“Bammɔ wɔ Ogya mu,” Adamfoɔ, Ahinime 2026, 46–48.
Bosome, bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ahinime 2026
Bammɔ wɔ Ogya mu
Ɔhene Nebukadnesa sii sika honi kɛseɛ bi na ɔhyɛɛ ne nkorɔfoɔ sɛ wɔnsom no. Sɛ wɔannyɛ a, wɔde wɔn bɛgu ogya fononoo mu.
Na Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego dɔ Onyankopɔn na na wɔrensom ɔhene no atorɔ nyame no.
Nnamfoɔ baasa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn nko ara. Na wɔgye di sɛ Onyankopɔn bɛtumi abɔ wɔn ho ban. Na sɛ wannye wɔn nkwa mpo a, anka wɔbɛgyina ama deɛ wɔgye die no.
Ɔhene no bo fuui. Ɔmaa wɔtoo nnamfoɔ no guu ogya fononoo no mu. Nanso berɛ a ɔhene no hwɛɛ fononoo no mu no, ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔsoro onipa bi ne mmarima baasa no wɔ ogya no mu.
Ɔhene no frɛɛ Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, na wɔfirii fononoo no mu. Na ogya no mpiraa wɔn, anaa ɛnhyee wɔn ntaadeɛ mpo.
Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego dii Onyankopɔn mmaransɛm so, berɛ mpo a na wɔn nkwa da asiane mu no. Wɔn nhwɛsoɔ no boaa ɔhene no ma ɔgyee Onyankopɔn dii.
Krataafa a Wɔkeka mu
Wɔfrɛ Nkɔmhyɛfoɔ sɛ Wɔnka Awurade Nsɛm
Nkyerɛkyerɛmu firi Audrey Day hɔ. Wɔbɛtumi ayɛ nsɛsoɔ ama Asɔre dwumadie nko ara.
Sɛn na wodi nkɔmhyɛni no akyi?
© 2026 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. Borɔfo kasa mpenesoɔ: 6/19. Nkyerɛaseɛ mpenesoɔ: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome, bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ahinime 2026. Twi. 20061 503