“Rut ne Naomi,” Adamfoɔ, Ɛbɔ 2026, 46–48.
Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɛbɔ 2026
Rut ne Naomi
Naomi abusua tenaa Yuda. Ɔkɔm nti na wɔnni aduane, enti wɔtu kɔɔ Moab.
Naomi kunu wuu wɔ Moab, na ne mma mmarima waree mmaa a wɔfrɛ wɔn Orpah ne Ruth. Wɔhwɛɛ Naomi mfeɛ 10. Nanso Orpah ne Rut kununom wuwuiɛ. Afei na mmaa no ayɛ ankonam.
Orpah sane kɔɔ fie. Nanso Rut pɛɛ sɛ ɔka Naomi nkyɛn na ɔhwɛ no. Rut ne Naomi tee sɛ nnɔbaeɛ aba Yuda asase so bio, enti wɔtuu kwan kɔɔ hɔ.
Wɔduruu hɔ otwa berɛ mu. Na Naomi busuani Boas wɔ mfuo. Ɔmaa Rut faa aburoo a aka no sɛ aduane. Na ɛyɛ adwumaden.
Boas buu Rut ɛfiri sɛ na ɔyɛ adwumaden na ɔdii nokorɛ maa Naomi ne Awurade.
Rut ka kyerɛɛ Boas sɛ ɔnware no. Na Boas nim sɛ Rut yɛ ɔbaa nokwafoɔ ne ɔbaa pa. Ɔpenee so.
Rut ne Boas waree na wɔwoo ɔba barima. Mfeɛ bebree akyi no, wɔwoo Yesu Kristo too saa abusua yi ntoatoasoɔ mu.
Krataafa a Wɔkɔla
Yesu Kristo nti, Mɛtumi Asakyera na Me ho Ate.
Nkyerɛkyerɛmu firi Audrey Day hɔ. Wɔbɛtumi ayɛ nsɛsoɔ ama Asɔre dwumadie nko ara.
Deɛn na ɛboa wo ma wofa nea ɛyɛ?
© 2026 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. Borɔfo kasa mpenesoɔ: 6/19. Nkyerɛaseɛ mpenesoɔ: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome, bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɛbɔ 2026.Twi. 20073 503