Yɛgye obiara. Kɔsra asɔre a ɛbɛn wo

Yɛyɛ kuo a ɛsi Kristo so, a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdɔ na yɛasom afoforɔ. Kwan wɔ hɔ ma wo.
Hwehwɛ Asɔre a ɛbɛn wo.
People attending church and fellowshipping

Nsɛm a Wɔtaa Bisa

Nti Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma yɛ Akristofoɔ?

Aane! Sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɔremma no, yɛgyedi sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn ba ne Wiase Agyenkwa. Ɔdɔ yɛn nyinaa sene sɛdeɛ yɛsusu mpo. Yɛbu yɛn ho sɛ Yesu akyidifoɔ a wɔatu wɔn ho ama. Berɛ a yɛn gyidie ahodoɔ bi yɛ soronko no, yɛgye di sɛ Yesu Kristo nam N’asetena, som adwuma, afɔrebɔ, ne wusɔreɛ so gye yɛn firi bɔne, amanehunu, ne owuo mu.

Sua bebree fa yɛn gyidieahodoɔ ho.

Sɛn na Asɔre som ahodoɔ teɛ?

Asɔre som berɛ gu ahodoɔ wɔ asafo biara mu. Nanso, wobɛtumi de wo ho ato ɔsom titire baako so ma obiara berɛ biara, na ɛno akyi, adesua ahodoɔ wɔ hɔ ma mmɔfra, mmabunu, ne mpanimfoɔ.

Wɔfrɛ ɔsom a obiara ka ho no sɛ “adidikronkron nhyiamu.” Saa nhyiamu yi yɛ nnwom, mpaebɔ, ne asɛnka (anaa “ɔkasa”) a asafomma ahodoɔ de ma nnawɔtwe biara. Nanso nhyiamu no fa a ɛho hia pa ara ne berɛ a yɛfa adidikronkron (a ɛte sɛ Awurade adidie) de kae Agyenkwa no.

Sua bebree fa Kwasiada som ho anaa hwehwɛ Asɔre a ɛbɛn wo.

Adɛn nti na Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ wɔ tɛmpol?

Wɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ fam no, tɛmpol yɛ soronko firi Asɔredan nkaeɛ no ho. Tɛmpol yɛ beaeɛ a Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ gye nkyerɛkyerɛ soronko fa Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho. Wɔ tɛmpol mu no, asɔremma ne Onyankopɔn yɛ daapem apam (anaa bɔhyɛ) ahodoɔ. Ebi ne bɔhyɛ ahodoɔ sɛ yɛbɛdi mmaransɛm no so, abɔ Yesu Kristo asɛmpa no bra, adi nokorɛ wɔ awareɛ mu, na yɛnam deɛ yɛwɔ na yɛkyɛ so aboa yɛn ho yɛn ho.

Bio, esiane sɛ yɛgye di sɛ mmusua wɔ hɔ daanti, adwuma a wɔyɛ wɔ tɛmpol mu no mu dodoɔ ne sɛ wɔbɛma abusua nkabom mu ayɛ den kɛse. Wɔyɛ tɛmpol awareɛ sɛ ɛbɛtena hɔ daa, ɛnyɛ sɛ “gye sɛ owuo tete mo ntam” kɛkɛ. Awofoɔ ne mma bɛyɛ mmusua a ɛwɔ hɔ daa wɔ tɛmpol mu. Yɛn nananom nso bɛtumi anya tɛmpol nhyira nyinaa sɛ obi gyina yɛ ayɛyɛdeɛ kronkron no ma wɔn na wɔgye saa ɔsom adeyɛ no tom a. Tɛmpol yɛ beaeɛ a adaagyeɛ nni hɔ!

Mormon Nwoma no yɛ Deɛn?

Mormon Nwoma no yɛ nkanyan twerɛsɛm nwoma a ɛkyerɛkyerɛ yɛn fa Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho. Ɛboa yɛn ma yɛnya akwankyerɛ ma yɛn ankasa asetena na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛate nka sɛ yɛbɛn Yesu Kristo. Ɛhe na edin no firi? Mfeɛ ɔha pii a atwam no, tete nkɔnhyɛni bi a wɔfrɛ no Mormon boaboaa ne nkorɔfoɔ ho twerɛtohɔ ano. Wɔhyiaa ɔhaw ahodoɔ no ara a yɛn nso yɛhyia no pii. Na te sɛ yɛn ara no, wɔnyaa ahoɔden berɛ a wɔkɔɔ Yesu Kristo nkyɛn. Wo ne asɛmpatrɛfoɔ nsua Mormon Nwoma no nnianim asɛm.

Mormon Nwoma no ka Twerɛ Kronkron ho sɛ Yesu Kristo ne N’adwuma a ɛfiri soro sɛ wiase Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ no ho adanseɛ foforɔ. Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no ka bom ma yɛnya nteaseɛ yie wɔ Onyankopɔn dɔ kɛseɛ ma yɛn nyinaa no ho na ɛbɛtumi aboa ma yɛabɛn No. 

Sua bebree fa sɛdeɛ Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no bom yɛ adwumaho.

Yɛgye Twerɛ Kronkron no di?

Aane, Twerɛ Kronkron yɛ Onyankopɔn asɛm, twerɛsɛm nnwoma kronkron, na yɛdi ne nkyerɛkyerɛ so a ɛde anigyeɛ ba yɛn abrabɔ mu. Yɛsan nya nkanyan wɔ twerɛsɛm nwoma afoforɔ a ɛyɛ soronko ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ka Twerɛ Kronkron ho. Ne nyinaa bom kyerɛkyerɛ yɛn nokorɛ a ɛho hia fa Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho.

Sua bebree fa yɛn gyidie ahodoɔ ho wɔ Twerɛ Kronkronmu.

Hwɛ bebree

Twe bɛn Onyankopɔn. Hyia asɛmpatrɛfoɔ.

Hyia wɔ Intanɛt so anaa nipadua. Yɛbɛbua wo nsɛmmisa na yɛde wo akyerɛ asɔre a ɛwɔ wo mpɔtam.

Bisa Nsrahwɛ
Two sister missionaries prepare to ride the subway in Hong Kong

gyidifoɔ Kuro a wɔn ani si Yesu Kristo so

Four Corners: Primary Children
Deɛ ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ kwan wɔ Asɔre
Asɔre yɛ dwanekɔbea firi abrabɔ mu basabasayɛ ho—beaeɛ a wobɛtumi ne agyidifoɔ afoforɔ a wɔrebɔ mmɔden asom Onyankopɔn na wɔabɛyɛ te sɛ Yesu. Yɛn ani bɛgye sɛ wobɛsra yɛn!
Pacific, New Zealand, Stock Photos
Yɛn Gyidie Ahodoɔ
Yɛn gyidie nyinaa gyina Onyankopɔn ne Yesu Kristo so. Sua bebree fa deɛ yɛgye di ne sɛdeɛ saa gyidie titire no bɛtumi akanyan wo ma woadi Agyenkwa no akyi ho.
Hunu Yɛn
Pacific, Tonga, Stock Photos
Hunu Yɛn
Wobɛhunu Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma wɔ wiase baabiara. Yɛyɛ wo nnamfonom ne w’afipamfoɔ a yɛbom yɛ adwuma de bɔ mmɔden sɛ yɛbɛma wiase ayɛ beaeɛ pa.

Nya nsɛm a aba foforɔ firi Asɔre no hɔ.

Nneɛma pa rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Nya nsɛm foforɔ a ɛfa Asɔre nnwuma, nsɛm a ɛsisie, atoyerɛnkyɛm berɛ mu mmoa, ne deɛ ɛkeka ho seesei.

Sra Kaseɛbɔ dan mu
Chile: Family Life
Hwehwɛ Asɔre
a Ɛbɛn Wo
Hyia asɛmpatrɛfoɔ
Sua Mormon Nwoma no