De ma Mmabunu Ahoɔden
Mmoa firi Yesu Kristo hɔ: Adɛn ne Sɛn No
De ma Mmabunu Ahoɔden Oforisuo 2025


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Oforisuo 2025

Mmoa firi Yesu Kristo: Adɛn ne SɛnNo

Teaseɛ sɛnti a Yesu Kristo ne mmuaɛ no ne sɛdeɛ Ɔboa wo.

Yesu Kristo

Nkyerɛkyerɛmu firi Dan Wilson

“Mete nka sɛ me gu so fom. Ɛyɛden sɛ yɛbɛkɔso abɔ mmɔden.”

“Metebea yɛ den. Menhu kwan a me mfa so nkɔ anim.”

“Mehaw yɛ deɛ ɛbɛsi daakye. Mennim sɛ mewɔ deɛ ɛbɛma madi nkunim a.”

“Mabrɛ, nanso pii na ɛwɔ hɔ a ɛwɔ sɛ me yɛ.”

Wo afa ɔhaw yei mu bi pɛn? Titenani Russell M. Nelson akyerɛ sɛ, “Nsɛmmisa anaa ɔhaw biara a mowɔ no, yɛhunu mmuaeɛ no daa wɔ Yesu Kristo abrabɔ ne ne nkyerɛkyerɛ mu.” (“The Answer Is Always Jesus Christ,” Oforisuo. 2023 amansan nhyiamu [Laehona, Kɔtɔnima 2023, 127]).

Ɛyɛ den sɛ wobɛkasɛ “Yesu Kristo yɛ mmuaɛ.” Ɛhia mmɔdemmɔ de ate aseɛ adɛn ne Sɛn a Ɔyɛ mmuaɛ no.

Ne sɛnti na Kristo yɛ Mmuaɛ?

Berɛ a ɔfaa Namanehunu mu no, Agyenkwa no yɛɛ ahiadeɛ mmiɛnsa:

  1. Ɔdii owuo so, akwanya sɛ yɛbɛnya owusɔreɛ.

  2. Ɔtuaa bɔne nyinaa ho ka, akwanya ma yɛn sɛ yɛbɛsakyera, anyini na yɛasan akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Ɛno nso boa ma yɛde afoforɔ bɔne kyɛ wɔn, esiene sɛ Kristo faa wɔn mmɔne too ne ho so.

  3. Ɔfaa yɛn yea, amanehunu, sɔhwɛ, yareɛ, ne merɛyɛ nyinaa mu (hwɛ Alma 7:11–13). Ɛkyerɛ sɛ Ɔnim kwan pɔtee a ɛbɛboa na asa wo yareɛ na ahyɛ wo den ma wo atumi agyina nsɔhwɛ ano na wabɔ mmɔden atu mpɔn.

Yi ɔhaw biara, na wobɛtumi anya ano aduro wɔ saa nokorɛ mmiɛnsa yi mu baako mu.

Ohia? Esiane sɛ Yesu Kristo faa nneɛma nyinaa mu nti, Ɔnim sɛdeɛ ɛteɛ pɔtee. Ɛnyɛ daa na Ɔyi akwansideɛ firi hɔ, mmom Ɔtumi hyɛ nnipa den ma wɔn gyina ano (hwɛ Mosiah 24:15).

Nkoguo? Esiane sɛ Kristo dii bɔne so nti, ɛnhia sɛ yɛn nkuguo bɛyɛ afebɔɔ. Ɛka Adwensakyera ho sɛ yɛbɛtu mpɔn na yɛn abɛyɛ nnipa a Ɔnim sɛ yɛbɛtumi abɛyɛ.

Yareɛ? Esiane sɛ Ɔdii owuo so nti, wɔbɛnyane yɛn nyinaa ma yɛatena ase daa wɔ nipadua a ɛyɛ pɛ mu a yareɛ ne yea biara nni mu. Kristo san so “[fa] too ne so yareɛ” (Alma 7:11), ɛma No yɛ nipa a ɔwie pɛyɛ sɛ ɔbɛma yɛn mmoa ne awerɛkyekyerɛ.

Sɛn Na Kristo Boa?

Mpo berɛ a yɛnim sɛnti a Agyenkwa no yɛ mmuaɛ (esiane nipa a ɔyɛ ne deɛ wayɛ ama yɛn), ɛhia sɛ yɛbɛhunu sɛdeɛ yɛnya mmoa ne ahoɔden firi Ne hɔ. Nsusuiɛ kakra bi nie:

Mpaebɔ, Sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu, nnipa a ɛnwie pɛyɛ te sɛ yɛn bɛtumi ne pɛyɛ Onyankopɔn akasa. Yɛbɛtumi abɔ ahoɔden ho mpaeɛ biara a yɛhia wɔ tebea biara mu, na Onyankopɔn bɛma mmuaɛ—ɛnyɛ sɛdeɛ yɛpɛ no daa, nanso wɔ kwan a ɛbɛhyira yɛn so. Agyenkwa no frɛɛ yɛ nokorɛ: “Bisa, na mobɛnya” (Yohane 16:24; 3 Nephi 27:29; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 4:7).

Honhom Kronkron Akyɛdeɛ no Ɔsoro Agya, Yesu Kristo, ne Sunsum Kronkron no yɛ baako wɔ botaeɛ mu. Wɔyɛ adwuma bɔ mu! Berɛ biara a wonya awerɛkyekyerɛ anaa akwankyerɛ afiri Honhom Kronkron no hɔ no, wobɛtumi ateaseɛ sɛ Kristo reboa wo.

Redi Apam so. Sɛdeɛ Elder Dale G. Renlund a ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho akyerɛ sɛ “Kasasin apam kwan no kyerɛ apam ahodoɔ a yɛnam so ba Kristo nkyɛn na yɛne No kabom . Ɛnam saa apam ayɔnkofa yi nti, yɛwɔ Ne daapem tumi no ho kwan.” (Oforisuo 2023 amansan nhyiamu [Liahona, Kɔtɔnima 2023, 36]).

Adom. Sɛ yɛnya gyidie wɔ Yesu Kristo mu na yɛsakyera a, yɛtumi nya mmoa ne ahoɔden foforɔ (wɔsan nso frɛ adom) de yɛ nneɛma a anka yɛn ankasa ahoɔden ntumi nyɛ (hwɛ Twerɛsɛm mu akwankyerɛ, “Adom”). Saa ahoɔden, anaa adom no, bɛtumi aba wɔ kwan pii so: firi Sunsum Kronkron no, adamfoɔ, obi a wo nnim, atenka bi. Ne korakora ne sɛ, adepa biara firi Kristo (hwɛ Moroni 7:22). Sɛ wonya aboterɛ ketewa bi, ahoɔden ketewa bi, nkoden ketewa bi de gyina a, hunu no sɛɛ Kristo reboa wo.

Kai sɛnti ne kwan

Berɛ biara a wo hia asɛmmisa anaa ɔhaw bi ho mmuaɛ no, hwɛ Kristo. Kai sɛ esiane Ne nkunimdie wɔ bɔne, owuo, ne honamdua mu haw nyinaa so nti, biribiara nso no yɛ. Hwehwɛ kwan a Ɔbɛhyira wo, na wo bɛhunu Ne nkɛntɛnsoɔ wɔ wo abrabɔ mu. Ɔdɔ wo yie ankasa!