Amansan Nhyiamu
Sɛ Wobɛyɛ Kristo Akyidini
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Sɛ Wobɛyɛ Kristo Akyidini

Sɛ yɛbɛyɛ Kristo akyidifoɔ ne sɛ yɛbɛpere sɛ yɛn nneyɛɛ, suban ne y’abrabɔ ne Kristo deɛ no bɛyɛ pɛ.

Wɔ me ara me twerɛsɛm adesua mu no, m’ani agye wɔ sɛdeɛ Saul a na ɔfiri Tarsus, a akyire yi wɔbɛfrɛ no Paulo no, sdeɛ waka ho asɛm wɔ twerɛ kronkron mu no ho.

Na Paulo yɛ ɔbarima a ɔdi akotene wɔ sɛdeɛ na wɔtaataa as]re no ne akristofoɔ no mu. Nanso ɛnam ɔsoro tumi ne Yesu Kristo Mpata no nti, wɔsesaa no prɛko pɛ, na Ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn asomfoɔ akɛseɛ no mu baako. Na n’abrabɔ nhwɛsoɔ ne Agyenkwa Yesu Kristo.

Wɔ Paulo nkyerɛkyerɛ a ɔde maa Korintofoɔ no mu baako no, ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ na’akyidifoɔ sɛdeɛ na ɔno ara nso yɛ Kristo akyidini no (see 1 Korintofoɔ 11:1 Yei yɛ ɔfrɛ a ɛyɛ nokorɛ na yɛagye ato mu firi Paulo mmerɛ so abɛsi nnɛ: sɛ yɛbɛyɛ Kristo akyidini.

Mehyɛɛ aseɛ dwendwenee ho sɛdeɛ ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ Kristo akyidini. Na deɛ ɛhia pa ara no, mehyɛɛ aseɛ bisaae, ɔkwan bɛn na memfa so nsua No?

Sɛ yɛbɛyɛ Kristo akyidifoɔ ne sɛ yɛbɛpere sɛ yɛn nneyɛɛ, suban ne y’abrabɔ ne Kristo deɛ no bɛyɛ pɛ. Ɛne sɛ yɛbɛnya nnepa su. Ɛne sɛ wobɛyɛ Yesu Kristo akyidini nokwafoɔ.

M’asua Agyenkwa no abrabɔ no mu bi na mayi Ne nnepa mu nnan a mebɔ mmɔden sɛ mɛsuasua no wɔ mu asi hɔ sɛ me kasa no mu bi a me ne mo bɛkyɛ nnɛ.

Adeɛ a ɛyɛ pa ara a ɛdikan wɔ Agyenkwa ho no yɛ ahobraseɛ. Na Yesu Kristo wɔ ahobraseɛ bebree firi asetena a na yɛwɔ bebree firi asetena a na mu asana yɛreba asaase yi so. Wɔ ɔsoro agyinatuo kɛseɛ no, mu no, Ɔhyehyɛɛeɛ na ɔmaa Onyankopɔn pɛ ho maa ɛdii nim wɔ Oonipa nkwagyeɛ nhyehyɛɛe no mu. Ɔkaa sɛ, “agya, wo pɛ ɛnyɛ hɔ, na animuonyam no nyɛ wo dea afebɔɔ” (Moses 4:2).

Yɛnim sɛ Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ sɛ ahobraseɛ na ɔbrɛɛ Ne ho ase de hyɛɛ N’agya animuonyam.

Momma yɛntena wɔ ahobraseɛ mu ɛfiri sɛ ɛde asomdwoeɛ ba (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:23). Ahobrɛaseɛ ba ansa na animuonyam aba, na ɛde Onyankopɔn anim adom ba yɛn so: “Aane mo nyinaa monsom mo ho mo ho na momfira ahobrɛaseɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan: na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ” (1 Petro 5:5). Ahobrɛaseɛ de mmuaeɛ a ɛdwoɔ ba. Ɛyɛ abrabɔ tenenee farebae.

Ɔpanin Dale G. Renlund kyerɛkyerɛɛ sɛ:

“Ankorankoro a wɔne Onyankopɔn anante wɔ ahobrɛaseɛ mu no kae deɛ wɔn Agya a Ɔwɔ Soro ayɛ ama wɔn.

“Yɛne Onyankopɔn di dwuma bɔ mu wɔ animuonyam mu berɛ a yɛne No renante wɔ animuonyam mu” (“Di Nokorɛ, Dɔ ahummɔborɔ, na ɛne Onyankopɔn nante wɔ ahobrɛaseɛ mu,” (“Do Justly, Love Mercy, and Walk Humbly with God,” Liahona, Nov. 2020, 111, 109).

Adeɛ a ɛyɛ pa ara a ɛtɔso mmienu wɔ Agyenkwa ho no yɛ akokoɔduro. Sɛ medwene Yesu Kristo ho sɛ berɛ a na wadi mfeɛ 12 no na ɔte mmaranimfoɔ akunini mu na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn ɔsoro nneɛma a, mehyɛ no nso sɛ na ɔdikan wɔ, n’abrabɔ ahyɛaseɛ pɛɛ no, wɔ adwene mu akokoɔduro papa bi, akokoɔduro soronko bi. Sɛdeɛ anka bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu abarimaa ketewa a mmaranimfoɔ akunini rekyerɛ no adeɛ no, Na ɔno mmom ɛkyerɛ wɔn adeɛ “na wɔretie No, na wɔrebisa no nsɛm” (Joseph Smith nkyerɛaseɛ, Luka 2:46in Luka 2:46footnote c

Yɛsomm berɛ-nyinaa asɛmpatrɛ adwuma wɔ Dempcratic Republic of the Congo Mbuji-Mayi asɛmpatrɛ adwuma firi 2016 kɔpem 2019. Ɔkwan a na wɔde tu kwan firi beaeɛ baako kɔ foforɔ mu yɛ fam nko ara. Na asɛm bi asɔre wɔ saa beaeɛ hɔ, a wate asi ɔkwan no mu reha akwantufoɔ nanteɛ.

Asɛmpatrɛfoɔ nnum a na wɔretu kwan firi beaeɛ bi akɔ foforɔ mu a na ɛka dwumadie mu nsakraeɛ ho no, kɔdii nsɛnsɛmmɛ wɔ saa basabasayɛ yi mu. Ɛnam sɛ na yɛakɔ saa tebea no mu bi pɛn nyinaa yɛn nkwa ne yɛn ahobanbɔ, mpo yɛampɛ sɛ yɛbɛtu kwan afa saa ɔkwan no so akɔsra asɛmpatrɛfoɔ no na yɛne wɔn ayɛ beaeɛ nhyiamu ahodoɔ no. Na yɛnnim berɛ ko a na ɛtoɔ bɛtwa. Mede amaneɛ kɔbɔɔ beaeɛ atitenafoɔ na mekyerɛɛ ehu atenka a na mewɔ fa sɛ yɛretoa so atu kwan berɛ a na ɔkwan no yɛ ɔkwan baakopɛ a wotumi de kɔ asɛmpatrɛfoɔ no hɔ.

Wɔ ne mmuaeɛ mu no, Elder Kevin Hamilton, a na ɔyɛ yɛn titenani wɔ Abibirem-anaafoɔ fa mu no twerɛ brɛɛ me sɛ: “M’afotuo ne sɛ yɛ deɛ wobɛtumi. Yɛ nyansani na yɛ mpaebɔni. Ɛnhyɛda mfa wone wo asɛmpatrɛfoɔ nto ɔhaw mu, na mmom bɛrɛkorɔ no ara mu fa gyidie kɔ w’anim. “Na Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom; mmom tumi ne ɔdɔ, ne adwene a emu dɔ.” (2 Timoteo 1:7

Saa nkuranhyɛ yi hyɛɛ yɛn den na ɛmaa yɛn kwan ma yɛtoaa so tuu kwan de akokoɔduro kɔsomm kɔsii sɛ yɛn asɛmpatrɛ adwuma mmerɛ soeɛ ɛfiri sɛ yɛnyaa akwankyerɛ firii yɛn Agya a Ɔwɔ Soro hɔ nam saa twerɛnsɛm no so.

Wɔ abɛɛfo twerɛnsɛm mu no yɛkenkan nkanyansɛm a nkɔmhyɛni Joseph Smith ka a ɛsi Awurade nkuranhyɛ a ɔde ma yɛn no so “Anuanom, enti yɛrennkɔ so wɔ saa dwumadie kɛseɛ yi mu? Monkɔ mo anim na ɛnnyɛ mo akyi. Monnya akokoɔduro, anuanom; na monkɔso, nkɔdi nkunim!” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:22 128:22).

Momma yɛnnya akokoɔduro a yɛde yɛ deɛ ɛtene, mpo wɔ berɛ a pii ne yɛn nnyɛ adwene, akokoɔduro a yɛde bɛgyina ama yɛn gyedie na yɛatu gyedie anammɔn. Momma yɛnnya akokoɔduro a yɛde bɛgye Onyankopɔn pɛ ato mu na yɛadi N’ahyɛdeɛ so. Momma yɛnnya akokoɔduro a yɛde bɛbɔ tenenee bra na yɛayɛ deɛ ɛfata sɛ yɛyɛ wɔ y’asodie ne gyinaberɛ ahodoɔ mu.

Adeɛ a ɛyɛ pa ara a ɛtɔso mmeɛnsa wɔ Agyenkwa ho no yɛ bɔnefakyɛ. Berɛ a na Ɔsom wɔ asaase yi so no, Agyenkwa no amma ho kwan amma wɔansi ɔbaa bi a na wakɔbɔ adwaman no aboɔ. Ɔhyɛɛ no sɛ “kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio” (Yohane 8:11). Yei de no kɔɔ adwensakyera mu ma ɛkɔwiee bɔnefakyɛ mu, na sɛdeɛ twerɛnsɛm no ka no, “ɔbaa no hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam firi saa nnɔnhwere no rekorɔ no, na ɔnyaa gyedie wɔ Ne din no mu” (Joseph Smith Nkyereaseɛ, Yohane 8:11in Yohane 8:11footnote c

Buronya berɛ mu wɔ Ɔpɛnimaa 2018 mu no, yɛn Titenani dɔfoɔ Russell M. Nelson kasa faa akyɛdeɛ ahodoɔ a yɛnya afiri Agyenkwa no hɔ. Ɔkaa sɛ akyɛdeɛ baako a Agyenkwa no de ma no yɛ tumi a yɛwɔ sɛ yɛde bɔne kyɛ

Ɛnam Ne Mpata a ɛnsa da no nti, wobɛtumi de wɔn a wɔatia wo nan so a ebia wɔnnyɛ aniɛyaa a wayɛ wo no ho asodie nto mu dabiarada no bɔne akyɛ wɔn.

“Ɛyɛ a na ɛtaa yɛ merɛ sɛ wode wɔn a wɔfiri akoma mu ne ahobraseɛ mu hwehwɛ bɔnefakyɛ firi wo hɔ no bɔne kyɛ wɔn. Nanso Agyenkwa no kyɛ wo tumi a wode bɔne kyɛ obi ara a w’afom wo wɔ ɔkwan biara so.” (“Akyɛdeɛ Nnan a Agyenkwa Yesu Kristo De ma Wo” [Atitenafoɔ A Wodikan Bronya Som, Ɔpɛnimma. 2, 2018], broadcasts.ChurchofJesusChrist.org).

Momma yɛnfiri y”akoma mu mfa yɛn ho yɛn ho bɔne nkyɛ sɛdeɛ yɛbɛnnya Agya no bɔnefakyɛ. Bɔnefakyɛ ma yɛde yɛn ho na ɛma yɛfata sɛ yɛfa adidikronkron Kwasiada biara. Yɛhia bɔnefakyɛ firi yɛn hɔ ama yɛayɛ nokorɛ Yesu Kristo akyidifoɔ.

Adeɛ a ɛyɛ pa ara a ɛtɔso nnan wɔ Agyenkwa ho no atuwohoakyɛ. Ɛyɛ Yesu Kristo nsɛmpa no mu bi. Agyenkwa no de Ne nkwa afɔrebɔ a ɛkorɔn no maa yɛn sɛdeɛ yɛbɛnya ɔgyeɛ. Ɔrete afɔrebɔ mu yea no, Ɔsrɛɛ N’agya sɛ anka ɔmma kuruwa no ntwa ne ho nkɔ, nanso ɔkɔ kɔduruu enniawieɛ afɔrebɔ no awieɛ. Yei ne Yesu Kristo Mpata no.

Titenani M. Russell Ballard kyerɛkyerɛɛ yei: “Afɔrebɔ ne sɛ worekyerɛ ɔdɔ kann. TSɛdeɛ yɛn dɔ a yɛwɔ ma Awurade, ma nsɛmpa no na yɛwɔ ma yɛn yɔnko nipa kɔduro no, yɛbɛtumi de deɛ yɛwɔ ɔpɛpa sɛ yɛde bɛbɔ afɔreɛ ama wɔn no ayɛ susudua” (“Nhyira a ɛwɔ afɔrebɔ mu,” (“Nhyira A Ɛwɔ Atuwuhoakyɛ Mu,” Ensign, Kotonimma 1992, 76).

Yɛbɛtumi de yɛn berɛ abɔ afɔreɛ na yɛakɔsom afoforɔ, ayɛ papa, ayɛ abusua abakɔsɛm adwuma na yɛayɛ yɛn asɔre frɛ adwuma.

Yɛbɛtumi de yɛn sika ama berɛ a yɛretua yɛn ntotosoɔ du du ne ntoboa afoforɔdeɛ akyekyere Onyankopɔn ahennie wɔ asaase so. Yɛhia afɔrebɔ a yɛde bɛdiapam a yɛne Agyenkwa no ayɛ so sɛdeɛ ɔbɛgye yɛn ato mu.

Me mpaebɔ ne sɛ yɛredi Yesu Kristo akyi na yɛregye Ne Mpata nhyira no, yɛbɛnya ahobrɛaseɛ bebree, yɛyɛ akokoɔdurufoɔ bebree na yɛde yɛn kra bɔ afɔreɛ ma N’ahenie.

Medi adanseɛ sɛ yɛn Agya a Ɔwɔ Soro no tease na Wɔnim yɛn ankorankorɛ, Na Yesu ne Kristo no, na afei Titenani Russell M. Nelson yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ ɛnɛ, na Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Awieyɛ Mmrem Ahotefoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ asaase yi so, na afei nso Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna a Ɛdi Akyiri Ahotefoɔ no yɛ Onyankopɔn ahennie wɔ asaase so na ɛsiesie Agyenkwa no mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no. Wɔ Yesu Kristo, yɛn Dimafoɔ no din mu, amen.