Amansan Nhyiamu
Ma Nsesa No Nka Hɔ
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Ma Nsesa No Nka Hɔ

Ɛnam Yesu Kristo so, wɔama yɛn ahoɔden a yɛde yɛ nsesaɛ a ɛtoɔ ntwa da. Sɛ yɛdane yɛn ho ma No wɔ ahobrɛaseɛ mu a, Ɔbɛma yɛn ahoɔden a ɛkɔ nkan a yɛbɛtumi de asesa.

Anuanom mmaa, ɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛahyia mu!

Mfoni
Woretua wɔ edwom

Susu sɛ obi rekɔ dwam akɔtɔ adeɛ bi. Sɛ ɔma sikakorafoɔ no sika a ɛboro adeɛ no boɔ so a, sikakorafoɔ no bɛma no nsesa.

Mfoni
Hwehwɛ ɛnsesa no mu

Ɔhene Bɛnjamin kyerɛkyerɛɛ ne nkurɔfoɔ wɔ tete Amerika faa nhyira kɛseɛ a yɛnya firi yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo hɔ. Ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase ne nneɛma fɛɛfɛ a yɛn ani gye ho no.1 Ɛnam Ne dɔ Mpata no so, Ɔma yɛn kwan bi a ɛma wɔgye yɛn firi bɔne ne owuo mu.2 Berɛ a yɛdi N’ahyɛdeɛ so de kyerɛ yɛn aseda no, Ɔhyira yɛn amonomu hɔ ara ma dabiara yɛde no ka.

Ɔma yɛn bebree, pa ara ma ɛboroso sen deɛ yɛbɛtumi asan de ama No. Enti, deɛn na yɛbɛtumi de ama Ɔno a ɔtuaa ɛka a ɛnni ano maa yɛn bɔne no? Yɛbatumi ama no nsesa. Yɛbetumi ama no yɛn nsesa. Ɛbɛtumi ayɛ nsusuieɛ nsesa, suban nsesa, anaase nsesa wɔ baabi a yɛde yɛn ani akyerɛ. Deɛ Awurade bisa firi yɛn mu biara hɔ, ma ɛka a ɛnni boɔ a ɔtua maa yɛn, ne akoma mu nsesaeɛ. Nsesaeɛ a Ɔhwehwɛ firi yɛn hɔ no nyɛ deɛ ɛbɛboa Ɔno, na mmom yɛn. Nanso, ɛnte sɛ ɔtɔfoɔ no wɔ dwam a anka ɔbɛgye ne nsesa no, yɛn Agyenkwa domfoɔ no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ sɛ yɛmma nsesa no nka hɔ.

Wɔtiee nsɛm a Ɔhene Benjamin kaeɛ akyire no, ne nkorɔfoɔ no teaa mu, paee mu kaa sɛ wɔn akoma asesa, na wɔkaa sɛ, “ɛnam Awurade Kokoroko Honhom no a ama nsesaeɛ kɛseɛ aba yɛn mu no nti, yɛnni ɔpɛ biara sɛ yɛbɛyɛ bɔne, na mmom sɛ yɛbɛyɛ papa mmerɛ nyinaa.“3 Twerɛsɛm no nka sɛ wɔbɛwiee pɛyɛ prɛko pɛ, na mmom, ɔpɛpa a na wɔwɔ sɛ wɔbɛsesa no na ɛhyɛɛ wɔn ma wɔkekaa wɔn ho. Wɔn akoma nsesaeɛ no kyerɛɛ sɛ wɔde wɔn honam mu ɔbarima anaasɛ ɔbaa no reto hɔ na wɔabrɛ wɔn ho ase ama Honhom no, berɛ a wɔperee sɛ wɔbɛyɛ te sɛ Yesu Kristo.

Titenani Henry B. Eyring kyerɛ sɛ “Nokorɛ nsakyeraeɛ gyina sɛ wofiri wo pɛ mu rehwehwɛ wɔ gyedie mu, a mmɔdemmɔ kɛseɛ ne yea bi ka ho. Afei ɛyɛ Awurade na ɔbɛtumi akyɛ adwera ne nsesa anwanwadeɛ no.”4 Yɛde yɛn mmɔdenmmɔ ne Agyenkwa no tumi a Ɔwɔ sɛ ɔsesa yɛn rebɔ mu no, yɛbɛyɛ abɔdeɛ foforɔ.

Berɛ a na mesua no, mehunuu me ho sɛ merenante wɔ kwan a ɛkɔ soro ntentensoɔ dekɔ me daa nkwa botaeɛ ho. Berɛ biara a meyɛɛ biribi anaa mekaa asɛm bɔne bi no, menyaa atenka sɛ asɛ merete afiri ɔkwan no mu abɛhwe fam, na masan nso ahyɛ makwantuo no ase bio koraa. Na ɛtesɛ worete abɛhwe wo ahyɛaseɛ gyinabea wɔ mmɔfra agorɔ bi a wɔfrɛ no Chutes ne Ladders a ɛpia wo firi ɛpono soro bɛtɔ fam! Na ɛyɛ abambuo! Nanso mehyɛɛ aseɛ sɛ merete Kristo nkyerɛkyerɛ ase5 ne sɛdeɛ mede bɛyɛ adwuma dabiara wɔ mabrabɔ mu no, menyaa anidasoɔ.

Mfoni
Nnidisoɔ a ɛfa nsesa ho no ɔtwɛn ka ho

Yesu Kristo ama yɛn ɔkwan ntoatoasoɔ a ɛma yɛsesa. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnnya gyedie wɔ Ne mu, a ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛsakyera—“gyedie ne nsakyeraeɛ a ɛde akoma mu nsesaeɛ ba.”6 Sɛ yɛsakyera na yɛdane yɛn akoma ma No a, yɛnya ɔpɛ kɛseɛ a yɛde bɛyɛ na yɛabɔ apam kronkron bra. Yɛyɛ kɔduru awieɛ berɛ a yɛkɔ so de saa nhyehyɛeɛ yi di dwuma wɔ yɛn abrabɔ mu na yɛto nsa frɛ Awurade sɛ ɔnsesa yɛn. Woreyɛ akɔduru awieɛ no kyerɛ sɛ woresesa akɔduru awieɛ. Seesei deɛ mate aseɛ sɛ merennhyɛ aseɛ bio koraa mfiri aseɛ, wɔ nkoguo biara a medi wɔ anammɔntuo biara mu, na mmom wɔ deɛ mesɔhwɛ biara mu no meretoa me nsesaɛ nnidisoɔ no so.

Nkanyan kasasini bi wɔ Mmaayewa asɛntire mu a ɛka sɛ, “M’anigye adwensakyera akyɛdeɛ ho na mehwehwɛ sɛ mɛkɔ nkan dabiara.”7 Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛani bɛgye saa akyɛdeɛ fɛɛfɛ yi na afei yɛahyɛda sɛ yɛrehwehwɛ nsesa. Ɛtɔ dabi a na nsesaɛ a yɛhia sɛ yɛyɛ no bata bɔnekɛseɛ bi. Nanso mpɛn pii no, yɛpere sɛ yɛbɛsɔne yɛn suban so na ama yɛne Yesu Kristo su na ayɛ pɛ. Yɛn daadaa agyinasie na ɛbɛboa anaasɛ ɛbɛtwe yɛn nkankɔ asan. Nkakrankakra, mmom wɔ pintinngyina mu, anidaho nsesaɛ bɛboa yɛn ma yɛakɔ yɛn anim. Ɛmma w’aba mu mmu. Nsesaeɛ yɛ abrabɔ akwantuo nyinaa mu nhyehyɛeɛ Ɛyɛ me anigye sɛ wɔ pere a yɛpere sɛ yɛbɛsesa mu no, Awurade nya yɛn ho abotare.

Ɛnam Yesu Kristo so, wɔama yɛn ahoɔden a yɛde yɛ nsesaɛ a ɛtoɔ ntwa da. Berɛ a yɛdane yɛn ho ma No wɔ ahobrase muno, Ɔbɛma yɛ ahoɔden a ɛkɔ nkan a yɛbɛtumi de asesa.

Deɛ ɛka nsakraeɛ tumi a ɛwɔ Agyenkwa no Mpata, ho no ne sɛ Honhom Kronkron no bɛboa na ama yɛn akwankyerɛ berɛ a yɛbɔ yɛn ho mmɔden. Ɔbɛtumi mpo aboa ama yɛahuni nsakraɛ a yɛhia sɛ yɛyɔ. Yɛbɛtumi nso ahwehwɛ mmoa ne nkuranhyɛ nam asɔfodie nhyira, mpaebɔ, akɔmkyene, ne tɛmpol korɔ so.

Saa ara, abusuafoɔ agyidifoɔ, akandifoɔ ne nnamfoɔ nso bɛtumi aboa wɔ yɛn mmɔdenmmɔ a yɛde pɛ nsesa mu. Berɛ a na madi mfeɛ nnwɔtwe no, na me ne me nua barima panin, Lee ne yɛn nnamfonom taa kɔdi agorɔ dua bi mman so wɔ yɛn mantamu. Na ɛyɛ yɛn anika sɛ yɛn nyina ara bɔ mu sɛ ayɔnkofekuo tena saa dua no ase. Da koro, Lee firi dua so tehweeɛ buu ne nsa mu. Ne nsa mu buo no nti na ɛyɛden ma no sɛ ɔno ara bɛtumi aforo dua no. Nanso na ɔnni hɔ a na dua no so nkwa atɔ sin. Enti, yɛn mu bi sɔɔ ne mu firii n’akyi berɛ a ebinom nso sɔɔ ne nsa a na ɛyɛ no mu, na ɛnyɛ ahoɔden pii so, Lee san baa dua no so bio. Na ne nsam abu deɛ, nanso ɔsan bɛkaa yɛn ho bio maa ayɔnkofa no kɔɔ so berɛ a na ɔrenya ayaresa.

Metaa dwene me suahunu wɔ dua no so agodie sɛ ɛyɛ Yesu Kristo nsɛmpa no mu adeyɔ bi. Wɔ nsɛmpa nkorabata nnwunu ase no, yɛnya nhyira pii a ɛbata yɛapam ho. Ebia ɛbinom ate ahwe afiri ahobanbɔ a wɔnya firi wɔn apam mu a wɔhia yɛn mmoa sɛ wɔbɛsan aforo akɔ nsɛmpa no ahobanbɔ nkorabata mu bio. Ɛbɛtumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔn ankasa bɛtumi asan aba. Yɛbɛtumi atwe ɛha kakra na yɛapagya ɛha kakra aboa ama wɔanya yaresa berɛ a wɔne yɛn wɔ ayɔnkofa?

Sɛ worehunu amane a ɛfiri ntehweɛ bi a, mepakyɛw ma afoforɔ kwan na wɔmmoa ma wo nsan nkɔ woapam ne nhyira a ɛma no bio. Agyenkwa no bɛtumi aboa ma woanya ayaresa ne nsesaeɛ berɛ a wɔn a wɔdɔ wo atwa wo ho ahyia.

Ɛtɔ da bi a medwane kɔtoa me nnanfonom nom a mehunuu wɔn akyɛ. Ɛtɔdabi a wɔka sɛ, “Wonsesaaɛ Koraa! Berɛbiara a mete saa no ɛyɛ, a na ɛpem me kakra ɛfirisɛ menim sɛ mfeɛ bebree akyiri no, m’asesa. Menim sɛ masesa firi ɛnora! Menim sɛ makyerɛ ɔdɔ kakra, me mmu atɛn bebree, na m’anya ahummɔbrɔ kɛseɛ. Menim sɛ mekeka me ho boa afoforɔ wɔ wɔn adehiadeɛ mu na menim sɛ manya abotare kakra.

M’anigye sɛ meyɛ ahotɛ nanteɛ wɔ mmepɔ a ɛbɛn me fie. Metaa, nya abosea ketewa bi wɔ me mpaboa mu brɛ a menante ɔkwan no so. Ɛduru berɛ bi a megyina, woso abosea no firi me mpaboa no mu. Nanso ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ kɔsi berɛ tenten bɛn na mɛtumi ama meho kwan anante wɔ yea mu ansana magyina ayi meho afiri saa amiamia no mu.

Berɛ a yɛrenante apam kwan no so no, ɛtɔdabi a yɛn mpaboa fa abosea te sɛ nneyɛɛ bɔne, bɔne ahodoɔ anaa suban bɔne mu. Ntɛm so a yɛwoso wɔn firi yɛn abrabɔmu no, dodoɔ no ara na yɛn asaase yi so asetena bɛyɛ ɔdɛ.

Worekura nsesa mu hia ma mmɔdemmɔ. Merentumi nsusu sɛ meregyina ɔkwan so asan de abosea no a emia me a mayi no seesei ara no asan nso ahyɛ mu. Mempɛ sɛ mɛyɛ saa bio sen sɛ afafantɔ fɛɛfɛɛ bɛsan adane nani akɔ ne kĨoon mu bio.

Medi adanseɛ sɛ ɛnam Yesu Kristo nti, yɛbɛtumi asesa. Yɛbetumi atene yɛn nneyɛɛ, tene yɛn nsusuɛ na yɛsɔne yɛn suban na y’abɛyɛ sɛ Ɔno kɛse. Na Ne mmoa ka ho a, yɛbɛtumi ama nsesa no awɔ hɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.