Tɛmpol Bɔhyɛ ahodoɔ Kyekyere Yɛn bata Onyankopɔn ne Yɛn ho, yɛn ho
Ɛnam Yesu Kristo afɔrebɔ so, yɛne yɛn adɔfoɔ ne Onyankopɔn bɛtumi asan atena ase bio wɔ asetena yi akyi. Yɛbɛtumi afa sɛ yɛbɛdi N’akyi berɛ a yɛne No reyɛ apam, anaasɛ bɔhyɛ ahodoɔ.
Deɛn ne Tɛmpol?
Tɛmpol ahodoɔ no yɛ mmeaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron. Yɛhunu tɛmpol ahodoɔ no sɛ Awurade Yesu Kristo fie. Wɔyɛ sononko firi mpɔtam asɔredan ahodoɔ a yɛyɛ Kwasiada som ne nnwumadie afoforɔ wom. Wɔate tɛmpol ahodoɔ no ho ama Onyankopɔn adwuma kronkron pa ara.
Nsɛnkyerɛnneɛ ahyɛ tɛmpol ahodoɔ no ma. Nhwɛsoɔ, wɔn a wɔkɔ tɛmpol no hyɛ ntaade fitaa a ɛkyerɛ ahoteɛ ne pɛpɛyɛ wɔ Onyankopɔn anim. Tɛmpol ahodoɔ no yɛ kronkron, asomdwoeɛ dwankɔbea a Yesu Kristo akyidifoɔ bɛtumi ne No adi nkutaho a ɛmu dɔ.
Titire pa ara no, tɛmpol ahodoɔ no yɛ mmeaeɛ a yɛbɛtumi ne Onyankopɔn ayɛ apam kronkron.

Sɛ wɔbɔ yɛn asu a , yɛhyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ yɛbɛsom No, adi Ne mmaransɛm so, na yɛafa Yesu Kristo din ato yɛn ho so. Sɛ yɛyɛ saa nnoɔma a, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ Ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na Ɔde Ne Honhom Kronkron ahyira yɛn, na wama yɛn daa nkwa wɔ Ne nkyɛn.
Yɛyɛ apam no a yɛyɛ no asubɔ mu no foforɔ berɛ a yɛfa sakramɛnte, a wɔsan frɛ no communion, Kwasiada biara wɔ asɔre. Saa sakramɛnte yi yɛ Last Supper a Yesu Kristo de kyerɛɛ N’asomafoɔ no ansa na Ɔrebɛwuo no ho nhwɛsoɔ.
Asubɔ akyi, Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma mpanimfoɔ bɛtumi ne Onyankopɔn ayɛ apam afoforɔ wɔ tɛmpol mu. Saa apam yi ne bɔhyɛ ahodoɔ no hyɛ wɔne Ne ntam ayɔnkofa mu den na ɛde nhyira akɛseɛ ba.

Yɛyɛ Apam Ahodoɔ wɔ Tɛmpol mu
Akyɛdeɛ kronkron
Asɛmfuaakyɛdeɛ kronkron asekyerɛ ne “akyɛdeɛ.” Wɔ tɛmpol akyɛdeɛ kronkron mu, Asɔremma mpanimfoɔ yɛ apam kronkron, ne bɔhyɛ sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so na wɔde wɔn mmerɛ ne adom akyɛdeɛ ma Awurade adwuma. Ɛno akyi, asɔremma nya nhyira te sɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ho nimdeɛ kɛseɛ, ahoɔden a ɛso de adi Kristo nhwɛsoɔ so, ne akwanya a wɔde bɛtena Onyankopɔn nkyɛn afebɔɔ.Nsɔano
Yesu Kristo asɛmpa no anigyesɛm kɛseɛ baako ne bɔhyɛ sɛ abusua nkabom bɛtumi atoa so wɔ honam mu asetena akyi. Wɔ tɛmpol mu no, wɔka mmusua bom anaasɛ “wɔsɔ” mmusua ano bom ma ɛnniawieeɛ mmerɛ.Awareɛ nsɔano dwumadie mmerɛ mu no, okunu ne ɔyere koto wɔ afɔrebukyia ho ne Onyankopɔn ne wɔn ho, wɔn ho yɛ apam. Wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛdɔ na wɔadi wɔn ho, wɔn ho ni kɛse na wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛdi Yesu nkyerɛkyerɛ ne nhwɛsoɔ akyi. Afei, wɔhyɛ wɔn ho bɔ sɛ wɔn awareɛ ne wɔn abusua bɛtena hɔ afebɔɔ.
Adwuma a wɔyɛ ma nananom awufoɔ
Yɛgye Onyankopɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ a ɔmmma ɛnniawieɛ nhyira mmɔ Ne ba biara di a ɛmfa tebea biara a ɛboro wɔn so no ho.Wɔ tɛmpol mu no, yɛyɛ asubɔ, akyɛdeɛ kronkron, ne nsɔano wɔ nananom a wɔannya kwan anye saa ayɛyɛdeɛ no ansa na wɔrewuo no ananmu. Wɔ saa dwumadie yi mu no, obi a ɔte aseɛ gyina hɔ anaasɛ ananmusini ma obi a wawuo.
Saa dwumadie kronkron yi wɔyɛ wɔ tɛmpol mu nko ara. Yɛgyedi sɛ yɛn nananom awufoɔ bɛtumi agye anaasɛ wɔpo saa akyɛdeɛ a wɔyɛ no wɔ ɔdɔ mu ma wɔn no.
Nsɛm a Wɔtaa Bisa
Sɛn na tɛmpol yɛ soronko firi daa asɔredan ho?
Sɛn na tɛmpol yɛ soronko firi daa asɔredan ho?
- Wɔde asɔre yɛ Kwasiada som nwuma, nnawɔtwe mmabunu da nwumadie, anigyeɛ nhyiamu, ne mpɔtam nwumadie afoforɔ, berɛ a wɔahyira tɛmpol so ama som kronkron ne nwumadie ahodoɔ.
- Wobɛtumi ahunu tɛmpol a nsɛmfua “Awurade Fie” wɔ ɛdan no ho, berɛ a asɔredan ankasa bɛnya nsɛmfua “Yɛma Ahɔhoɔ Akwaaba ” ne “Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ” wɔ abɔntene.
- Berɛ a akuo nkutahodie ne mpɔtamu dan yɛ ɛfa kɛseɛ wɔ deɛ ɛkɔso wɔ asɔredan mu no, tɛmpol wɔ nidie soronko. Wɔ tɛmpol mu no, nkorɔfoɔ yɛ komm na wɔdwene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nidie ama Awurade.
So mɛtumi akɔ tɛmpol bi mu?
So mɛtumi akɔ tɛmpol bi mu?
Wobɛtumi akɔ tɛmpol bi mu berɛ bi! Sɛ wɔsi tɛmpol foforɔ anaa wɔyɛ nsiesie kɛseɛ wɔ ho wie a, wɔbue to hɔ ma amanfoɔ kɔhwɛ mu. Afei nso, tɛmpol bebree wɔ ahɔhogyebea a wɔtwɛn, anaa asase a wɔabue ama obiara.
Sɛ wɔsi tɛmpol wie a, wɔhyira so ma ɔsom kronkron. Esiane sɛ adwuma a wɔyɛ wɔ tɛmpol mu no yɛ kronkron nti, wɔbue tɛmpol ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma a wɔasiesie wɔn ho ama suahunu no nko ara.
Berɛ a ebia worentumi nkɔ tɛmpol mu seesei ara no, wɔto nsa frɛ Onyankopɔn mma nyinaa sɛ wɔnsua pii mfa Yesu Kristo asɛmpa no ho na wɔnhyɛne apam abusuabɔ a ɛbɛma woanya tɛmpol nhyira no nyinaa.

Sɛn na tɛmpol ayefohyia teɛ?
Sɛn na tɛmpol ayefohyia teɛ?
Wɔ dwumadie tiawa bi a ɛnyɛ den mu no, ayeforɔ ne ayefokunu sɔ wɔn nsa wɔ afɔrebukyia bi so. Wɔne Onyankopɔn yɛ apam sɛ wɔbɛdɔ na wɔadi wɔn ho wɔn ho ni kɛse na wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛdi Yesu nkyerɛkyerɛ ne nhwɛsoɔ so. Afei, wɔhyɛ wɔn bɔ sɛ wɔn awareɛ ne wɔn abusua bɛtena hɔ afebɔɔ.
Awarefoɔ a wɔaware wɔ tɛmpol mu no taa ne abusuafoɔ ne nnamfonom de ayefohyia apontoɔ anaa amammerɛ dwumadie foforɔ bi gye wɔn ani wɔ awareɛ no akyi. Awarefoɔ a na wɔadi kan aware wɔ aban mu a na ɛnyɛ tɛmpol mu (te sɛ wɔn a wɔbɛkaa Asɔre no berɛ a na wɔaware dada no) nso bɛtumi anya nhyira a ɛwɔ tɛmpol nsɔano mu.

W’abusua Bɛtumi Atena Abom Afebɔɔ
Asɛmpakafoɔ bɛtumi akyerɛkyerɛ wo pii afa sɛdeɛ asubɔ ne tɛmpol nhyira—a ɛnniawieeɛ abusua ka ho—bɛtumi ayɛ w’abrabɔ mu fa.