ ntotoho. Yei fa ayaresa ho. Saa berɛ yi na yɛahwehwɛ no saa mfirinhyia yi nyinaa. Wo nua no wui na wanyane bio! Ɔyeraae na seesei yɛahunu no!”17

Abɛbuo ma Yɛn Mmerɛ yi

Me nuanom mmarima ne mmaa, ayɔnkofoɔ, te sɛ Agyenkwa no mmɛbuo nyinaa no, yei mfa nkorɔfoɔ a wɔatena ase berɛ tenten bi a atwam ho. Ɛfa me ne wo ho, ɛnnɛ.

Yɛn mu hwan na ɔmmane mfirii ahoteɛ kwan no so, a na yɛdwene sɛ yɛbɛtumi anya anigyeɛ bebree wɔ berɛ a yɛfa kwan a yɛn ara pɛ so?

Yɛn mu hwan na ɔnnyaa ahobrɛaseɛ, awerɛhoɔ, ne ahoyera atenka mmaa bɔnefakyɛ ne mmɔborɔhunu da?

Ebia ebinom bɛdwene sɛ, “Ɛbɛyɛ yie mpo sɛ yɛbɛsan akɔ yɛn nkyi? Mayɔnkofoɔ dada no bɛto me din, apo me, akwati me afebɔɔ anaa? Ɛbɛyɛ papa sɛ mɛkɔ so ayera anaa? Sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛsan a, deɛn na Onyankopɔn bɛyɛ?

Abɛbusɛm no ma yɛn mmuaeɛ.

Yɛn Soro Agya bɛtu mmirika aba yɛn nkyɛn, a ɔdɔ ne mmɔborɔhunu ahyɛ N’akoma mu ma. Ɔbɛyɛ yɛn atuu; ahyɛ yɛn ataadeɛ, de pɛtea ahyɛ yɛn nsa, ne mpaboa ahyɛ yɛn nan; apae mu aka sɛ, “Ɛnnɛ yɛn ani agye! Ɛfiri sɛ, me ba no a ɔwui no, wanyane!”

Ɔsoro ani bɛgye sɛ yɛasan.

Anigyeɛ a Ano Ntumi Nka na Animuonyam Ahyɛ ma

Memfa berɛ tiawa bi na menkasa nkyerɛ mo sɛ ankorankorɛ?

Ɛmfa ho ne deɛ ebia asi wɔ w’abrabɔ mu, meti mu na mepae mu ka nsɛm a me yɔnko dɔfoɔ ne me nua Ɔsomafoɔ Elder Jeffrey R. Holland kaeɛ: “Ɛrentumi nsi sɛ wobɛmem akyɛn Kristo [mpata afɔdebɔ] hann a ɛtoɔ ntwa da no.”18

Ɛwom sɛ ebia gyinaeɛsie bi de wo akɔ akyirikyiri afiri Agyenkwa no ne N’Asɔre ho, Owura Ɔyaresafoɔ no gyina kwan a ɛkɔ fie no so, rema wo akwaaba. Na yɛn nso, sɛ Yesu Kristo Asɔremma hwehwɛ sɛ yɛbɛdi Ne nhwɛsoɔ so na yɛayɛ mo atuu sɛ yɛn nuanom mmarima me mmaa, sɛ yɛn ayɔnkofoɔ. Yɛne wo di dɛ ne anigyeɛ bɔ mu.

W’akyiri san rente afoforɔ nhyira so. Ɛfiri sɛ Agya no ayamyɛ nni ano, na deɛ ɔde ma baako nte ɔfoforɔ kyɛfa so ketekete mpo.19

Mempatu nyɛ sɛ deɛ akyirisan nyɛ den. Mɛtumi adi ho adanseɛ. Nokorɛ mu, ɛbɛtumi ayɛ gyinaeɛsie a ɛyɛ den pa ara a wobɛyɛ.

Nanso medi adanseɛ sɛ berɛ a wosi gyinaeɛ sɛ wobɛsan, na wonante w’Agyenkwa ne Gyefoɔ no Kwan so no, Ne tumi bɛwura w’abrabɔ mu na asesa no.20

Abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro bɛdi ahurisie.

Na saa ara na yɛn, w’abusua wɔ Kristo mu nso bɛyɛ. Deɛ ɛhia ne sɛ, yɛnim sɛdeɛ kohwiniyɛ teɛ. Yɛn nyinaa de yɛn ho to Kristo mpata tumi korɔ no ara da biara. Yɛnim saa kwan yi, na yɛne wo bɛnante so.

Yɛn kwan no nne ne ho mfiri yea ne awerɛhoɔ, daabi. Nanso yɛduruu ɛha yi “nam Kristo asɛm no so wɔ ne mu gyedie a ɛnhinhim mu, de yɛn ho nyinaa to deɛ ɔyɛ kɛseɛ sɛ ɔgye nkwa no mfasodeɛ so.” Na yɛbɛka abom “apere akɔ kan agyina pintinn wɔ Kristo mu, anya anidasoɔ a ɛhyerɛn, ne Onyankopɔn dɔ ne [nnipa] nyinaa.”21 Yɛbɛka abom anya “anigyeɛ a ano ntumi nka a animuonyam ahyɛ ma.”22 ɛfiri sɛ Yesu Kristo ne yɛn ahoɔden!23

Me mpaebɔ ne sɛ yɛn mu biara bɛte, wɔ saa abɛbusɛm a ɛmu dɔ yi mu, Agya no nne a ɛrefrɛ yɛn sɛ yɛmfa kwan a ɛkɔ fie no so—na yɛanya akokoɔduro asakyera, anya bɔnefakyɛ, na yɛafa kwan a ɛsan de yɛn kɔ yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ no nkyɛn. Yeinom ho na medi adanseɛ na mehyira mo wɔ Yesu Kristo din mu, Amen.

Atwerɛ.

  1. Yɛhunu wɔ Luka 15, abɛbusɛm no yɛ mmiɛnsa no mu baako (odwan a wayera, dwetɛbena a ayera, ne ɔba hohwini no) a ɛkyerɛ sɛdeɛ nneɛma a ayera som boɔ ne anigyeɛ a ɛba berɛ a wɔhunu deɛ ayera no.

  2. Luka 19:10.

  3. Luka 15:11.

  4. Ebia na sa ɔba yi sua. Na ɔnwaree, a ɛbɛtumi akyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔbabunu, nanso na ɔbɛfra pii a na ɔrentumi mmisa n’agyapadeɛ na ɔmfiri fie wɔ berɛ a ne nsa aka.

  5. Wɔ Yudafoɔ mmara ne amammerɛ mu no, na mma mmarima baanu no mu panin wɔ wɔn agya agyapadeɛ nkyɛmu mmiɛnsa mu afa mmienu. Ne saa nti, na ɔkumaa no wɔ ɛmu fa baako. Hwɛ Deuteronomium 21:17.)

  6. Hwɛ Luka 15:13.

  7. Hwɛ Luka 15:14.

  8. Luka 15:16.

  9. Yudafoɔ mu no, na wɔhunu mprako sɛ “wɔn ho nte” (hwɛ Deuteronomium 14:8) na wɔn boɔ yɛ den. Wɔn a wɔsom sɛ Yudafoɔ rennyɛn mprako, a ɛkyerɛ sɛ na hwɛsofoɔ no yɛ Amanamanmuni. Ɛbɛtumi nso akyerɛ sɛdeɛ na abarimaa no atu kwan aduru akyiri afiri Yudafoɔ som mu.

  10. Elder Neal A. Maxwell kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Aane, ɛyɛ papa sɛ wɔbɛbrɛ yɛn ase ‘esiane asɛm no nti’ kyɛn sɛ tebea bi bɛma yɛanya [ahobrɛaseɛ], nanso akyire deɛ no bɛtumi ayɛ hɔ! (hwɛ Alma 32:13–14). Ɛkɔm bɛtumi ayɛ honhom mu kɔm” (“Nneɛma a Ɛtwe Wiase,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2001, 45).

  11. Luka 15:17.

  12. Hwɛ Luka 15:20.

  13. Hwɛ Luka 15:18–19, 21.

  14. Hwɛ Luka 15:22–24.

  15. Kae sɛ, na ɔba kumaa no adi kan agye n’agyapadeɛ. Ɔba panin no deɛ, na ɛkyerɛ no sɛ biribiara a aka yɛ ne dea. Wode adeɛ biara ma kumaa no a, ɛbɛyɛ te sɛ woregye afiri ɔba a ɔkaa fie no nsam.

  16. Hwɛ Luka 15:29.

  17. Hwɛ Luka 15:31–32.

  18. Jeffrey R. Holland, “Apaafoɔ wɔ Bobeturo no mu,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2012, 33.

  19. Deɛ ɔde ma baako nte ɔfoforɔ kyɛfa so ketekete mpo. Agyenkwa no maa saa nkyerɛkyerɛ yi berɛ a ɔkaa abɛbusɛm a ɛfa apaafoɔ no ho wɔ Mateo 20:1–16.

  20. Hwɛ Alma 34:31.

  21. 2 Nephi 31:19–20.

  22. 1 Petro 1:8.

  23. Hwɛ Nnwom 28:7.